Ɛnsa Hohorow

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Covid- 19 yare no ahyeta wɔ aman pii so ama aman no sikasem aba fɔm na omanfoɔ dodoɔ awu. Mmɔden bɔ paa akɔ so sɛ nnipa pii renya yare no bi. Wɔ mmerɛ a ayaresafoɔ de abodeɛ mu nyansa ho nimdie de hwɛ ayarefoɔ na wɔn apɛ nsoanoɔ no, yɛn nyinaa wɔ asɛdeɛ bi a ɛwɔ sɛ yɛn yɛ de bɔ yɛn ho ban. Yareɛ no nsɔanoɔ gyina yɛn ankasa yɛn suban nsesaeɛ so, ɛbɛ nam ɛno so abɔ yɛn ankasa ne  yɛn abusua ho ban afiri yare no ho. Yɛbɛ hwɛ kwan ko a nsa hohorow ne kwan a ahonidie  bɛtumi aboa wɔ yareɛ yi ko mu.

Coronavirus disease 2019 (COVID-19) yɛ nsae yareɛ a deɛ ɛde ba no yɛfrɛ no borɔfo kasa mu sɛ "severe acute respiratory syndrome coronavirus 2 (SARS-CoV-2)". Beaeɛ a obi dii kan nyaa saa yareɛ yi bi ne Wuhan, a ɛwɔ China man mu, wɔ ɔpɛnimaa bosome no mu wɔ mfei mpem mmienu ne du-nkron (December 2019) mu.[1] ɛfiri saa mmerɛ no yareɛ no atrɛtrɛ akɔ aman ahodoɔ pii so a sseisia yi abɛyɛ wiase amansan nyinaa yareɛ koakorɔ.[2]

Nnoɔma a ɛda adi kyerɛ obi a wanya COVID‑19 yareɛ no bi dɔɔso pii, nanso deɛ yɛtae hunu pa ara ne pɛpun (fever),[3] sɛ wobɔ wa, tipaeɛ,[4] kakra bi na wabrɛ, wobrɛ ansa na watumi ahome, wontumi nte biribi pampan, ɛna wontumi nte aduane dɛ.[5][6][7] Saa noɔma yi na sɛ ɛda adi a na ɛkyerɛ sɛ obi anya COVID‑19 yareɛ no bi. Saa nneyɔeɛ yi da ne ho adi wɔ nnafua du-nan ntam wɔ berɛ a yareɛ mmoawa no bi aba wo mogya mu no.[8]

NSA HOHOROW MMERE[sesa]

Nkyerɛkyerɛ pii ama yɛn ahu sɛ, kwan baako a yɛbɛtumi ako na yɛasi yareɛ bi te sɛɛ Covid-19 kwan, ne daa nsa hohorow wɔ nsuo a ɛretene ase ne samena.[9][10][11] Na daa nsa hohorow no ne deɛn? Sɛ yɛ ka sɛ nsa hohoroɔ a ɛkyerɛ sɛ wo de samena ne nsuo bɛbom de afore wo nsa ho de ayi efi biara afiri wo nsa ho ama wo nsa ho afi anaa sɛ ɛho ateɛ. Apomuden ne ayaresa nimdifoɔ kyerɛ se, nsa hohoroɔ ho hia na ɛboa ma ahonidie wie pɛ yɛ wɔ yɛn asetena mu. Mmere ahodoɔ yi ne mmere a apomuden ne ayeresa nimdeɛfoɔ kyerɛ sɛ ɛho hia sɛ yɛ tumi hohoro yɛnsa;

  • Mmere a w’akɔ agyanan aba
  • Mmere a w’awie  abɔfra to pepa.
  • Ansa na wo bɛma abofra nufoɔ.
  • Ansa na wo bɛma abofra aduane.
  • Ansa na wo bɛyɛ aduane ne nam ho adwuma biara.
  • Mmere a w’asiesie ɛkro/kɔtwa awie.
  • Mmere a w’ahwensi, w’abɔ wa naa sɛ w'ahem anaa w’ahem obi.
  • Mmere a w’asɔ mmoa mu anaa mmoa ho adeɛ bi mu.
  • Sɛ wo sɔ nwura anaa sumina so ade mu wie.
  • Mmere a wo akyeakyea amanfoɔ, mmere a wo rebɛdidi.
    Sɛ wo sɔ nneɛma mu wɔ nhyiemu bia a.[12]





KWAN A WƆFA SO HOHORO YƐN NSA[sesa]

Yenim pɛfee sɛ, nsa hohorow ho hia yie. Nanso nsa hohoro ho bɛba mfasoɔ a, ɛgyina kwan papa a wɔfa so hohoro nsa. Kwan papa no bi ne;

