Ɛpo

Ɛfi Wikipedia

Ɛpo a ɛka bom sɛ wiase po anaasɛ ɛpo no yɛ nsu a nkyene wom a ɛkata Asase no ani bɛyɛ ɔha nkyekyɛm aduoson baako (71) so. Edin ɛpo nso di dwuma de kyerɛ ɛpo no afa ahodoɔ a ɛto so mmienu te sɛ Mediterranea Ɛpo no, ne atare akɛse bi a nkyene nsu wom, te sɛ Caspian Ɛpo no. Ɛpo no ma asase so wim tebea yɛ mmerɛw na ɛwɔ dwumadi ahodoɔ a ɛho hia wɔ nsu kyinhyia, carbon kyinhyia, ne nitrogen kyinhyia mu. Wɔakyerɛw nnipa a wɔde po di dwuma na wosua ho ade no atohɔ afiri tete, na wɔadi ho adanse yie ansana abakɔsɛm reba, edin a yɛde frɛ no wɔ nnɛyi nyansahu mu nhwehwɛmu ne Ɛpo ho adesua. Ade a ɛyɛ den na ɛdɔɔso a ɛpete ɛpo nsu mu ne sodium chloride. Magnesium, calcium, potassium, ne mercury, ne nneɛma ahodoɔ pii na ɛka ho, a ebinom yɛ kakraa bi. Nkyene gu ahodoɔ bebiree, ɛfiri fam wɔ baabi a ɛbɛn nsu no ani ne nsubɔnten akɛse ano na ɛkɔ soro wɔ ɛpo bun no mu; nanso, nkyene a ɛpete no dodoɔ no ara yɛ soronko koraa wɔ ɛpo ahodoɔ no nyinaa aka mu.

Nkyerɛkyerɛm

Ɛpo yɛ asase so nsu nyinaa na aka bom, ebinom ne Atlantic, Pacific, India, Anafo fam ne Arctic ɛpo.[1] Nanso, wobetumi de "ɛpo" adi dwuma ahodoɔ pii a nsu nketewa koraa nso saa, ebinom te sɛ Atifi ɛpo anaa ɛpo Kɔkɔɔ no. Nsonsonoe biara nna ɛpo ne ɛpokɛseɛ ntam, ɛwom sɛ mpɛn pii no ɛpo yɛ nketewa de, na ɛtaa yɛ ne fa bi (sɛ ɛpo a ɛwɔ akyirikyiri titiriw ne mediterranea ɛpo) anaasɛ (ɛpo a ɛwɔ asase so) a asase na ɛyɛ ɛhye wo so.[2] Nanso, Sargasso ɛpo no nni mpoano na ɛda nsu a ɛyɛ kurukuruwa a ɛne Atlantic Atifi fam Gyre no mu.[3] Mpɛn pii no ɛpo yɛ akɛse sen atare na nkyene nso wom, nanso Galilea ɛpo no yɛ ɔtare a ɛyɛ fɛ.[4][5] Amanaman Nkabom Apam a ɛfa ɛpo mmara ho no ka sɛ ɛpokɛseɛ no nyinaa yɛ "ɛpo".[6][7][8]

Asetena wɔ ɛpo mu

Ɛpo ahodoɔ yɛ atenaeɛ a nneɛma a nkwa wɔ mu no bi di wɔn nnwuma. Esiane sɛ owia hann ma nneɛma a ɛwɔ soro no nkutoo hyerɛn nti, ɛpo no fa kɛse no ara wɔ esum a ɛtra hɔ daa mu. Bere a mmeae ahodoɔ a emu dɔ ne ɔhyew a ɛwɔ hɔ no mu biara ma mmoa ahodoc bi tena no, ɛpo mu nneɛma a atwa yɛn ho ahyia no nyinaa ka nkwa ahodoɔ no ho.[9] Ɛpo so atenaeɛ fi nsu a ɛwɔ soro so kosi po mu amena a emu dɔ sen biribiara, a nea ɛka ho ne akorade a ɛwɔ abon, kelp kwae, po mu sare nwura, nsu a ɛreworo so, ɛpo ase atɛkyɛ, anhwea ne abotan a ɛwɔ so, ne pelagic beae a ɛda hɔ. Abɔdeɛ a nkwa wom a wɔte ɛpo mu no fi nsu a ne tenten yɛ mita aduasa (anammɔn 100) so kosi phytoplankton ne zooplankton a wotumi hu nneɛma nketenkete, fungi, ne mmoadoma so. Nkwa a ɔwɔ ɛpo mu di dwuma titiriw wɔ carbon kyinhyia no mu bere a mmoawa a wɔyɛ photosynthetic sesa yɛ carbon dioxide wɔ organic carbon mu na ɛho hia nnipa wɔ sikasɛm mu ne mpataa a wɔde bedi dwuma te sɛ aduane.[10][11]

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ

  1. “Sea.” Merriam-Webster.com Dictionary, Merriam-Webster, https://www.merriam-webster.com/dictionary/sea. Accessed 14 Mar. 2021.
  2. "What's the difference between an ocean and a sea?". Ocean facts. National Oceanic and Atmospheric Administration. Retrieved 19 April 2013.
  3. Stow, Dorrik (2004). Encyclopedia of the Oceans. Oxford University Press. ISBN 978-0-19-860687-1.
  4. Nishri, A.; Stiller, M; Rimmer, A.; Geifman, Y.; Krom, M. (1999). "Lake Kinneret (The Sea of Galilee): the effects of diversion of external salinity sources and the probable chemical composition of the internal salinity sources". Chemical Geology. 158 (1–2): 37–52. Bibcode:1999ChGeo.158...37N. doi:10.1016/S0009-2541(99)00007-8.
  5. There is no accepted technical definition of sea amongst oceanographers. One definition is that a sea is a sub-division of an ocean, which means that it must have oceanic basin crust on its floor. This definition accepts the Caspian as a sea because it was once part of an ancient ocean.[5] The Introduction to Marine Biology defines a sea as a "land-locked" body of water, adding that the term "sea" is only one of convenience.[6] The Glossary of Mapping Sciences similarly states that the boundaries between seas and other bodies of water are arbitrary.[7]
  6. Vukas, B. (2004). The Law of the Sea: Selected Writings. Martinus Nijhoff Publishers. p. 271. ISBN 978-90-04-13863-6.
  7. Gupta, Manoj (2010). Indian Ocean Region: Maritime Regimes for Regional Cooperation. Springer. p. 57. ISBN 978-1-4419-5989-8.
  8. According to this definition, the Caspian would be excluded as it is legally an "international lake".[10]
  9. "Profile". Department of Natural Environmental Studies: University of Tokyo. Retrieved 26 September 2013.
  10. Levinton, Jeffrey S. (2010). "18. Fisheries and Food from the Sea". Marine Biology: International Edition: Function, Biodiversity, Ecology. Oxford University Press. ISBN 978-0-19-976661-1.
  11. Kindersley, Dorling (2011). Illustrated Encyclopedia of the Ocean. Dorling Kindersley. ISBN 978-1-4053-3308-5.