Spathodia campanulata

Ɛfi Wikipedia
Starr 031210-0047 Spathodea campanulata
Spathodea campanulata flower cluster (Philippines) 2

Spathodea yɛ abusua bi a ɛwɔ afifideɛ abusua Bignoniaceae mu. Dua baako pɛ na ɛwɔ mu, Spathodea campanulata, na wɔtaa frɛ no Afrika tulip dua.[1] Dua no nyini bɛyɛ tenten de firi mita 7–25 (anammɔn 23–82) na ɛfir Afrika kwaeɛ a ɛhɔ yɛ hye mu. Wɔapa no sɛ ɛka "Wiase mu Nnua a Wɔsɛe no" mu ɔha (100) no ho.[2]

Wɔdua saa dua yi kɛseɛ sɛ afɛfɛdeɛ dua wɔ mmeaeɛ a nsuo tɔ na awia bɔ kɛseɛ na wɔkyerɛ ho anisɔ kɛseɛ esiane ne nhwiren a ɛyɛ kɔkɔɔ-akutuo anaa kɔkɔɔ (ɛntaa nyɛ akokɔ-sradeɛ), ɛyɛ hwiren a ɛyi te sɛ ɛdɔn a ɛyɛ fɛ yie. Edin a wɔde frɛ no nyinaa firi Tete Hela nsɛmfua σπαθη (spathe) ne οιδα (oida),[3] a ɛkyerɛ calyx a ɛte sɛ spathe.[4] Europafoɔ na wɔhunuu no wɔ afe apem ahanson aduowɔtwe nson (1787) mu wɔ Afrika Sikakɔkɔɔ Mpoano.

Nkyerɛmu[sesa]

Nhwiren no te sɛ ampule na nsuo wɔ mu. Ɛtɔ da bi a nkurɔfoɔ de saa nkorabata yi di agorɔ esiane sɛ wɔtumi hwie miu nsuo no gu nti.[5] Ɛtɔ mmerɛ bi a, nsuo no yɛ akokɔ-sradeɛ wɔ nsateaa ne ntadeɛ mu. Nhwiren a abue no te sɛ kaapo na ɛkura nsuo ne bosuo, na ɛma nnomaa ahodoɔ pii ani gye ho.

Nhwiren ho adesua[sesa]

Afrika tulip dua nhwiren no ma nhwiren akɛseɛ a ɛyɛ fɛ a ɛyɛ kɔkɔɔ-akutuo a ɛwɔ nhwiren bɛyɛ anum na ne tenten yɛ sɛntimita 8-15. Nhwiren ahodoɔ no yɛ ɔbarima ne ɔbaa na ɛwɔ afaafa mmienu pɛpɛɛpɛ (zygomorphic). Wɔda eyinom adi wɔ nhwiren a ɛte sɛ nhwiren a ɛyɛ tratraa a nhwiren dada wɔ n’afa (corymb-like raceme inflorescence). Ne mman tenten bɛyɛ sɛntimita 6. Nhwiren yi nso wɔ ano ano wɔ akoɔ-sradeɛ ne ne menewa. Wɔbɛtumi ahunu nhwiren no akwaa a ɛyɛ ɔbaa no wɔ stamen ahodoɔ nnan a wɔde hyɛ corolla tubu no so no mfinimfini. Nhwiren yi wɔ awotwaa a ɛyɛ tratraa a ɛkorɔn na ɛwɔ nkwammoaa mmienu. Dua yi aba yɛ petee, teateaa, na ne ntaban trɛ.

Nkyekyɛmu fekuo ahodoɔ[sesa]

Neotropika turo ne pramma so no, wɔn nsuo yɛ dea hummingbird pii ani gye ho, te sɛ amango a ne menewa yɛ tuntum (Anthracothorax nigricollis), jacobin tuntum (Florisuga fusca), anaa hummingbird a n'ahosuo no yɛ sika kɔkɔɔ (Hylocharis chrysura).[6] Dua no nnua yɛ mmerɛ na nnomaa pii a wɔtu ntokuru te sɛ barbets de yɛ wɔn perebuo.[7] Awerɛhosɛm ne sɛ nhwiren no wɔ abɔdeɛ mu ahobammɔ a ɛkum wowa, na wosusu sɛ mmoa ahodoɔ afoforɔ a wɔtwe mu nsuo.

Nandi ogyaframa dua a ɛwɔ Kerio Bonhwa mu

Asasesin mu nkyekyɛmu[sesa]

Abɛyɛ mmoa a wɔba mmeaeɛ a nsuo tɔ na awia bɔ kɛseɛ, te sɛ Hawaii, Queensland (Australia), Fiji, Papua New Guinea, South Africa[9] ne mmeaeɛ a ɛhɔ yɛ nwunu ne mmeaeɛ a ɛwɔ Sri Lanka[10] mfinimfini.

Spathodea campanulata yɛ mmoawa a wɔabɔ wɔn amanneɛ sɛ wɔyɛ mmoawa a wɔsɛe nnɔbaeɛ a ɛto so 3 wɔ Queensland, Australia, wɔ Asase Ho Banbɔ (Pest and Stock Route Management) Act 2002 ase.[11] Wɔnim sɛ ɛyɛ awuduru ma Australiafoɔ kurom hɔ wowa, bi te sɛ Lipotriches (Austronomia) flavoviridis.[12]

Mmoawa ne nyarewa[sesa]

Uganda no, lepidopteran su ahodoɔ mmienu, nkanka ahodoɔ mmienu, ne amankuo baako to hyɛ S. campanulata so. Wɔ Puerto Rico no, wɔabɔ amanneɛ sɛ nkoekoemmoa ahodoɔ nkron a wɔyɛ Hemiptera, Hymenoptera, Lepidoptera, ne Thysanoptera nnidisoɔ nnidisoɔ sɛ wɔdi S. campanulata mmeaeɛ ahodoɔ. Ɛda adi sɛ ɛtoɔ ne akoma porɔ koraa bɛtumi apira no; dua no nnua porɔ ntɛmntɛm berɛ a atɔ fam.

