Jump to content

Aduane

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Joachim Beuckelaer, 1560-1565

Aduane nni nkyerɛkyerɛmu baako, ɛno nti yɛbɛtumi aka sɛ aduane yɛ adeɛ biara a yɛdi fa yɛn anom na ɛma yɛn nkwa ne apɔmuɔden; kyerɛ sɛ ɛma yɛn ahoɔden na ɛsane nso boa siesie nnipadua no.

Biribi a yɛdi kɔ yɛn nipadua no mu na ama nipadua no ahoɔden. Yɛnya aduane firi nnua ne mmoa mu.Aduane a yɛdi no ma yɛn apɔmuɔden na ɛboa tena ase kyɛ na mmom ɛnsɛ sɛ ɛtwa yɛn nkwa nna so.

Yɛtumi de aduane fa paneɛ anaa drobɛn mu ma onipa, titire berɛ a onipa no yareɛ nti aduane nnyɛ adeɛ a yɛdi fa yɛn anum nko ara.

Ɛye nokorɛ sɛ yɛdidi fa yɛn anom deɛ nanso yɛtumi nso de aduane kɔ yɛn nnipadua mu berɛ a ɛmfa yɛn anom nko ara.

Baabi A Menyaa Mmoa Firiiɛ

[sesa]

1. https://link.springer.com/book/10.1007/978-3-319-45776-5

2.https://www.taylorfrancis.com/books/mono/10.4324/9780203877487/food-development-young

3.https://scholar.google.com/scholar?start=10&q=food&hl=en&as_sdt=0,5