Piptadeniastrum africanum

Ɛfi Wikipedia
Piptadeniastrum africanum-Jardin botanique Meise[1]

Piptadeniastrum africanum ɛyɛ dua tenten a ɛwɔ atokoɔ abusua, Fabaceae mu. Ɛfiri Afrika

Sahara anafoɔ fam mmeaeɛ a ɛhɔ yɛ nwini, de firi Senegal kɔsi Sudan ne Angola.[2] Ɛno nko ara ne dua a ɛwɔ Piptadeniastrum abusua mu. Wɔsan frɛ no Piptadenia africana, na wɔde edin Dabema anaa Dahoma di ne nnua ho dwa.[3] Ɛtaa ba kwaeɛ a nsu pa wom a ɛyɛ atɛkyɛ mu nanso wobɛtumi ahunu wɔ atifi fam akyirikyiri nso.

Nkyerɛmu[sesa]

Piptadeniastrum africanum ɛyɛ dua a ne kɛseɛ yɛ mfimfini kɔsi kɛseɛ a ɛtumi nyini kɔduru mita 50, a kyerɛtohɔ no yɛ 199'1" (mita 60.68) na ne ntwemu kɛseɛ a ne tɛtrɛ mu yɛ 14' 9" (mita 4.5)[4] wɔ Ghana | ɛwɔ nkorabata a ɛtrɛ. Ne dua no yɛ tee na ɛyɛ kurukuruwa[5] berɛ a dua no aseɛ wɔ nhini a ɛyɛ tratraa a ɛyɛ den a ɛtumi kɔ soro mita 5 anaa dea ɛboro saa na ɛtrɛ fa fam no, ne dua yɛ fitaa kɔsi bruu wɔ kɔla mu nanso ɛyɛ kɔkɔɔ wɔ aseɛ.[6] Ahaban no danedane, ɛyɛ mmienu a ɛyɛ afrafra wɔ nhyehyɛeɛ mu a pinnae bɛyɛ 10 - 20 ne nhaban bɛyɛ 30 - 58 wɔ pinnae biara mu.[3] Ahaban, a ɛnyɛ den na ɛyɛ nketewa, ne tenten yɛ sɛntimita 0.3 x 1 na ne tɛtrɛtɛ yɛ mm 0.8 x 1.25, ɛyɛ ahabammono a ɛhyerɛn wɔ soro na ɛyɛ mmerɛ wɔ aseɛ. Nhwiren yɛ kɔkɔɔ kɔsi fitaa na nnuaba yɛ nnua a ɛyɛ bruu[6].

Nkyekyɛmu[sesa]

Wɔ abɔdeɛ mu wɔhunu no wɔ Guineo-Congo kwaeɛ a ɛyɛ nwini a ɛwɔ Afrika Atɔeɛ ne Mfinimfini firi Senegal kɔsi Sudan na ɛkɔ anafoɔ fam kɔ Angola atifi fam. Wɔfrɛ no wɔ mpɔtam hɔ sɛ Dabema wɔ Ivory Coast na wɔfrɛ no Dahoma wɔ Ghana.[7]

Kɛmistri (Chemistry)[sesa]

Methanol ne nsuo a wɔayi afiri dua no nnua mu no sɔɔ hwɛe sɛ flavonoids, phenols, tannins ne saponins wɔ mu anaa.[8] Nea ɛka ne nnuru no ho ne dihydroxy-trimethoxy(iso)flavone isomers ahodoɔ, apigenin, chrysoeriol, eriodictyol, luteolin, ne liquiritigenin.[8]

Ne Dwumadie[sesa]

Nnuru a ɛwɔ Piptadeniastrum africanum mu no ama nhwehwɛmufoɔ ani agye ho titire esiane amanehunu ahodoɔ pii a wɔde afifideɛ mu nnoɔma di dwuma de sa nyare wɔ tete kwan so nnuruyɛ mu nti.[9] Wɔde saa dua yi mu nsuo di dwuma de sa yafunu mu akuru, Bakafoɔ a wɔwɔ Cameroon de dua yi abono a wɔde ahyɛ nsuo mu nsuo de sa yafunu mu yaw.[9] Berɛ a ayaresafoɔ binom de nhaban a wɔayam di dwuma sɛ aduru a ɛma obi nya ahoɔden anaasɛ aduru a ɛma obi nya nna ho akɔnnɔ.[9] Wɔ Congo ne Ghana no, wɔde di dwuma wɔ kurom hɔ nnuruyɛ mu sɛ aduru a wɔde sa akyi yaw ne nna mu akisikuru.[9]

