Abunuabunu

Ɛfi Wikipedia

Abunuabunu yɛ nkwan a won a wɔn wɔ Bono ne Ahafo Mantam mu wɔ Ghana no yɛ[1][2]. Wɔde mankani ahaban a wɔfrɛ no kontomire ne atosodeɛ ahorɔw te sɛ (Tomantose, nnwa, adwen anaa nsuomnam, gyene, mako, kwahu nsosuaa ne nkyene.[3][4][5]

ɔkwan a wɔfa so kyɛ[sesa]

Abunuabunu yɛ aduane eho nnya na wɔ amanfoɔ wɔn wɔ Kumasi[6]. Wɔde nkwan yi di fufuo anaa banku nanso, wobetumi de adi aduane biara a wo pɛ[7].

Ayɛdeɛ[sesa]

  • Nnwa
  • Adwene
  • Mmire
  • Koobi
  • 10-15 Mankani Ahaban (Kontomire)
  • kwansesaawa
  • Atosodeɛ (gyene, Makobunu , tomantose, kakaduro, garlic)
  • Nkyene
  • andwene a w'ahow
  • dawawa

Sɛnea wɔyɛ no[sesa]

  • Fa ankaatwɛdeɛ hohoro nnwa no
  • Twitwa mmire ne koobi no mu nketenkete gu dadesɛn keseɛ mu
  • Fa nnwa no gu so
  • Fa nkyene ne gyene,kakduro ne garlic a w'anyam afra no punu wɔ dadesɛn no mu
  • Hohoro tomantose ne gyene foforo gu so, na afei kata dadesɛn no so
  • Tete kontomire nnua no, na hohoro kontomire no yiyie
  • Fa nkontomire no gu dadesɛn mu, na mako, nusuo nekwansesaawa gu so, kata so ma no nhuru beye sima 5 -8 .
  • Yiyi tomantose ne gyene no na hwɛ sɛ aben anaa, nyam ne nyinaa fra.
  • Fa sɔnyɛ sɔne so gu nkwan no mu
  • Hohoro adwene a w'ahow no na fa to nkwan no mu.
  • Kata so ma no nhuru bɛyɛ sima 5
  • Twitwa Ahaban no, Mako ne kwansesaawa ma ɛnfe fekoko na fa gu nkwan no mu.
  • Fa nsuo kakra gu mu sɛ wohwɛ na api dodo
  • Ka hwɛ na fa nkyene gu mu
  • Ma ogya no mmara fɔm na ma nkwan no nsi so bɛyɛ sima 6 kosi du natam[8]
  • Fa di fufuo, mmotuo anaa bibiara a wo pɛ

Ntotoho[sesa]

  1. Going green with Abunuabunu | Pulse Ghana
  2. ghana.watsupafrica.com | 523: Origin is unreachable
  3. Pulse Ghana
  4. Page Not Found - Naa Oyoo Quartey
  5. Nanaaba's Kitchen-how to make ebunuebunu soup (green soup) - AfroTide
  6. https://ghanafuo.com/2016/07/5-delicious-meals-you-will-surely-ge.html
  7. JOSELYN DUMAS SPOTTED ENJOYING FUFU AND ABUNUABUNU - Nkonkonsa
  8. Pulse Ghana