Ɛdan

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu


Nhwɛsoɔ:Multiple image Ɛdan About this soundpronounciation of "ɛdan"  yɛ din a yɛde ma bea bi a ɛwɔ efie mu, ɛdan yɛ dabrɛ bi a yagye ban afa ho na yɛde pono nso ato ano, na sɛ wobɛnya akwanya akɔ mu a gye sɛ wo bue pono, na sɛ wopɛ sɛ wokɔ dan foforo mu nso a gye sɛ wo bue pono no. ɛdan ano kwan no yɛ keseɛ sedeɛ ɛbɛ yɛ a ade anaa onipa keseɛ mpo bɛtumi akɔ mu bi.

ABAKWASEM[sesa]

Wɔ abakwasem mu no, ɛdan mmaeɛ wɔ Minoan Cultures wɔ 2200BC, wɔ brɛ a wɔn a ɔtutu asaase hwɛhwɛ nnoɔma no kɔ tutu Akrotiri wɔ Santorini so kyerɛɛ pefee sɛ ɛdan wɔ anaa hyɛ yɛbea bi mu anaa ɛfiri yebea bi mu na baa yɛ.[1]

Kane tete no na ɛdan wɔ su bi efiri mu baeɛ na adan no nsonsoneɛ no bi ne; mukaase, adwaaeɛ, tɔlɛte dan, nna beaɛ ne ahohɔbea. A krotiri adan atutu a na ɛdi kan no maa yɛn hunu sɛ ɛdan no bi wɔ hɔ a wasi no wɔ adan afoforo so te sɛ deɛ nnɛ yi yɛfrɛ no abansoro no, na wɔde atwedeɛ na akeka adan no abobom na saa adan yi mu deɛ na adwaeɛ no wɔ dan no mu bi ara na wɔde "pipes" a ɛtumi kyɛ nsuo a ɛhyeɛ ne enwunu mu mmienu ma ɛnam mu ba adan no mu bi.[2]

Na tetenii Rome na wɔde saa efie huhuuhu yi a adan ahodoɔ yi a yaka ho asem yi baaeɛ.

ADAN MU AHODOƆ[sesa]

  • ADWUMA DANMU; ɛdan bi wɔ hɔ a wɔayɛ no sɛ ɔde bɛboa Ama efie mu nnoama akɔ so, ɛbi te sɛ munkaase ne beaɛ yɛ kora nnuane nyinaa wɔ efihyiamu.
  • ANIGYEƐ DANMU; ɛyɛ beaɛ nipa hyia mu gye wɔn ani nomnom adɔkɔdɔkɔdeɛ na wɔ wie a, w’adidi wɔn ho nkɔmɔ kakra de ahyɔ wɔn ho nkuran.
  • NNA DANMU; ɛyɛ ɛdan a wayɛ sɛ ɔde wɔn ti bɛ to ada anaa adi mpa so agorɔ kakra.

Ɛdan afaafa ahodoɔ[sesa]

Adan ahodoɔ pii wɔ dan akɛseɛakɛseɛ hyehyɛ mu a ɛwɔ dwumadie sononko koraa a ɛdie, saa ara nso na wɔwɔ adan nkumaa hyehyɛmu a ɛno nso wɔ ne dwumadie a ɛdie. Adan ahodoɔ no bi wɔ hɔ a ɛwɔ baabi a wotumi tena dwodwo wo ho, ɛna ɛwɔ baabi a wobɛda adwodwo wo ho, ɛmu pii no ara nso wɔwɔ agyananbea ne adwareɛ hyehyɛmu ɛna ɛbinom nso wɔ hɔ a atete ne ho. Ɛfie akɛseɛ no bi nso wɔ hɔ a ɛwɔ adan bi a yɛka no borɔfo kasa mu sɛ spa room, indoor pool, indoor basketball court, ne deɛ ɛkeka ho a ɛyɛ 'non-essential' facilities. Wɔ ɛfie biara mu no, wobɛnya dan a wɔda mu (bedroom), adwareɛ (bathroom), ɛgyaare (kitchen) anaa baabi a yɛnoa aduane (cooking area), baabi a wotumi tena dwodwo wo ho (living room). Ɛdin ahodoɔ a yɛde toto ɛfie mu nkyekyɛmu no ne adan ahodoɔ din nkyekyɛmu no nyinaa reyɛ akɔyɛ pɛ, a ɛbi ne:

Adan ahodoɔ mfonin[sesa]

BEAƐ A ME NYA MMOA FIRI YƐ[sesa]

http://www.travel-to-santorini.com/place.php?place_id=40

http://www.travel-to-santorini.com/place.php?place_id=40

  1. http://www.travel-to-santorini.com/place.php?place_id=40
  2. http://www.travel-to-santorini.com/place.php?place_id=40