Ɔhene Okaikoi

Ɛfi Wikipedia
Kyerɛ Twi kasa a atwerɛsɛm yi ɛwɔ mu. Kasa ahorow a wobɛtumi akyerɛ ɛne: Akuapem, Asante, Fante.

Ohene Okaikoi ye kane Sahene a ɔde asrafodɔm kuo a ɛde Akwashong sii hɔ, ɛno na ɛnam so maa wonyaa Ga-Dangbefoɔ asrafodɔm nsesae nhyehyɛe no bae.[1]

Abakosɛm[sesa]

Na Koikoi awofo ne Mampong Okai ne Doded Akabi. ɔhene Okai Koi ne Denmark yɛɛ daa apam a ɛfa dwadie ho wɔ abankɛse Christianborg wɔ ɔsana bosome da ɛtɔ so 18, afe 1661 mu. Ɔno na ɔde Osu asase no maa Danefo maa wɔhyee Christianborg abankese no si ase.[2] [3][4] Bre a na ɔne Akwamufo de ɔko sii ani, ɔno ankasaa asrafo ne Sahene yii no mae na odwane gyaa no wɔ ɔko no mu. Okaikoi bɔɔ wɔn a wodwane gyaa no n no dua na ohyiraa wɔn a wɔne no Koe kosii awie. Na ɔno anksaa kuu ne ho akyire. Eno na ɛde basabasa bae wɔ Gaodangbe abakɔsɛm mu. Mmea ne mmɔfra bɛyɛ mpem bebree yɛ nea wɔfaa wɔn wɔ Ayawaso esiane n’akooduru a ɔdaa  no adi nti. Ne wuo na ɛde Ayawaso nnisoɔ no baa n’awie; Nkranfoɔ dodɔ no ara san wɔn akyi kɔɔ Ancho anaa Little Popo na nkaefoɔ no kɔɔ wɔn akyi wɔ mpoano. Dwadie hyɛɛ ase kɔɔ so yiyie esiane sɛ na Abrɔfo no ama Nkran (Ga Mashi) anya mpontuo asen Ayawaso.[5]

Ɔheneba Ashangmong toa ɔko a w’ato din guerrilla ɔsa no so ma no pamoo Akwamufo no kɔɔ Mfanteman mu. Ɔheneba Ashangmong papa ne Okai Yai a na ɔyɛ Kokikoi nuaberima. Afei, ɔhene ba no de Nkranfo no nyinaa firii Labadi kopue mu wɔ Ningo.

Nkekaho[sesa]

  1. https://thegadangme.com/ga-mantsemei-list-and-short-descriptions/
  2. https://www.jstor.org/stable/41405705
  3. https://www.eaumf.org/ejm-blog/2017/8/19/king-okai-koi-of-the-gas-signs-a-treaty-with-denmark-for-a-permanent-trading-post-fort-christiansborg
  4. https://www.ghanamuseums.org/forts/fort-christianburg.php
  5. https://www.adesawyerr.com/history-of-gamashie-to-1824-king-tackie-tawiah-memorial-lectures-by-nii-armah-josiah-aryeh/