Tunde Owolabi

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Tunde Owolabi yɛ afrika ni a ɔfiri Nigeria. Ɔwoo no wɔ Lagos. Ɔyɛ nnwuma beberee na ɔsan nso wɔ nnwumakuo beberee a ɛyɛ ɔno ankasa dea.

Ne ho asɛm[sesa]

Tunde Owolabi yɛ Afrikani a ɔfiri Lagos a ɛwɔ Nigeria. Ɔsuaa mfonyinyɛ wɔ Okunini Abayomi Barber a ɔyɛ Nigeria Artist wɔ Lagos suapɔn mu, na ɔnyaa abɔdin krataa wɔ graphic design mu wɔ College of Technology. Ɔne nnwumakuo yi a ɛdidisoɔ yi adi dwuma: "Lines and colours" wɔ mfeɛ mpem mmienu ne mmiɛnsa mu (2003), "Inner thoughts" a ɛwɔ Nimbus African Art Center wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nnan mu (2004), ɔsan ne mpɔtam nnwumakuo a ɛdidisoɔ yi nso dii dwuma: Guinness Group Exhibition wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nnan mu (2004) ne dwumakuo God's of this age a ɛwɔ Didi Museum.

Ɔpaa ne dwumadie ho ntoma a ɛdi kan a ɛyɛ African Elegance wɔ Battersea Art Gallery, London wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nkron (2009). Yɛbɛhunu ne nnwuma a wayɛ no wɔ Hungarian Embassy ne Nigerian Stock Exchange.

Aso Oke- The wooven beauty a na ɛno nso yɛ ne dwumadie a ɛtɔ so mmienu a ɔdaa no adi wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du-nan (2014)

Tunde ne Neville Brody a wagye din wɔ dwomfoɔ adwuma mu ayɛ adwuma sɛ odwumfoɔ wɔ The Research Studio a ɛwɔ London.

Ɔyɛ obi a ɔpɛ coffee, n'ani gye aduane noa ho; ɔpɛ akwantuo na afei nso ɔyɛ obi a mmerɛ biara no ɔda nnoɔma foforɔ adi. Ɔyɛ obi a ɔwɔ adom akyɛdeɛ beberee ebi ne: mfoni twa, ɔdwomfoɔ.

Tunde Owolabi paa Ethnik dwumakuo wɔ Kotonimaa da a ɛtɔ so aduonu nkron wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du-nsia(2016) mu wɔ Araba's Café, Victoria Island, Lagos a ɛwɔ Nigeria. Seisei ɔte Lagos na ɛhɔ ara na ɔyɛ n'adwuma na ne studio no nso ɛhɔ ara na ɛwɔ.

Abrabɔ ahyease ne nwomasua[sesa]

Ɔnyaa adantamu abodin krataa wɔ University of Arts, London wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nwɔtwe de kɔsi mfeɛ mpem mmienu ne nkron (2008-2009).

Ɔsan nyaa abodin krataa wɔ Yaba College of Technology.

Adwumasɛm[sesa]

Ɔyɛ obi a ɔtwa mfoni.

Ɔyɛ odwomfoɔ

Ɔyɛ obi a ɔde ne nsa nwene adeɛ (artist).

Nnoɔma a w'ayɛ[sesa]

Ɔde Nigeria ntoma bi a wɔfrɛ no Aso Oke yɛ nnoɔma bi te sɛ: baage, ntaade ne mpaboa. Ɔwɔ studio a ɔdi ne dwuma a w'ato ne din Tunde Owolabi Studio.

Beae a menyaa mmoa firii[sesa]

1. https://web.archive.org/web/20210919233449/http://tundeowolabistudios.com/new/?page_id=545

2. https://web.archive.org/web/20220626163330/https://www.ethnik.com.ng/about-us/