Wɔbu ne nnua no sɛ ɛsom bo sɛ wɔde di dwuma wɔ ahyɛmma a wɔyɛ ne po so ne twene a wɔsisi mu.[3]

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. IUCN (2019-04-24), Piptadeniastrum africanum: Hills, R.: The IUCN Red List of Threatened Species 2019: e.T62027343A62027345 (in English), doi:10.2305/iucn.uk.2019-3.rlts.t62027343a62027345.en. retrieved 15 september 2023., retrieved 2024-03-13 {{citation}}: Check |doi= value (help)
  2. "Evaluation of the Bioactive Compounds in Leaves and Stem-Bark of Piptadeniastrum Africanum (Hook.F.) Brenan (Family Fabaceae)", International Journal of Medicinal Plants and Natural Products, vol. 5, no. 2, 2019, doi:10.20431/2454-7999.0502001, ISSN 2454-7999, retrieved 2024-03-13
  3. 3.0 3.1 3.2 Rudolphe Lemmens (2020), Useful trees of East Africa, Paris: BoD-Books on demand, ISBN 978-2-322-21072-5 {{citation}}: |access-date= requires |url= (help)
  4. S. Körner (1960-01), "Practical Reason and Morality. By A. R. C. Duncan. (Thomas Nelson and Sons Ltd., 1957. Pp. 182. Price 18s.)", Philosophy, vol. 35, no. 132, pp. 68–69, doi:10.1017/s0031819100037785, ISSN 0031-8191, retrieved 2024-03-13 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)
  5. O. N. Allen, Ethel Kullmann Allen (1981), The Leguminosae, a source book of characteristics, uses, and nodulation, Madison, Wisc: University of Wisconsin Press, ISBN 978-0-299-08400-4 {{citation}}: |access-date= requires |url= (help)
  6. 6.0 6.1 Hans Dieter Neuwinger (1996), African ethnobotany: poisons and drugs chemistry, pharmacology, toxicology, Weinheim London Glasgow: Chapman & Hall, ISBN 978-3-8261-0077-2 {{citation}}: |access-date= requires |url= (help)
  7. Piptadeniastrum africanum (African greenheart), 2022-01-07, retrieved 2024-03-13
  8. 8.0 8.1 Kouadio Ibrahime Sinan, Annalisa Chiavaroli, Giustino Orlando, Kouadio Bene, Gokhan Zengin, Zoltán Cziáky, József Jekő, Mohamad Fawzi Mahomoodally, Marie Carene Nancy Picot-Allain, Luigi Menghini, Lucia Recinella, Luigi Brunetti, Sheila Leone, Maria Chiara Ciferri, Simonetta Di Simone, Claudio Ferrante (2020-03-28), "Evaluation of Pharmacological and Phytochemical Profiles of Piptadeniastrum africanum (Hook.f.) Brenan Stem Bark Extracts", Biomolecules (in English), vol. 10, no. 4, p. 516, doi:10.3390/biom10040516, ISSN 2218-273X, retrieved 2024-03-13{{citation}}: CS1 maint: multiple names: authors list (link)
  9. 9.0 9.1 9.2 9.3 Lindiwe M. Dlamini, Charlotte M. Tata, Marthe Carine F. Djuidje, Monisola I. Ikhile, Galina D. Nikolova, Yana D. Karamalakova, Veselina G. Gadjeva, Antoanetta M. Zheleva, Patrick B. Njobeh, Derek T. Ndinteh (2019-03), "Antioxidant and prooxidant effects of Piptadeniastrum africanum as the possible rationale behind its broad scale application in African ethnomedicine", Journal of Ethnopharmacology (in English), vol. 231, pp. 429–437, doi:10.1016/j.jep.2018.11.039, retrieved 2024-03-13 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)CS1 maint: multiple names: authors list (link)