Ɛkrɔ

Ɛfi Wikipedia

Ɛkrɔ yɛ honam a ɛhyehye, a ɛde ahoɔhene, nsaa a ayɛ kɔkɔɔ ba. [1]Sɛ ɛba mmerɛ tiawa bi a, ɛbɛbɔ mpumpunya na sɛ ɛba na ɛkyɛ a ɛbɛ dɔɔso.[1] Baabi a nsaa no agu no bɛfiri baabi ketewa de akɔ nnipadua no nyinaa. [1][2]Wɔfrɛ Dermatitis ɛkrɔ, na nsonsonoeɛ a ɛda ntam no nyɛ gyinapɛn. Nnoɔma a ɛde saa tebea no ba no mu nna hɔ.[2] Nnoɔma a ɛde ba no bɛtumi ayɛ nnoɔma bi a ɛni sɛ ɔdi anaa ɔyɛ ne poor venous return. [1]Ɛkrɔ korɔ no gyina nnipa no abakɔsɛm ne baabi a nsaa no agu. Nhwɛsoɔ, ɛkrɔ a ɛyɛ hene taa ba nsa a mmerɛ biara afɔ. [1]Wɔn a wɔmpɛ nnoɔma bi a wɔyɛ saa adeɛ tumi ba sɛ wɔde wɔn ho ka allergen, a ɛma honam no ani foforo nsaa.[1] Deɛ yɛde si atopic Dermatitis kwan yɛ fatty acids, na yɛde adeɛ bi a ayɛ sɛ nsuo ne steroid nkuu. [3] Ɛwɔ sɛ steroid nkuu no yɛ ɛhɔ ne hɔ na wɔde sra bɛyɛ nnawɔtwe mmienu sɛ nsunsuansoɔ san ba a.[4] Wobɛtumi de Antibiotics afa so sɛ nsɛnkyerɛnne no sane ba honam no so. [2]Ɛwɔ sɛ obi twe ne ho firi nnoɔma a ɛnni sɛ ɔde ne ho ka.[5] Antihistamines tumi ma obi da na ɛte anadwo ahoɔhene so.[2] Wɔsusu sɛ ɛkrɔ yɛɛ nnipa bɛyɛ mpem ahanu ne aduanan num wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du num, anaa ɔhamu nkyekyɛmu mmiɛnsa akyiripɔ aduasa nan wɔ wiase afanaa nyinaa. [6] Dermatitis yɛ na na ɛhyɛ aseɛ firi mmɔfra.[2] Dermatitis ɛba mmaa so mprenu te sɛ mmarima.[7] Dermatitis tumi nya nnipa bɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu nson wɔ wɔn abrabɔ mu.[8] Dermatitis a ɛma ahoɔhene no yɛ na, ne titire wɔ nnipa a nnwuma bi mu, saa adeɛ no mu nna hɔ.[9]

Ahodoɔ[sesa]

Ɛkrɔ ahodoɔ no bi ne[10][2]

  • Atopic dermatitis
  • Allergic contact dermatitis
  • Irritant contact dermatitis
  • Seborrhoeic dermatitis
  • Stasis dermatitis

Nsɛnkyerɛnne[sesa]

Ɛkrɔ nsɛnkyerɛnne no da nso wɔ tebea a obi kɔ mu. Ɛwɔm sɛ ɛkrɔ ahodoɔ no nyinaa wɔ nsɛnkyerɛnne a ɛda nso, yɛwɔ ɛkrɔ nsɛnkyerɛnne bi a ne nyinaa yɛ pɛ, a nsa ho yɛ kɔkɔɔ, ɛhono, ɛyɛ hene na honam no huhura sane yɛ hu. Saa ara nso na baabi a ɛkrɔ no nsɛnkyerɛnne no gu no bɛda nso firi ɛkrɔ ahodoɔ biara, sɛ ɛwɔ kɔn, nsa, serɛ, nsa, nanpɔso ne bakɔn ho. Ɛwɔm sɛ baabi a ɛgu no da nso deɛ nanso nsɛnkyerɛnne a obiara nya no yɛ ahoɔhene. Ɛtumi ba yɛn agyapadeɛ so te sɛ hwoa anaa mmaa agyapadeɛ so.[11] [12]Saa ɛkrɔ su yi nsɛnkyerɛnne bɛtumi ayɛ den na aba asane akɔ. Ɛkrɔ a ɛgyegye no yɛ hene sane yɛ ya. Ɛwɔm sɛ Atopic Dermatitis nsɛnkyerɛnne a ɛba nnipa so da nso firi afoforɔ ho deɛ, nsɛnkyerɛnne a ɛyɛ na ne ahoɔhene, honam a aho, honam yɛ kɔkɔɔ. Baabi a ɛkrɔ taa gu paa ara yɛ nsam, kotodwe,animu ne nsa ho. Perioral Dermatitis kyerɛ sɛ nsaa a ɛwɔ ano ho a ahura. [13]Dermatitis herpetiformis nsɛnkyerɛnne no bi ne ahoɔhene, nka ne ahohyehyeɛ. Papules ne vesicles yɛ adeɛ a ɛho yɛ na.[14] Saa honam no a ahono a ayɛ kɔkɔɔ no kɛseɛ bɛyɛ 1cm, a aboa ne ho ano wɔ yɛn akyi wɔ soro ne fam, yɛ to, abrateɛ, kotodwe, kɔn ho, abatire ne tiri konkora. Seborrhoeic dermatitis nsɛnkyerɛnne nso ba nkakrankakra wɔ ti konkura no ho a aho(hoa) na ɛba anim, ɛtɔ mmerɛ bi a ɛyɛ hene wɔberɛ a wo tiriwii nku.[15] Wɔ mmɔfra a yɛawo wɔn foforɔ mu no, saa tebea no de tiriho a ahosuo no ayɛ sɛ akokɔsradeɛ a ɛyɛ te sɛ pampɛse a yɛde bɔ mmɔfra a nsaa gu wɔn. Sɛ ano yɛ den a nsɛnkyerɛnne no bɛba tiriwii no ase, aso ne nkyɛn, ani ntɔn, hwene ntam, hwene no ho, wobo so na wakyi.[16]

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]