Xylopia aethiopica

Ɛfi Wikipedia

Xylopia aethiopica yɛ dua a ɛyɛ ahahanmono, ɛyɛ huam, a ɛfiri Annonaceae abusua mu a ɛtumi nyini kɔduru mita aduonu(20). Ɛfiri kwaeɛ a nsuo tɔ na owia bɔ kɛsep wɔ hɔ ne kwaeɛ a ɛyɛ nwunu a ɛwɔ Afrika savanna mmeae mu.Wɔde X. aethiopca (hwentea) nnuaba a aho di dwuma sɛ nnuhuam ne nhabannuru.

N'abɔseɛ[sesa]

Xylopia yɛ nhyɛsoɔ a ɛfiri Hela kasa mu ξυλον πικρον (xylon pikron) a ɛkyerɛ "dua a ɛyɛ nwononwono". Ahaban no din a ɛtɔ so mmienu, aethiopica, no kyerɛ dua no abɔseɛ, wɔ Ethiopia, ɛwom sɛ mprempren yi ɛnyin kɛse paa sɛ nnɔbae wɔ Ghana, Togo ne Abibirem Atɔeɛ Fam mmeae afoforo deɛ.[1]

Nkyekyɛmu[sesa]

Xylopia aethiopica nyini wɔ Abibirem mmeaeɛ a nsuo tɔ na swia bɔ kɛse.Ɛwɔ kwaeɛ a nsuo tɔ kɛse wɔ hɔ, titire wɔ mmeaɛ a ɛbɛn mpoano. Ɛsan nso nyin wɔ asubɔnten ho ne kwae a ɛwɔ anoano mu, ne sare mmeaeɛ a ɛhɔ yɛ kusuu.[2]

Nea yɛde yɛ[sesa]

Wɔde Xylopia aethiopica di dwuma kɛse wɔ adanse, Afrikafo aduan ne amammerɛ mu nnuro yɛ mu.Wɔde afifideɛ no nnua yɛ pono ne mpaapaemu. Nnua no tumi si mmoawa a yɛfrɛ wɔn "termite" ano na wɔde di dwuma wɔ asese bɔ mu: "posts, scantlings, roof-ridges ne joists". Wɔde nnua no nso yɛ ahyɛmma a wɔde yɛ: adum, ahyɛmma, ahyɛmma a wɔde hyɛmma ne spars. Wɔ Togo ne Gabon no, na wɔtaa de nnua yɛ agyan ma abɔmmɔfoɔ ne akofoɔ. [3]

Afifideɛ no nnua anaa nnuaba no ho aba mfasoɔ a wɔde sa ahurututu mu yare, anaasɛ sɛ aduro a wɔde hohoro ano de sa se yareɛ. Wɔde adi dwuma nso sɛ aduro a wɔde sa akisikuru ne atiridiinini. Sɛ wɔde nnuaba no akyi hyɛ nsa mu a, wɔde sa ntehyeewa, yafunu ne ahotutuo.[3]

Wɔ Senegal no, wɔde nnuaba no yɛ café Touba, kɔfe anonne a ɛyɛ ɔman no honhom mu anonne ne Mouride anuanom no amammerɛ anonne dɛ.[4]Wɔ Mfinimfini Mmere no mu no, na wɔde nnuaba no kɔ Europa sɛ ‘mako.’ Wɔ Nigeria apueɛ fam no, afifideɛ no aba yɛ ade titire a wɔde yɛ mpɔtam hɔ nkwan na wɔde ma wɔn a wɔma wɔ mma nofoɔ. Ɛda so ara yɛ ade titire a wɔdi ho dwa wɔ mpɔtam wɔ Abibirem nyinaa sɛ nnuhuam, ne ade a wɔde yɛ aduane ne nnuro. Ɛtɔ da bi a wɔde aduaba no gu nsuhina mu de te wɔn ho.[3]

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. Orwa; et al. (2009). "Xylopia aethiopica" (PDF). Agroforestry Database 4.0. World Agroforestry Center. Retrieved 1 January 2013.
  2. A.Rhttps://en.m.wikipedia.org/wiki/Conservatoire_et_Jardin_botaniques_de_la_Ville_de_Gen%C3%A8ve
  3. 3.0 3.1 3.2 6] Burkill, Humphrey Morrison (1985). Entry for Xylopia aethiopica Dunal A. Rich.: family ANNONACEAE.
  4. BBC Afrique (15 August 2012). "Café Touba, du bonheur plein la tasse" (Reprint) (in French).