Abankɛseso
Appearance
- Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Abankeseso a wɔsan frɛ no Ntibanso, yɛ kane kuropɔn ma Denkyira bɛyɛ afe ɔha nson no mu hɔ.
Wɔ afe apem ahansia ne aduokron mmienu (1692) no mu hɔ no, Dutch Brandenburg adwadifoɔ tuu bata baa Denkyira. Na wɔbɛduruu hɔ no, wɔne Denkyirahene a ne din ne Boamponsem[1] nyaa ayɔnkofa kɛseɛ na wɔhyɛɛ aseɛ dii dwa. Wɔ afe apem ahanson ne baako(1701) mu no, berɛ a Denkyira dii nkuguo wɔ ɔko kɛseɛ a ɛkɔɔ so wɔ Denkyira no, wɔpamoo Abankeseso[2]. Kuro no akyi yeraeɛ koraa berɛ a Denkyiraman tuu Asantefoɔ so sa no wɔ afe apem ahanwɔtwe ne aduonu mmiɛnsa no. Na wɔn a wɔnyaa wɔn tiri didii mu no dwane kɔɔ Dunkwa ne Jukwa[3].
Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ
[sesa]- ↑ T. C. McCaskie (2007), "Denkyira in the Making of Asante c. 1660-1720", The Journal of African History, Cambridge University Press, vol. 48, no. 1, pp. 1–25, ISSN 0021-8537, retrieved 2026-11-03
- ↑ T. C. McCaskie (2007), "Denkyira in the Making of Asante c. 1660-1720", The Journal of African History, Cambridge University Press, vol. 48, no. 1, pp. 1–25, ISSN 0021-8537, retrieved 2026-11-03
- ↑ J. Gordon (1953), "Some Oral Traditions of Denkyira", Transactions of the Gold Coast & Togoland Historical Society, Historical Society of Ghana, vol. 1, no. 3, pp. 27–33, ISSN 2026-6707, retrieved 2026-11-03