Dwumadie[sesa]

Ne nnua no yɛ mmerɛ dodo sɛ wɔde bɛdi dwuma wɔ adansie mu nanso ɛyɛ ma nnaka ne nnua a wɔde yiyi ɛse mu. Ɛtɔ mmerɛ bi a, Fiji mmɔfra de ne nhwiren a ɛyɛ nkorabata di dwuma sɛ nsuo mu atuo.[13]

Edin a wɔtaa de frɛ no[sesa]

  • Afrikaans: fakkelboom, Afrika-vlamboom
  • Bangla: rudrapalash (রুদ্রপলাশ)
  • Wɔ Brɔfo Kasa mu: African tulip tree, fountain tree, Nandi flame, Nile flame, squirt tree, tulip tree, Uganda flame, Flame Tree of Thika
  • Fijian: pasiu, pisipisi[14]
    • French: immortel étranger
    • Hindi: rugtoora (रुग्तूरा)
    • Indonesian: Kiacret
    • Kannada: Neerukayi mara, Jeerkolavi mara (ನೀರುಕಾಯಿ ಮರ, ಜೀರ್ಕೊೞವಿ ಮರ, ಜೀರ್ಕೊಳವಿ ಮರ)
    • Luganda: kifabakazi
    • Luhya: muzurio
    • Malay: panchut-panchut
    • Malayalam: African Poomaram (ആഫ്രിക്കൻ പൂമരം)
    • Sinhala: kudaella gaha, kudulu
    • Spanish: amapola, espatodea, mampolo, tulipán africano, in Puerto Rico meaíto, in Guatemala llama del bosque.
    • Swahili: kibobakasi, kifabakazi
    • Telugu: Neeti Budda (నీటి బుడ్డ), Gonuganta (గోనుగంట)
    • Tamil: pasadi (பாசடி) Nandi: Septet (singular),Septonok (plural)
    • Adwadie din: Nandi flame

Galari[sesa]

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. C.P. Khare (2007), "Spathodea campanulata Beauv.", Indian Medicinal Plants, New York, NY: Springer New York, pp. 1–1, retrieved 2024-03-05
  2. GISD, retrieved 2024-03-05
  3. D. Gledhill (2008-03-06), The Names of Plants (in English), Cambridge University Press, ISBN 978-0-521-86645-3, retrieved 2024-03-09
  4. Umberto Quattrocchi (1999-11-22), CRC World Dictionary of Plant Names: Common Names, Scientific Names, Eponyms. Synonyms, and Etymology (in English), CRC Press, ISBN 978-0-8493-2678-3, retrieved 2024-03-09
  5. Dorothy Hargreaves, Bob Hargreaves (1964-01-01), Tropical Trees of Hawaii (in English), Internet Archive, Ross Hargreaves; First Edition edition, ISBN 978-0-910690-02-7, retrieved 2024-03-09
  6. Luciana Baza Mendonça, Luiz dos Anjos (2005-03), "Beija-flores (Aves, Trochilidae) e seus recursos florais em uma área urbana do Sul do Brasil", Revista Brasileira de Zoologia, vol. 22, no. 1, pp. 51–59, doi:10.1590/s0101-81752005000100007, ISSN 0101-8175, retrieved 2024-03-10 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)
  7. Ana Carolina Martins Queiroz, Felipe Andrés Leon Contrera, Giorgio Cristino Venturieri (2014-12-29), "The effect of toxic nectar and pollen from Spathodea campanulata on the worker survival of Melipona fasciculata Smith and Melipona seminigra Friese, two Amazonian stingless bees (Hymenoptera: Apidae: Meliponini)", Sociobiology, vol. 61, no. 4, doi:10.13102/sociobiology.v61i4.536-540, ISSN 0361-6525, retrieved 2024-03-10{{citation}}: CS1 maint: multiple names: authors list (link)
  8. নিজস্ব প্রতিবেদক (2018-04-18), ফুটেছে রুদ্রপলাশ (in Bengali), retrieved 2024-03-10
  9. African tulip tree – Invasive Species South Africa (in American English), retrieved 2024-03-10
  10. Julissa Rojas-Sandoval (2020-11-17), Invasive species compendium., retrieved 2024-03-10
  11. Fire Protection and Pest Control, 2003-01-01, retrieved 2024-03-10
  12. "Hobbyist beekeeper creates map to track tree killing native stingless bees", ABC News (in Australian English), 2021-02-17, retrieved 2024-03-10
  13. Shahina A. Ghazanfar, Gunnar Keppel, Shafiya Khan (2001-12), "Coastal vegetation of small islands near Viti Levu and Ovalau, Fiji", New Zealand Journal of Botany, vol. 39, no. 4, pp. 587–600, doi:10.1080/0028825x.2001.9512762, ISSN 0028-825X, retrieved 2024-03-10 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)CS1 maint: multiple names: authors list (link)
  14. Shahina A. Ghazanfar, Gunnar Keppel, Shafiya Khan (2001-12), "Coastal vegetation of small islands near Viti Levu and Ovalau, Fiji", New Zealand Journal of Botany, vol. 39, no. 4, pp. 587–600, doi:10.1080/0028825x.2001.9512762, ISSN 0028-825X, retrieved 2024-03-10 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)CS1 maint: multiple names: authors list (link)