  • Daa nsa hohorow  a yɛ de samena ne nsuo a ɛtene ɛyɔ. Samena biara bɛtumi adi dwuma te sɛ samena a aduro wɔ mu pɛɛpɛ. Nanso sɛ samena nni hɔ a, nsuo bɛtumi adi saa dwuma no nanso ne papa mu ne sɛ wo de samena bɛ ka nsuo no ho ahohoro wonsa
  • Nsa hohorow a yɛ de hand sanitizer yɛ. Ɛtwa sɛɛ apɛtɛhyie (alcohol) bɛyɛ sɛ ɔha nkyekyɛmu aduosia (60%) wɔ saa hand sanitizer no mu. Apɛtɛhyie (alcohol) dodoɔ a ɛwɔ hand sanitizer no mu kyerɛ n’ahoɔden. Wɔtɔn bi wɔ dwa so na wɔtɔn bi nso wɔ bɛɛbibiara a yɛ toɔn nnuro biara wo Ɔman yi mu.
  • Ka wonsa mmiemu bɔ mu, twitwi wo nsa ntɛm ne akyi na afei nso wo mmɔwrɛ mu kɔpem anitɛtɛ aduonu (20 sec).
  • Samfro wo nsa yiyie.
  • Fa ntama a ɛho teɛ pepa wo nsa.[13]

KWAN AHODOƆ A WƆFA SO DE NYA NSUO A ƐTENE[sesa]

Sɛ nsuo a ɛtene nni hɔ a, asubonten ne tadeɛ a wɔn asiesie bɛtumi adi saa dwuma no. Kwan ahodoɔ a wɔfa de siesie nsuo no bi ne;

  1. Nsuo sɔneɛ a eyi efi akɛse fi nsuo no mu.
  2. Nsuo sɔneɛ a eyi efi nketewa fi nsuo no mu saa kwan yi boa ma yɛyi efi pii fi nsuo no mu.
  3. Aduro a wɔde gu nsuo mu- Eyi yi mmoa ne nkekawa biara fi nsuo no mu ma nsuo no ho te.[14]
  4. Sɛ wo bɛ sa nsuo agu bokiti a yɛ de pipe tiri no bi ahyɛaseɛ a sɛ wo kyim a ɛbɛ bue ama w'anya nsuo ɛtene de ahohoro wonsa me kyerɛ deɛ yɛ frɛ no "Veronica bucket "

Wɔ nam abɛɛfo kwan so ayɛ saa kwan ahodoɔ a wɔfa so te nsuo ho, a y’abobɔ so. Wo bɛtumi ahu wɔ abɛɛfo ntentan keseɛ so: resources. cawst.org/package/biosand-filter-instruction-manual-en. Peter Morgan a na ɔwɔ Zimbabwe nso akyerɛ kwan fofoofo a wo betumi atew nsu ho. Wobɛ nya wo https://web.archive.org/web/20190915155026/http://www.aquamor.info/index.html

AWEIYƐ NSƐNUFA[sesa]

Kwan a wo betumi afa  ahohoro wo nsa a woremmɔka ne se, wo de nsuo ne samena anaa nsoo bɛ  hohorow wonsa. Saa kwan yi bɔ, yɛn ho ban firi Covid-19 yareɛ no ho. Sɛ yareɛ a ɛbɔ hu te sɛ Covid-19 ba yɛn asetena mu a, etwa sɛ nsesae ba yɛn ade yɔ mu, te se- nnipa ntɛm te te, anim ne hwene kata wo mmere biara a nhyiemu bi bɛkɔ so.

BEAƐ A MENYAA MMOA FIRI YƐ[sesa]

Daniella Damptey (talk) 01:42, 6 Ogyefuo 2022 (UTC)Daniella Damptey

  1. https://www.wsj.com/articles/in-hunt-for-covid-19-origin-patient-zero-points-to-second-wuhan-market-11614335404
  2. https://www.nytimes.com/2021/02/26/opinion/sunday/coronavirus-alive-dead.html
  3. https://www.ncbi.nlm.nih.gov/pmc/articles/PMC8023501
  4. https://www.ncbi.nlm.nih.gov/pmc/articles/PMC7728918
  5. https://www.ncbi.nlm.nih.gov/pmc/articles/PMC7753439
  6. Saniasiaya J, Islam MA (November 2020). "Prevalence and Characteristics of Taste Disorders in Cases of COVID-19: A Meta-analysis of 29,349 Patients". Otolaryngology–Head and Neck Surgery. 165 (1): 33–42. doi:10.1177/0194599820981018. PMID 33320033. S2CID 229174644.
  7. https://www.ncbi.nlm.nih.gov/pmc/articles/PMC7275152
  8. https://www.ncbi.nlm.nih.gov/pmc/articles/PMC7839426
  9. Rotterdam M.L. (1984). Hygienic hand disinfection. Accessed at: ncbi.nlm.nih.gov/pubmedz/6358686.
  10. World Health Organisation. How can personal hygiene be maintained in difficult circumstances? Accessed at: https://www.who.int/water_sanitation_health/emergencies/qa/emergencies.qa17/en/
  11. UNICEF The State of the Workd's Children. 2008. Child survival. Accessed at: UNICEF.org/publications/files/The-State-of-the-World's-Children
  12. Centers for Disease Control and Prevention. When and How to Was your Hands. 4 December 2019. Accessed at: https://www.cdc.gov/handwashing/when-how-handwashing.html
  13. Mayo Clinic. The right way to wash your hands. Accessed at: mayoclinic.org/healthy-lifestyle/adult-health/in-depth/hand-washing/art-20046253
  14. Centre for Affordable Water and Sanitation Technology. Biosand filter. Accessed at: resources.cawst.org/package/biosand-filter-instruction-manual-en