Philomena Abakah

Ɛfi Wikipedia

 

Philomena Abakah (wɔwoo no Ɔpɛpɔn 1, 2002)[1] yɛ Ghana bɔɔlbɔfoɔ a ɔyɛ adwumaden a ɔbɔ sɛ obi a ɔtoto ntena de ma Ghanaman mmaa bɔɔlbɔ kuo . Kane no na ɔbɔ bɔɔlo ma Berry Ladies ne Simba Queens.

Adwuma[sesa]

Abakah hyɛɛ ne bɔɔlbɔ adwuma ase wɔ Ghana baabi a ɔbɔɔ bɔɔlo maa Berry Ladies. Wɔ afe mpem mmienu ne aduonu mmienu (2022) mu no, ɔde ne ho wɔtɔn no kɔɔ Tanzania mmaa bɔɔlobɔkuo a wɔyɛ abrane a wɔfrɛ wɔn Simba Queens a ɔde ne nsa hyɛɛ nkrataa ase mfeɛ mmienu apam mu.[2]

Ɔdii agorɔ maa Simba Queens na ɔboaa ekuo no maa wɔfatae sɛ wɔbɛsi akan wɔ afe mpem mmienu ne aduonu mmienu (2022) CAF Women’s Champions League mu berɛ a ɔdii kuo a wɔfrɛ no "She Corporate" a ɛfiri Uganda so nkonim 1–0 wɔ bɔɔlobɔ a akansie a ɛtwatoɔ mu wɔ Azam Complex wɔ Dar es Salaam. Nkonimdie no maa wɔbɛyɛɛ Central Africa Bɔɔlbɔ Fɛkuo (CECAFA) Zonal abodin no mu akansifoɔ.

Wɔ ne mfeɛ mmienu berɛ no baa awieeɛ no, ɔde ne ho kɔbɔɔ Ghana bɔɔlobɔ kuo, Ampem Darkoa Ladies na ɔde ne ho hyɛɛ Women’s Premier Super Cup a ɛkɔɔ so wɔ Kyebi no mu.

Na Abakah ka Black Queens kuo a wɔbɔɔ wɔn ho mmɔden dii nkunim sɛ wɔbɛfata akɔ afe mpem mmienu ne aduonu nan (2024) mu Women’s Africa Cup of Nations a ɛbɛkɔ so wɔ Morocco no ho . Wɔtoo nsa frɛɛ no akyire kɔɔ Black Queens ansa na wɔn ne mmaa bɔɔlobɔkuo yɛfrɛ wɔn Les Guépard femelle a wɔwɔ Benin man no mu.

Abakah dii kan yii ne ho adi maa Black Queens wɔ afe mpem mmienu ne aduonu nan (2024) CAF Women’s Olympic qualifying tournament a etwa toɔ a wɔne Zambia dii wɔ Ndola a obiara hyɛɛ ne yɔnko ɛka mmiensa (3–3), nanso wɔantumi ankɔ wɔn Olympic akansie a edi kan koraa no mu esiane nkontaa a etwa toɔ a wɔaka abom nti 4–3 de maa Zambia mmaa bɔɔlobɔkuo no kɔɔ wɔn anim .

Ankorankorɛ asetena[sesa]

Wɔ Ɔpɛnimaa bosome no da a ɛtɔ so aduonu num wɔ afe mpem mmienu ne aduonu mmiensa (2023) mu no, ɔde akyɛdeɛ ahodoɔ kɔmaa Human Service Trust nwiseaa ne akunafoɔ fie wɔ Cape Coast. Nnoɔma ahodoɔ no bi ne anonneɛ a ɛyɛ dɛ, nsuo, adwareeɛ nnoɔma ne nnuane ahodoɔ.

Mmoa nwoma[sesa]

  1. Philomena Abakah Stats, Goals, Records, Assists, Cups and more (in English), retrieved 2024-03-12
  2. Samuel Kwame Boadu (2022-07-06), Berry Ladies FC's CEO confirms Philomena Abakah’s move to Tanzania - Berry Ladies Football Club (in American English), retrieved 2024-03-12