Abdul-Samed Gunu Mohammed

Ɛfi Wikipedia

bdul-Samed Muhamed Gunu (wɔwoo no Ayɛwohomumɔ da a ɛtɔ so nsia, 1966) yɛ Ghana amamyɔni na ɔyɛ Ghana Adehyeman a ɛtɔ so nan Mmarahyɛdwa a a ɛtɔ so nson no muni a ɔgyina Savelugu Mansin no ananmu wɔ Atifi Mantam mu wɔ ɔsono kokroko ammanyɔkuo (New Patriotic Party-NPP)no tekiti so. [1][2]

Abrabɔ Ahyaseɛ ne Nwomasua[sesa]

Gunu fi Savelugu a ɛwɔ Ghana atifi fam mantam mu. Ɔkɔɔ Ghana Senior High School wɔ Tamale, a nnipa pii frɛ no GHANASCO. Ɔsuaa akontabuo wɔ Tamale Polytechnic wɔ afe 2000 mu na ɔkɔɔ so nyaa master’s degree wɔ NGO ne Rural Development mu wɔ University for Development Studies wɔ afe 2010 mu.

Amanyɔsɛm[sesa]

Gunu yɛ ɔmanyɛfoɔ a ɔfiri ɔsono kokroko ammanyɔkuo (New Patriotic Party-NPP ) mu na ɔyɛ Ghana Adehyeman a ɛtɔ nan no mmarahyɛbadwa a ɛtɔ so nson no mu ni . Ɔdi dwuma sɛ mmarahyɛbadwani ma adehyeɛ a wɔwɔ Savelugu abatoɔ mpɛsoa no mu no . Ɔsii akan wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du-nsia (2016) Ghana amansan abatoɔ no mu na ɔdii nkonim nyaa mmarahyɛbadwa akondwa no. Ɔnyaa mma mpem du-mmeɛnsa, Aha-mmeɛnsa ne aduasa nan ( 13,334) a ɛgyina hɔ ma ɔha nkyekyem aduasa nan ne akyiri pɔ aduonu-baako (34.21% ) wɔ abatoɔ a ɛfata a wɔtoeɛ saa afe no nyinaa mu.[3][4]

N'ankasa Abrabɔ[sesa]

Ɔyɛ Muslimi na waware na ɔwɔ mma nwɔtwe.[5]

Baabi a Menyaa Mmoa Friiɛ[sesa]

  1. MPs (in American English), retrieved 2023-10-02
  2. "Abdul-Samed Muhamed Gunu", Wikipedia (in English), 2023-03-08, retrieved 2023-10-02
  3. Peace FM, Savelugu Constituency Results - Election 2016, retrieved 2023-10-07
  4. Haruna Iddrisu vows to unseat NPP MP for Savelugu, gifts NDC a Tundra pick-up (in English), 2020-04-15, retrieved 2023-10-07
  5. Parliament of Ghana, retrieved 2023-10-07