Abena Dugan

Ɛfi Wikipedia

Abena Dugan yɛ Ghanani obabun ne odimafo. Wo afe 2018 mu no, wɔpaw no sɛ otitenani ɔhwɛ adwumakuo a w'ato din Commonwealth Youth Council no fa bi a ɛde Partnership and Resources, na eyi maa no bɛyɛɛ Ghanani a odikan a w'anya saa dibea no. Commonwealth Youth Council no yɛ adwumakuo kɛseɛ ne nea ɛwɔ akwaa ahorɔw pii a ɛma mmabun akwanya wɔ wiase, ɛnam saa nti, Dugan yɛ nea ogyina mmabun a wɔn wɔ aman ahorɔw 53 mu anan mu[1][2][3].

Nhomasua[sesa]

ɔkɔɔ sukuu wɔ St. Louis Secondary School na na ɔyɛ asuafo ananmusifo kuo no kyerɛwfo wɔ Suapɔn a ɛde Kwame Nkrumah University of Science and Technology a ɛwɔ kumasi. ɔsan nso kura abɔdin krataa a ɛde Master's degree bre a owiee n'adesua a ɛfa Development Finance ho wɔ suapɔn a ɛde University of Ghana, Legon[4][5]. ɔsan nso kura abɔdin krataa a efiri Oxford Executive Leadership Programme 2020 na sesei, ɔyɛ mmeranim suani wɔ University of Leeds Uk.

Nnwuma[sesa]

Se ɔka Commonwealth Heads of Government Meeting 2018, ogyinae ma wɔtoo ne so aba ma no dii nkunim beyee ɔkwankyerɛfo wɔ adwumakuo no fa a ɛde Partnership and Resource. Ansa na ne nsa bɛka saa dibea yi no, na ɔsom sɛ nea ɔhwɛ nhyehyei so wɔ Commonwealth Alliance for young entrepreneurs West Africa Chapter. ɔsan nso ka wɔn wɔtee adwumakuo a ɛde Climate Resilient Network na ɔka ekuo bi a w'ato din World Students Environmental Network[6][5]

Ntotoho[sesa]

  1. Abena Dugan 1st Ghanaian Vice Chair of Commonwealth Youth Council (modernghana.com)
  2. Ghanaian Youth activist gets position on Commonwealth Youth Council - Graphic Online
  3. 404 Not Found (commonwealthyouthcouncil.com)
  4. MyJoyOnline.com - Ghana's most comprehensive website. Credible, fearless and independent journalism
  5. 5.0 5.1 Dugan elected 1st Ghanaian vice chair of Commonwealth Youth Council — Starr Fm
  6. Abena Dugan elected as 1st Ghanaian vice chair for Commonwealth Youth Council (ghanaweb.com)