Palisota hirsuta

Ɛfi Wikipedia

Palisota hirsuta edin foforɔ wɔde frɛ Palisota hirsuta ne Palisota maclaudii, na afei Dracena hirsuta ɛnyini fɛfɛɛfɛ sɛ dua a wɔtumi de siesie beaeɛ bi. Ɛwɔ aduroyɛ mu no, wɔde dua no ahaban ne duamu no ankasa di dwuma sɛ aduro a ɛkanyam mpa so agoroɔ. Ɛsane nso tumi sa yadeɛ bi te sɛ, mmoawa ne babaso.[1]

Ne dwumadie[sesa]

Ghana ne Abibrem Atɔeɛ aman ahodoɔ bi so no, wɔde Palisota hirsuta nhini no sa yadeɛ bi te sɛ ayamtuo ne nweweɛ. Wɔsane nso de yɛ awoɔ aduro. Nhwehwɛmu a mprempren yi wɔreyɛ afa Palisota hitsuta ho no botaeɛ ne sɛ wɔbɛhwɛ anti-nociceptive nsunsuansoɔ a hydroethanolic nsuo a ɛwɔ ne nhini no mu no wɔ. Nkura na na wɔde wɔn yɛ saa nhwehwɛmu a ɛfa Palisota hirsuta mu nso ho no. Nhwehwɛmu a wɔreyɛ no seesei no nsunsuansoɔ si no pi sɛ P. hirsuta nhini mu nso no wɔ famakɔlɔgyi nneɛma bi a antinociceptive wɔ mu. Na ɛno da no adi pefee sɛ Palisota hirsuta yɛ nnipadua mu adwuma.[2][3][4]

Wɔde nsuo a ɛwɔ ne n'ahaban no mu ne dua no ankasa mu no sa oedema awodeɛ mu yadeɛ (urethral discharge).[5]

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. Palisota hirsuta (Thunb.) K.Schum. | Plants of the World Online | Kew Science (in English), retrieved 2024-03-18
  2. Francis Mainoo Sarpong, Francis Ackah Armah, Isaac Kingsley Amponsah, Philip Kobla Atchoglo (2016-09-15), "Antinociceptive Ecdysteroids and Other Constituents of Palisota hirsuta K. Schum (Commelinaceae)", Journal of Applied Pharmaceutical Science (in English), vol. 6, no. 10, pp. 147–147, doi:10.7324/JAPS.2016.601020, ISSN 2231-3354, retrieved 2024-03-18{{citation}}: CS1 maint: multiple names: authors list (link)
  3. Palisota hirsuta (Thunb.) K.Schum. | Plants of the World Online | Kew Science (in English), retrieved 2024-03-18
  4. Mubo A. Sonibare, Aanuoluapo O. Isola, Opeyemi J. Akinmurele (2023-03-06), "Pharmacognostic standardisation of the leaves of Costus afer Ker Gawl. (Zingiberaceae) and Palisota hirsuta (Thunb.) K. Schum. (Commelinaceae)", Future Journal of Pharmaceutical Sciences, vol. 9, no. 1, p. 19, doi:10.1186/s43094-023-00469-1, ISSN 2314-7253, retrieved 2024-03-18{{citation}}: CS1 maint: multiple names: authors list (link)
  5. Mubo A. Sonibare, Aanuoluapo O. Isola, Opeyemi J. Akinmurele (2023-03-06), "Pharmacognostic standardisation of the leaves of Costus afer Ker Gawl. (Zingiberaceae) and Palisota hirsuta (Thunb.) K. Schum. (Commelinaceae)", Future Journal of Pharmaceutical Sciences, vol. 9, no. 1, p. 19, doi:10.1186/s43094-023-00469-1, ISSN 2314-7253, retrieved 2024-03-18{{citation}}: CS1 maint: multiple names: authors list (link)