Abɛrimaa

Ɛfi Wikipedia

Abɛrima yɛ edin a yɛde ma barima. Wɔde edin no ma abɔfra anaa nea waduru ne mpaninfie so. Sɛ abɛrima duru ne mpaninfie so a wɔfrɛ barima.

Ne nkyerɛaseɛ, n'abɔseɛ ne dwuma a ɛdi.

Merriam-Webster Dictionary mu no, abɛrima yɛ " abɔfra a ɔyɛ barima a ɔfiri ne mmɔfrase kɔ ne mpaninfie so".[1] Edin Abɛrimaa firi Middle borɔfo kasa obi,blue ("barima, domfo"), a ɛne German din boy sɛ, a wɔfrɛ no East Frisian boo(" Abɛrimaa, barima"( ne west Frisian *bo-ja(nua ketewa),a ɛfiri German abɔseɛ *bo-("nua barima, barima"), ɛfiri proto-Indo-European*bha-,*hat-("agya,nhia barima"). Ɛsane firi Norwe kasa boa(nua barima) ne nea ɛne no yɛ pɛ *bo-bo- , wɔ old Botae bófi, Dutch boef "(wudifoɔ) knave, rogue",German June ("knave, rogue, abɛrima"). Bio, edin no ne Nkoa Anglo-Saxon edin bɛyɛ pɛ.[2]

Dwuma a wɔde di[sesa]

Race

Wɔ abakɔsɛm mu no, wɔ United States ne South Africa , "Abɛrimaa" nnyɛ edin a wɔde ma efiefoɔ na mmom deɛ yɛde ma abibifoɔ mmarima; edin no kyerɛ obi a ɔnni diberɛ kɛseɛ. Thomas BRANCH, African-American Seventh-day Adventist asɔre dekɔ Nyassaland(Malawi) frɛɛ asuafoɔ a wɔte hɔ no 'mmarimaa":Yɛwɔ ɔkwan baako a yɛfa so de bu yɛ mmarima yi atɛn ma no da nso wɔn a wɔbaa ha a ɛnkyɛ: wɔn a waware yere wɔn nkyɛn na wasi wɔn ara fie, na wɔnyinaa ani aberɛ reyɛ wɔn mfudeɛ. Maka akyerɛ mmarima no sɛ sɛ wɔpɛ sɛ wɔtena ha sua adeɛ a, wɔn a wɔwɔ yere nkɔfa wɔn mmra.[3] Amanyɔfoɔ pii-a New jersey aban Chris christie ne ɛnkane Kentucky congressman George Davis- watwi wɔn anim sɛ wɔfrɛ Bibinii sɛ abarimaa.[4] Wɔ dwumadie bi a na wɔrebɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nson boxing bout wɔ Floyd Mayweather Jr ne Vonor McGregor ntam abaso no, wɔakyerɛ no sɛ wɔn sɛ "mmarima, monaa mma me".[5] Saa asɛm yi maa atuturubɔfoɔ no a na Mayweather ne Andre Ware ka ho ne wɔn a wɔma nkaebɔ pii bɔɔ McGregor so kɔ sɛ wɔyɛ nyiyimu.[6]

Gender norms[sesa]

[7]Abɛrimaa a wɔn nnipasu no sesa no bɛtumi anya animtia ne awerehosɛm kyɛn wɔn yɔnko, ne awofoɔ a wɔyi wɔn ma. [8]Wɔ amammerɛ bi mu no, sɛ obi wo babarima a wɔhunu sɛ wadi yie anaasɛ ɛyɛ nkunimdie.[6]

Mmarima ne adwumaden

Mmarima yɛ adwumaden wɔ wiase kyɛn mmaa, ɔpepem aduowɔtwe nwɔtwe a ɛyɛ mmarima ne ɔpepem aduosia nan a ɛyɛ mmaa. Wɔde wɔn hyɛ asaase dwuma, adansie ne sika kɔkɔɔ tuo. Mmarima a wɔwubwɔ adwuma bɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu aduowɔtwe nson wɔ mfeɛ mpem mmienu ne mmiɛnsa ne mfeɛ mpem mmienu ne du nsia ntam wɔ US. [9]Wɔma mmarima sua nnoɔma nketenkete, atwerɛ ne nkontabuo na yɛahyɛ wɔn ama wɔayɛ wɔn agya adwuma sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɛbɛyi sikasɛm haw no bi afiri abusua no so. Wei nti na wɔpɛ mmarima pii kyɛn mmaa wɔ nkuraseɛ a ɛwɔ aman a ɛnni hwee mu no. Wɔ India, ɛda nso, mmɔfra a wɔada wɔn no bi pii no ara yɛ mmaayewa ɛwɔm sɛ wɔhia mmarima kyɛn mmaa.[10]

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. https://www.merriam-webster.com/dictionary/boy
  2. http://www.etymonline.com/index.php?search=boy&searchmode=none
  3. Archive copy (PDF), archived from the original (PDF) on 2015-05-05, retrieved 2022-07-28{{citation}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  4. Archive copy, archived from the original on 2022-05-25, retrieved 2022-07-28{{citation}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  5. https://www.theguardian.com/sport/2017/jul/15/mayweather-accuses-mcgregor-of-racism-and-uses-homophobic-slur
  6. 6.0 6.1 https://www.npr.org/sections/goatsandsoda/2015/08/26/434616512/selecting-boys-over-girls-is-a-trend-in-more-and-more-countries
  7. https://www.psypost.org/2019/04/parents-more-uncomfortable-with-gender-nonconforming-behaviors-in-boys-study-finds-53540
  8. https://www.psypost.org/2019/04/parents-more-uncomfortable-with-gender-nonconforming-behaviors-in-boys-study-finds-53540
  9. https://www.compassion.com/poverty/child-labor-quick-facts.htm
  10. https://stopchildlabor.org/?p=4504