Secamone afzelii

Ɛfi Wikipedia

Secamone Afzelii yɛ dua bi a ɛtumi foro soro na n'ahoma no tenten tumi duru mita dummienu Wɔtwa deyɛ ahaban nnuro.[1][2]

Awuduro a ɛwɔ mu[sesa]

Ɛwom sɛ yɛtumi di kɔ yɛn mu de sa yadeɛ deɛ, nanso nhwehwɛmu akyerɛ sɛ awuduro kakra wɔ mu.Sɛ n'ahaban mu nsuo no kɔ obi mu a, ɛtumi ma ɔfefe. Mpo ɛtumi de owuo ba.[3][4]

Nnuanennuro a ɛwɔ mu[sesa]

Latex wɔ dua no ho nwononwono no mu pa ara. Wɔ abibiduro yɛ mu no, wɔtumi de sa honam ani yadeɛ. Wɔtumi nso di kɔ wɔn mu de sa yareɛ. Mmom nhwhwɛmufoɔ tu fo sɛ, sɛ wɔredi akɔ wɔn mu a ɛsɛ sɛ wɔyɛ ahwɛyie esiane awuduro a ɛwɔ mu no nti. Wɔakyerɛ sɛ ɛtumi ma de afefeafefeɛ ba.   Mpo ɛtumi ma obi wu. Post-mortem bi a wɔyɛɛ no mmerɛ bi no kyerɛ sɛ ɛde yafunu mu hyehyeɛ ( gastric nflammation) ba.

Phytochemical nhwehwɛmu a wɔayɛ afa n'ahaban mu nsuo ho no akyerɛ sɛ, flavonoids, saponins, coumarins wɔ mu pa ara, na triterpenoid friedelin no deɛ, kakra bi na wɔnya wɔ n'ahaban mu nsuo no mu.[5][6]

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. Antinociception - an overview | ScienceDirect Topics, retrieved 2024-03-18
  2. Secamone afzelii - Useful Tropical Plants, retrieved 2024-03-18
  3. Antinociception - an overview | ScienceDirect Topics, retrieved 2024-03-18
  4. Secamone afzelii - Useful Tropical Plants, retrieved 2024-03-18
  5. Antinociception - an overview | ScienceDirect Topics, retrieved 2024-03-18
  6. Secamone afzelii - Useful Tropical Plants, retrieved 2024-03-18