Ablade Glover

Ɛfi Wikipedia
Kyerɛ Twi kasa a atwerɛsɛm yi ɛwɔ mu. Kasa ahorow a wobɛtumi akyerɛ ɛne: Akuapem, Asante, Fante.
Ablade GLOVER, Painting in Yellow, Oil on canvas

Ablade Glover (wƆ woo no1934) Ɔyɛ Ghananin mfonyɛni ne kyerɛkyerɛnin. Wayɛ oyikyerɛ wɔ mmeaɛ ahodoɔ mfeɛ pii ama amansan ate no nka, ɛna ɔsan nso ayɛ osuakyerɛnin titire wɔ Afrika Atɔɛ ha. Ne nnwuma wɔ ankorankorɛ ne aban mmeaɛ akɛseɛ pii, a ebi ne Imperial Palace of Japan, UNESCO atenaɛpɔn wɔ Paris Chicago ne O'Hare International Airport. Wanya efie ne amanɔne abasobɔ bebree a ebi ne Ghana ha yi Order of the Volta, ɛna ɔyɛ Life Fellow of the Royal Soceity of Arts, wɔ London. Nkɔsi 1994 no na wayɛ Associate Professor ne Head of Department of Art Education ne Dean wɔ College of Art a ɛwɔ Kwame Nkrumah University of Science and Technology mu.

Ne Ho Asɛm[sesa]

Yɛwoo no Accra (Nkran) wɔ Gold Coast (a ɛde Ghana nnɛ yi), ɛna ɔnyaa akyerɛkyerɛfoɔ nteteɛ wɔ Kwame Nkrumah University of Science and Technology (1957-58) mu, ansa na onyaa adesuammoa kɔsuaa ntomayɔ wɔ London's School of Art and Design (1959-62). Ɔsan baa Ghana bɛkyerɛɛ adeɛ kakra na ɔsan nyaa adesuammoa a Kwame Nkrumah na ɔde ma no bi de kɔɔ University of New Castle upon Tyne (1964-65) de kosuaa Art Education., Ɛhɔ na ne kyerɛkyerɛni maa no adwene ma ɔde adwini atere sii brɔsh ananmu yɛɛ ne nnwuma ma no bɛyɛɛ soronko. Glover kɔtoaa nadesua so wɔ Kent State University wɔ Amerika nyaa ne sukuupɔn adesuakrataa a ɛtɔ so mienu. Ofiri hɔ no na ɔkɔɔ Ohio State University kɔnyaa Ph.D. abɔdin (1974).

Ɔnyaa okunini abɔdin wieɛ na ɔsan baa Ghana na ɔbɛkyerɛɛ adeɛ mfe aduonu wɔ College of Art wɔ Kumasi University mu mfeɛ aduonu yɛɛ Department Head ne College Dean.

1998 mu na ɔnyaa Flagstar Award a ACRAG (Arts Critics and Reviewers Association of Ghana) de maaɛ, na ɔsan nyaa animonyamhyɛ Distinguished Alumni Award firii African-American Institute a ɛwɔ New York City nso. Ɔhyɛɛ Artists Alliance Gallery a, na wabɔ aseɛ baabi 1960 berɛ mu no wɔ Accra. Nkanyandwuma yi, Kofi Annan na ɔbɛbuee ano afe 2004 mu. Mfoniyɛfoɔ a awɔagye din bi de wɔn nnwuma faa Artists Alliance Gallery hɔ kaa Glover deɛ ho no, wɔn ne Owusu-Ankomah and George O. Hughes, ɛna ɔde adwini nketenkete binom nso kaa ho.

ɔkwan

Glover adwumasu akɔyɛ sɛdeɛ edi ahim wɔ kann ne adwenemudeɛ ntɛm, na deɛ ɔtaa yɛ ne mfonin no bi fa nnoɔma te sɛ kurom abɔnten a ɛtrɛ, ɛhyɛn gyinabea, gɛto, edwa a aba, ne Ghana mmaa tebea. Yɛbisaa no deɛ ɛkanyan n'adwuma no, ne mmuaɛ ni: "... wohwɛ a wohunu mmaa pii wɔ me mfoniyɛ mu, na nipa taa abisa me deɛ ɛma me drɔɔ mmaa pii saa? Da a wɔdi kan bisaa me no, me mmuaɛ a mannwen ho po ne sɛ, mmaa ho yɛ fɛ sene mmarima. Ɛno nnyɛ asɛmhia mmuaɛ. Meredwen ho akyire no na epusuu me sɛ wɔn wɔ aniɛden. Afrika mmaa wɔ aniɛden bi, na wɔmfa nsie. Sɛ wɔnam abɔnten so a ɛyɛ fɛ. Wɔn yɛ aniɛdenfoɔ wɔn wɔ akokoduro. Wɔnam a wɔkyerɛ saa nso. Mmarima nnyɛ saa, anaa wɔyɛ?

Oyikyerɛ binom[sesa]

  • Ablade Glover: 80th Anniversary, October Gallery, London (3 July–2 August 2014)
  • Transmission Part 2, Tasneem Gallery, Barcelona, Spain (15 November 2012 – 30 March 2013)
  • I See You, Tasneem Gallery (6 July–17 November 2010)
  • Ablade Glover: 75 Year Anniversary, October Gallery, London (2 July–1 August 2009)
  • Visions & Dreams, Tasneem Gallery (13 March–31 May 2008)

Nkekaho[sesa]