Pilolo

Ɛfi Wikipedia

Pilolo (About this soundpronounciation of"Pilolo" ) yɛ agorɔ bi a Ghana mmɔfra de no abɔnten. Agorɔ no din nkyerɛase ne sɛ " berɛ aduru sɛ wobehwehwɛ biribi". Ɛyɛ agorɔ bi a mmɔfra mmienu anaa deɛ ɛboro saa na adi, nnipa dodoɔ a adi agorɔ no na wɔhwɛ ho pɛ ho nnua a wɔde besie ama wakɔ hwehwɛ. Agorɔ no yɛ ahomeka yie sɛ mmɔfra no dodoɔ yɛ beberee a.

Pilolo_game_03

Mmɔfra a wɔde anigyeɛ de mmirika rekɔ berɛ a wahunu abaa no a wɔde sieeɛ no

Obia a onni agorɔ no bi de mmaa no sie berɛ a wɔn a wɔredi agorɔ no akata wɔn ani. Nea onni agorɔ no bi ni teamu sɛ "pi-lo-lo" ɛba no saa na afei obiara ahyɛase rehwehwɛ abaa no bi. Sɛ wohunu abaa no bi a, wode bɛkɔ beaeɛ ɛkyerɛ sɛ woawie no.[1]

Agorɔ no su

  • Mmɔfra baanu anaa deɛ ɛboro saa na edi.
  • Ɛyɛ mmaa ne mmɛrima agorɔ
  • Beaeɛ biara a wɔde agorɔ wɔ ha ɛyɛ no, wɔtumi de wɔ hɔ.
  • Deɛ wɔde di agorɔ yi yɛ abaa yɛbubu mu nketenkete.
  • Ɛyɛ agorɔ a abɔntene nko ara na wɔde no.

Agorɔ no ho mfonini[sesa]

Pilolo_game_01

Wɔrehwehwɛ mmaa no a wɔde asie no

Pilolo_game_06
Pilolo_game_11

nea ɔretwerɛ twerɛ deɛ obiara anya

Pilolo_game_04

Beaeɛ a mmoa firiiɛ[sesa]

  1. https://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/NewsArchive/From-Chaskele-to-FIFA-Games-that-indomie-kids-may-never-experience-800849