Abeiku Nyame Quansah

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Abeiku Nyame Quansah a wɔ san nso frɛ no Jagger Pee yɛ Ghanani siniyifoɔ. Wɔ afe 1984 mu no, ɔhyɛɛ n’adwuma ase wɔ Tv so dwumadie bi so. Sesei, ɔyɛ dwumadie a w’ato din ’’ Obra’’ wo tv so.

Nhoma sua[sesa]

ɔkɔɔ ntoaso sukuu a ne din de Apam secondary school nanso, wanya akwanya biara wɔ siniyi mu bre a ɔwɔ hɔ no.

Nnwnuma[sesa]

Bre a owie ntoaso sukuu no, ɔde ne ho kɔdɔɔm Kwesum Agroma afe baako, na ofirii hɔ de ne ho kɔ dɔɔm ekuo foforo a ɛde Get Involved Group. Jagger ne edin ɔde yɛɛ sini bi ɛbɛyɛɛ tv so dwumadie wɔ afe 1985, ɛno na ama saa din no aka ne so. Sini no kyerɛwfo din ne Sackey Sowah a ɔyɛ nea one no kɔɔ sukuu baako.

Afiase[sesa]

Wɔ de no too afiase bre a asɛmdibea kyerɛɛ sɛ ɔboaa ne yɔnko agodifo Nana Agyemang maa wokuu Taxi hyɛnkafo bi, asɛm no sii January da ɛtɔ so afe 1995. Wɔ too tuo kuu taxi drɔva no bre a akasakasa sii wɔn ntam faa ɛka a ɛsɛ wotua ho. Wɔmaa no mfie pii nanso wɔtee so yɛɛ no mfie mienu bre a ne lɔya de kyew pa too asemdibea no anim no. W’akyerɛw nhoma mienu a ɛne ‘’Prison prayers’’ ne Behind bars a efa osuahunu onyaa wɔ afiase.