Musa paradisiaca

Ɛfi Wikipedia

Musa paradisiacaKwadu a ɛyɛ mmiɛnsa, ɛka Cavendish kwadu kuo ketewa no ho, ɛfiri ase sɛ Musa acuminata ne Musa balbisiana a wɔde afrafra, a onipa duaa no ntɛm paa ara. Kwadu ne borɔdeɛ dodoɔ no ara a wɔdua no yɛ saa afrafra yi ahoroɔ. Mfitiase no, Linnaeus de edin M. paradisiaca dii dwuma maa borɔdeɛ anaa kwadu a wɔnoa nko ara, nanso nnɛyi dwumadie no bi ne nnɔbaeɛ a wɔde afrafra a wɔde noa aduane ne kwadu a wɔde yɛ aduane a ɛyɛ dɛ nyinaa. Enti din a Linnaeus de frɛɛ kwadu a wɔde yɛ aduane a ɛyɛ dɛ, Musa sapientum, yɛ asɛmfua a ɛne Musa paradisiaca yɛ ade koro.

Abɔseɛ[sesa]

Ɛkame ayɛ sɛ borɔdeɛ a wɔdua ne kwadu pii a wɔdua no yɛ nnɔbaɛ a wɔde afrafra a ɛda wuram mmoa ahorow mmienu, M. acuminata ne M. balbisiana ntam. Wogye di sɛ Asia Kesee Fam Apueɛ akuafoɔ dii kan yɛɛ M. acuminata wɔ fie. Berɛ a afifideɛ a wɔyɛɛ no trɛ kɔɔ atifi fam atɔɛ kɔɔ mmeaɛ a M.balbisiana yɛ kurom hɔfo (hwɛ asase mfonini) no, afrafra ahoroɔ bae wɔ ahoroɔ mienu no ntam na afei wɔkɔɔ so yɛɛ no ahoroɔ pii.[1]

Wonim nnɔbaeɛ ahoroɔ ɔhaha pii a ɛyɛ ahoroɔ mmienu, na wɔwɔ su ahorow a ɛsakra kɛseɛ, nanso wɔtrɛ mu wɔ nananom ahoroɔ no ntam. Wɔtenten taa yɛ mita mmienu kosi nkron(2–9) (anammɔn nson kosi aduasa(7–30)) bere a wɔanyinyini no. Afifideɛ no fa a ɛwɔ fam no yɛ "atoro dua" anaa pseudostem, a nhaban ne ne nnyinaso a wɔafrafra na ɛwom. Pseudostem biara tumi ma nhwiren dua baako. Sɛ ɛso aba wie a, pseudostem no wu, nanso nkorabata bɛtumi ɛfiri afifideɛ no ase. Mpɛn pii no, kwadu ahoroɔ no yɛ nea wontumi nsɛe no, enni aba anaasɛ nsuo mu su a ɛyɛ mmerɛ a ɛbɛtumi atra ase.[2]

Nkyekyemu a wode di dwuma[sesa]

Nsɛm titire: Kwadu – Taxonomy ne Kwadu ahoroɔ a wɔahyehyɛ – Nkyekyɛmu

Mfitiase no, Linnaeus kyekyɛɛ kwadu afifideɛ mu yɛɛ no ahoroɔ mmienu, na ɔfrɛɛ no Musa paradisiaca maa nea wɔde di dwuma sɛ kwadu a wɔnoa (borɔdeɛ), ne M. sapientum maa nea wɔde di dwuma sɛ kwadu a wɔde yɛ aduane a ɛyɛ dɛ. Akyire yi wohunuu sɛ ne "su ahoroɔ" mmienu no nyinaa yɛ ahoroɔ a wɔadua no ankasa a ɛyɛ afrafra a ɛda wuram mmoa ahoroɔ mmienu, M. acuminata ne M. balbisiana, a mprempren wɔfrɛ no M. paradisiaca L.[3] Enti nnɛ yi taxon M. paradisiaca no atwa ho ahyia no ka mfitiase M. paradisiaca ne M. sapientum nyinaa ho, na wɔate nea ɛtwa toɔ no so ma ayɛ M. paradisiaca asɛmfua korɔ.[4]

Wɔ ansa na Linnean reba no, wɔtoo kwadu yi din ‘Mufa serapionis’, sɛ nhwɛsoɔ no, Maria Sybilla Merian na ɔkyerɛee wɔ ne nhoma, Metamorphosis insectorum Surinamensium mu wɔ afe apem dunson ne nnum(1705) mu.[5][6]

Berɛ bi, sɛnea ɛbɛyɛ na wɔadi kwadu ne borɔdeɛ a wɔadua no ahoroɔ pii ho dwuma no, afifideɛ ho animdefoɔ bɔɔ din afoforɔ pii a mprempren wobu no sɛ ɛyɛ M. paradisiaca nsɛmfua korɔ, te sɛ M. corniculata Lour.,[3] a wɔde di dwuma ma borɔdeɛ kuo bi a nnuaba akɛseɛ a ɛte sɛ nantwinini mmɛn. Mprempren wɔde nnua ahoroɔ a wɔayɛ no dua no din a wɔde yɛ nnɔbae, na wɔkyekyɛ ahoroɔ no mu akuo ne akuo nketewa. Enti M. paradisiaca yɛ dua bi a ɛka AAB genome kuo, Borɔdeɛ kuo ketewa no ho.[1] Hwɛ kwadu ahoroɔ a wɔahyehyɛ no na woanya nsɛm pii afa kwadu ahoroɔ no din ne nkyekyɛmu ho.

Baabi a Me Nyaa Mmoa Firiiɛ[sesa]

  1. 1.0 1.1 https://en.wikipedia.org/wiki/Musa_%C3%97_paradisiaca#cite_note-Ploe07-3
  2. https://en.wikipedia.org/wiki/Musa_%C3%97_paradisiaca#cite_note-Nels06-4
  3. 3.0 3.1 https://en.wikipedia.org/wiki/Musa_%C3%97_paradisiaca#cite_note-Valm00-5
  4. https://en.wikipedia.org/wiki/Musa_%C3%97_paradisiaca#cite_note-WCSP_254888-1
  5. https://en.wikipedia.org/wiki/Musa_%C3%97_paradisiaca#cite_note-serapionis-6
  6. https://en.wikipedia.org/wiki/Musa_%C3%97_paradisiaca#cite_note-7