Ɛda a yɛde kae yɛn kɔfabae (Ghana)

Ɛfi Wikipedia

''Founders' Day'' yɛ Ghanaman afofida a yɛde kae yɛn Nananom (''the Big Six''), ko a wokooɛ de gyee faahodie maa yɛn. Akane no na yɛfrɛ ɛda no, Kɔfabae da, efirisɛ na yɛde kae Ɔsagyefo Dr. Kwame Nkrumah ɛwɔ ne mmɔdenmɔ wɔ Ghana faahodie gyeɛ firi aborɔfo no nsam' mu. Ɛsan sɛ n'awoda yɛ ɛbɔ 21 nti, na yɛhyɛ saa ɛfa yi ɛbɔ 21 afe biara. Nsakyeraeɛ a ɛbaaeɛ wɔ saa afofida yi die mu sii Ɔman Panyin Akuffo Addo berɛ so,  berɛ a ɔkyerɛɛ sɛ wɔn a na wɔka Ɔsagyefo Nkrumah ho a yɛfrɛ wɔn ''the Big Six'' no nso fata sɛ yɛhyɛ wɔn anuonyam firi sɛ wɔn nso boaaeɛ ɛwɔ ɔman yi faahodie ko no mu. Saa nnipa nnum yi ne: Edward Akufo-Addo, Joseph Boakye Danquah, Emmanuel Obetsebi-Lamptey, William Ofori Atta, ɛne Ebenezer Ako-Adjei. Saa Nipa kuo yi na ɛka Ɔsagyefo Nkrumah ho ma wɔyɛ nsia a afe biara yɛhyɛ wɔn anuonyam, Ɔsanaa 4, Ghana kɔfabae afofida no mu.

Abakɔsɛm[sesa]

Na yɛhyɛ Ɔman kɔfabae fa yi ɛbɔ, 21 afe biara de kae Ɔsagyefo Kwame Nkrumah, ɔmanpanin a odi kan ɛwɔ ne mmɔdenmɔ ɔbbɔeɛ, ɔne ɔman no akunini nsia (Big Six) ɛwɔ ɔman no ko ma faahodie no. Ɔmanpanin Nana Addo Dankwah Akuffo Addo na ɔhyɛɛeɛ sɛ yɛnsesa ɛda a yɛde hyɛ fa no nnkɔ Ɔsanaa, 4 na yɛnfa nnkae akunini nsia no ne obiara a  ɔboaaeɛ wɔ ɔman no faahodie mu  na mmom nnyɛ Kwame Nkrumah nko ara. Afei Ɔmanpanin san yɛ nhyehyeɛ sɛ,  ɛbɔ 21, no nnyɛ Kwame Nkrumah nnkae da; Kwame Nkrumah awoda ne saa da no. Saa nhyehyeɛ yi maa yɛnnyaa kɔfabae da, sɛ ɛda a yɛde kae ɔman mo mu akunini nyinaa na afei Kwame Nkrumah awoda; ɛda a yɛde kae Nkrumah na yɛhyɛ no anuonyam sɛ Ghana manpanin odi kan ne okunini a odii anim' ko gyee Ghana faahodie.

Ɛwɔ bosome ɔbɛnim, afe 2019, mu no, ɔman mu afofida ho nhyehyeɛ sɛ Ɔsanaa 4, nnyɛ kɔfabae da bɛyɛɛ mmara. Ɔsanaa 4, a ɛyɛ kɔfabae afofida no nso ne bere a yɛtee ɔman yi mu  amanyɔkuo a edi kan, UGCC no kɔ pɛ; Ɔsanaa 4, afe 1947. Kɔfabae da yɛ da bi a yɛde hyɛ akunini nsia no a yɛboa gyee Ghana faahodie,  ɛna Kwame Nkrumah nkae da no yɛ ɛda a yɛde kae Nkrumah sɛ Ɔman no manpanin a odi kan na afei yɛde di n'awoda.

