Rudolph Nsowine Amenga-Etego

Ɛfi Wikipedia
Rudolf Amenga-Etego
Ne manGhanaian
N'adwumaLawyer
AwardsGoldman Environmental Prize (2004)

Rudolf Amenga-Etego (wɔwoo no Ɔpɛnimaa da a ɛtɔ so du-nson, afe Apem, Ahankron ne aduonum-nwɔtw-1958) yɛ Ghana mmaranimfoɔ ne nneɛma a atwa yɛn ho ahyia ho ɔbenfoɔ. Wɔmaa no

(Goldman Environmental Prize )mfeɛ Mpem-Mmienu ne Ɛnan ( 204 mu, esiane mmɔden a ɔbɔe sɛ ɔbɛma nsuo a ɛho yɛ na ma ɔmanfoɔ, na mpɛn pii de boɔ taa yɛ den no ho nsɛm ayɛ mmrɛ ama ɔmanfoɔ ɔmanfoɔ no nti.[1]Ɔsɔre tia titire ne Wiase Sikakorabea ne Amanaman Ntam Sikakorabea a wɔde bosea rema Ghana aban no na ama nsuo ho nhyehyɛeɛ atu mpɔn wɔ ɔman no mu nyinaa. Ɔhaw biako pɛ a ɛwɔ saa boseabɔ yi ho ne wɔn nhyehyeɛ a ɛhwehwɛ sɛ wɔde nsuo a wɔde ma no yɛ ankorankorɛ deɛ.

N'abrabɔ[sesa]

Sɛ aberanteɛ a ɔyɛ mmaranimfoɔ no, ohunuu sɛ ɔrebɔ ahiafoɔ a wontuaa wɔn nsuo ho ka ne wɔn a wɔne aban redi ntetɛntetɛ ɛsiane sɛ wɔmfa mmarakwan so mfa nsuo no nni dwuma no nti . Saa apereapereɛ yi hyɛɛ no ​​ma ɔhwehwɛɛ ade korɔ pɔtee a ɛde saa nsuo ho haw no nyiaa ba. Yei yɛ Ɔmanfoɔ akoma so adeɛ ne anigyesɛm pa ara. Ɛsiane sɛ wɔsusu sɛ ɛbɛboa atu wɔn nsuo ho nsem a ayɛ den no ase koraa ama we ɔn ho atɔ wɔn.). .[2]Siaka kyerɛ mu a n'ani bɛgyee nsuo ho wɔ afe Apem, Ahankron ne Aduɔkron-nkron (1999) mu berɛ a n’afipamfoɔ a wɔwɔ Ghana ahenkuro Accra mu nwiinwii sɛ wotwaa wɔn nsuo mu berɛ a ɛrekame ayɛ sɛ ne boɔ kɔɔ soro mmɔho mmienu na wɔkaa akyiri wɔ wɔn sikatua mu no. Asoeɛ a ɛhwɛ wiase nsuo ho nsɛm so , ne IMF gyinaa akyirie , na mprenpren yi, Ghana aban no resiesie ne nsuo nhyehyɛeɛ no ama wɔde ahyɛ ankorankorɛ nsa.[3]

Adwumayɛ[sesa]

Ɔnyaa Bachelor of Arts wɔ Ghana Suapɔn mu, EMGL wɔ Ghana ( Institute of Management and Public Administration), ne (Barrister at Law) wɔ (Ghana School of Law). Wɔmaa no (Goldman Environmental Prize )wɔ mfeɛ Mpem Mmienu ne Ɛnan(2004) mu, ɛsiane mmɔden a ɔbɔeɛ sɛ ɔbɛma nsuo a wɔde ma no ho nsɛm ayɛ mrɛ ama amamfrafoɔ; na ɔbɔɔ ɔsatuo tiaa nsuo a wɔde bɛma ankorankorɛ wɔ Ghana no nti. Ɔsɔre tiaa titire ne asoeɛ ne Amanaman Ntam Sikakorabea a wɔde bosea rema Ghana aban de ama nsuo ho nhyehyɛeɛ atu mpɔn wɔ ɔman no mu nyinaa.[4][5]

Sɛ́ Wiase Nyinaa Mmuae Nhyehyɛeɛ a Ɛhwɛ Asetena mu Nkɔso Asoɛe a Wɔaka abom no panyin no, Amenga nokwaredi, ɔhyew, ne ne tumi soronko a ɔde tu mmirika wɔ wiase ahoroɔ a ɛwɔ tumi, ne ahiafo ntam no boa ma wɔmaa nsu a wɔde ma ankorankoro no kɔɔ soro sɛ ammanyɔni . Ɔmanfoɔ ɔmanfoɔ apɔwmuden/akwahosan ho asɛm a ɛho hia. [6]

Abasobɔdeɛ[sesa]

Ɔnyaa Goldman nneɛma a atwa yɛn ho ahyia ho nkonimboɔ wɔ afe 2004 mu.[7]

Baabi a Menyaa Mmoa Friiɛ[sesa]

  1. Rudolf Amenga-Etego | Goldman Prize, 2011-06-15, archived from the original on 2011-06-15, retrieved 2023-10-05{{citation}}: CS1 maint: bot: original URL status unknown (link)
  2. Rudolf Amenga-Etego (in American English), 2022-03-18, retrieved 2023-10-05
  3. n2:0040-781X - Search Results, retrieved 2023-10-05
  4. Rudolf Amenga-Etego, Biography, retrieved 2023-10-05
  5. 1.5 percent of annual budget should be dedicated to Water and Sanitation issues - NGO | Resource Centre Network Ghana, retrieved 2023-10-05
  6. Rudolf Amenga-Etego (in American English), 2022-03-18, retrieved 2023-10-05
  7. Ghana's water champion wins award (in British English), 2004-04-19, retrieved 2023-10-05