1844 Apam no
- Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu
1844 Apam no yɛ asomdwoe ntease ho bɔhyɛ a nkrataa da ho. Kan Britania Aban ne Fantefo Ahemfo a na wɔwɔ Ghana Anafo fam no na wɔyɛɛ ho nhyehyɛe. Saa bere no na wɔfrɛ Ghana, Gold Coast.
Wɔde wɔn nsa hyɛɛ saa nkrataa yi ase wɔ Fomena-Adansi[1]. 1844 Apam no kyerɛɛ abusuabɔ a na ɛbɛda Britaniafo no ne ɛhɔfo ahemfo no ntam.
Abakɔsɛm
[sesa]Ntawantawadie bi sii wɔ Asantefo ne Mfantefo ntam. Saa ntawantawdie na emaa British abrɔfo tumidie wɔ Gold Coast no mu trew.
British Aban no braa se ɛnse sɛ wɔtrɛw Britishfo hyee mu, senea ɛbɛyɛ a Mclean tumidie no bɛka abankɛse no ase nkoaa. Na temanmufo wodi wɔn so no gye di se bibiara ebekɔ so no ye nea efeiri British abrofo no ho gye se nneama bɔne a ebutimi de ɔsɛe aba. Ahenfo nwɔtwe na ɛde won nsa hyehyee nkrataa a wode besi Maclean kwan no ase nea edikan. Saa ahenfo no ne Denkyira, Cape Coast ne Assin. Akyire ahenfo afoforo a won dodoɔ yɛ dubaako no de wɔn nsa hyehyee nkraa no ase a wɔn mu bi ne ɔhene a ofiri Dixcove, Wasa, Gomoa, James Town ne Nkran.
Womaa Dr. R .R Madden ho kwan sɛ ɔbɛhwɛ na ɔde nneɛma ahodoɔ a Mclean ye wɔ Gold Coast no ato dwa. Abodinkyere ahodoɔ pii kɔɔ so afe 1844 mu esiane se amaneebɔ efa Mclean ho no ye nea enso ani. Nnisoo aban asɔe no annye hwee anfa Abodinkyere ahodoɔ a wɔde mae no esaine sɛ na ɛyɛ nsɛm a ɛkɔ tia Mclean. Wɔ Abɔdinkyere foro a ɛbae no akyi no, aban nam mmara a wɔhyehyee no wɔ afe 1843 a ɛde Foreign jurisdictions Act trɛw wɔn ahyee mu beae a ɛnka British ahyɛ ho. Nsɛm ɛwɔ maransɛm apam baa British ne amanɔnefo a nsɛm no af wɔn ho no mu. Commander W.H. Hill a na ɔyɛ aban no animusifo no naa ɔhwɛɛ maa saa apam yi kɔɔ so. ɔne Mfantefo yaa ntease yɛ apam wɔ March da ɛtɔ 6, afe 1844 mu. Wɔbɛfree saa pama yi ‘’Apam a ɛa Mpoano Aheman ho wɔ 1844.
Ahenman wɔne Akyem, kotoku, Wassaw, ne Agonafo nso de wɔn nsa hyehyɛɛ apam no ase wɔ afe 1849. Aheman a wɔde wɔn hyehyɛɛ nkrataa no ase de yɛɛ adwuma no
Fantefo a wɔde wɔn nsa hyɛɛ ase:
- Cudjoe Chibboe(Kwadwo Tsibu), Denkyira Hene
- Quashie Ottoo, (Kwasi Otu), Abrah Odikro
- Chibboe Coomah( Tsibu Kuma), Assin Odikro
- Gebre,(Gyebi), Assin Odikro a ɔtɔ so Abien
- Quashie Ankah (Kwasi Ankra), Donadie Odikro
- Awoossie (Ewusi), Domonassie Odikro
- Quashie Ankah
- Amonoo, Anamabo Odikro
- Joe Aggrey, Cape Coast Odikro
Britaniafo a wɔde wɔn nsa hyɛɛ ase:
- H.W. Hill, Amrado Abadiakyiri (L.S)
Adansefo a wɔde wɔn nsa hyɛɛ ase:
- George Maclean, J.P. and Assessor (S.). "F. PbGSON, Lieut. W. L Regiment (S.) Commanding H. M. Troops."
- S. Bannerman, Adjutant of Militia (S.).”
Mfasoɔ
[sesa]1. ɛbɔɔ nnipa ne ahonyade ho ban
2. ɛmma British kwan maa wodii Gold Coast so mmarakwan so
3. Ede atrmodensem amammere baa awie; a ebi ne ‘’Panyarring’’- amammere a ema wokyere obi kosie kosi sɛ wotua ɛka a ɔde.
4. Ebue kwan maa hyehyɛɛ asɛmdibia ahorɔw a British fo no da no, na wɔ hwɛɛ maa ahenfo de mmaraa ɛwɔ wɔn aheman no hyehyɛɛ amanmara ahodoɔ.
Beae a Minyaa Mmoa Fii
[sesa]- ↑ 1.0 1.1 March 6, 1844: Bond of 1844 signed by Fanti Chiefs and Britain (in American English), 2018-03-06, retrieved 2025-01-04