Ɛda no so mfasoɔ[sesa]

Kɔfabae da nso yɛ da bi a Ghanafoɔ de kaekae akunini ne anintini a woboaeɛ wɔ Ghana faahodie gyeɛ mu. Wɔsan di ɛda yi de hyɛ te manmu foɔ ne wɔn a ɛtutu kwan nyinaa nkuran sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔn ani bɛgye wɔn kuro (Ghana) ho. Ɛwɔm sɛ wɔdi afofida yi de kae wɔn Nananom deɛ, wɔsan nso de yɛ nnyinasoɔ de wɔn ho hyɛ ɔman no dwumadie nyinara mu.

Ɔmanmu Nkyerɛkyerɛ[sesa]

  • Ɔsanaa 4, 2019

da no yɛɛ nnawɔtwe awieɛ ɛno nti Aban soafoɔ a ɔhwɛ afisɛm so de krataa ba abɔnten a na efiri manpanin asoeɔɛ de kaa sɛ,  yɛbɛhyɛ ɛfa no dwoada a na ɛyɛ,  Ɔsanaa 5, 2019. Wɔyɛɛ abɔnten nkyerɛkyerɛ ne anuonyam hyɛ maa ɔman no mu mpaninfoɔ wɔ 'Accra International Conference Center'.

  • Ɔsanaa 4, 2020

Wɔ ɔsanaa 4, 2020 no, Dagbon hene,  Yaa Naa Abubakari Mahama II na ɔyɛɛ ti tena ni maa dwumadie no. Ahenfo ahodoɔ baa dwumadie no ase na mmarahyɛ badwam kasamafo,  Prof. Aaron Mike Oquaye na ɔkasaa wɔ dwumadie no ase. Yaa Naa kasamafoɔ   Zamgbali Naa, Dr  Jacob Mahama wɔ ne nkasaeɛ mu no bɔɔ obiara a ɔboaeɛ ɛwɔ ɔman no faahodie gyeɛ mu na ɔsan hyɛɛ mu kena sɛ ɛwɔ sɛ yɛbɔ obibiara aba so wɔ faahodie ko no mu wɔ bere koro a yɛnfa yɛn ani nsi Kwame Nkrumah nkoaa so.

Mmarahyɛ badwam dɔm dodoɔ baano da fo, Mr. Osei Kyei-Mensah Bonsu, Dr. Owusu Afriyie Akoto, Mr. Kojo Oppong Nkrumah,  nsɛmtwerɛfoɔ panin,  Mr. Roland Affail Monney ne atitire binom a wɔn baa dwumadie no ase.

Dwumakuo yɛfrɛ wɔn The Open Foundation West Africa nso de Ghana Kɔfabae ho atwerɛ akansie baae sɛdeɛ ɛbɛboa ama atwerɛ ɛfa Ghana mpaninfoɔ ho adɔɔso wɔ Wikipedia.

Akansie yi firi Ɔsanaa 1, de kɔsii Ɔsanaa 31, 2020, na ɛboa ma nkyerɛkyerɛ a ɛfa Ghana kɔfabae na yɛɛbɔ ɔman no abakɔsɛm ho ban no kɔɔ nkan

Ntawantawadie[sesa]

Amanyɔkuo NDC ne CPP nfoa manpanin Akuffo Addo nhyehyeɛ foforɔ sɛ ɔman no de Ɔsanaa 4, no bɛkae Ɔman no akunini no. Wɔn nnyinasoɔ ne sɛ Akuffo Addo pɛ sɛ ɔsesa ɔman no abakɔsɛm, na ɔma ne wɔfɔ JB Danquah;amanyɔkuo UGCC baanodani nkuto nya anuonyam firi sɛ Kwame Nkrumah tee ne ho firi saa amanyɔkuo no mu bɛtee ɔnoaa ne amanyɔkuo CPP na ɛnam ne saa yɔ so maa ne bɛyɛɛ Ghana manpanin a odi kan.