Krowor (Ghana mmrahyɛbadwam mpɛsoa)

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Krowor
Mpɛsoa
a ɛwɔ Ghana mmrahyɛbadwam
MansiniAccra Metropolis District
MantamGreater Accra Region of Ghana
Mprenpren mpɛsoa
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
MPElizabeth Afoley Quaye

Krowor(About this soundpronunciation of"Krowor")  yɛ mpɛsoa nom baako a ɛwɔ Ghana mmarahyɛbedwam. Wɔyi mmarahyɛbedwanii baako a ne din wɔ abatoɔ nkrataa nom. Krowor wɔ Ledzokuku-Krowor mansini adantam a ɛwɔ Nkran punpuni mantam wɔ Ghana.

Ɛhyeɛ[sesa]

Mpɛsoa no akonnwa no hyɛ Ledzokuku-Krowor mansini adantam wɔ Nkran punpuni mantam wɔ Ghana.

Mmarahyɛbedwafoɔ[sesa]

Wɔ afe apem ahankron ne aduokron mmienu (1992) mu no, J.A Tawiah a ɔwɔ kyineeɛ amanyɔkuo National Democratic Congress gyina maa mpɛsoa no. Joshua Alabi a ɔwɔ kyineeɛ amanyɔkuo National Democratic Congress mu nso peree akonnwa no bi wɔ afe apem ahankron ne aduokron nsia (1996). Wɔ mfeɛ mpem mmienu (2000) no, Emmanuel Adjei Boye nso peree mpɛsoa no akonnwa no bi. Abraham Laryea Odai, Ɔsono amanyɔkuo New patriotic party anamsini nso gyinaa maa mpɛsoa no wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nan (2004) mu. Nii Dakley Quaye Kumah a ɔwɔ kyineeɛ amanyɔkuo National Democratic Congress nso pere akonnwa no wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nnwɔtwe (2008) nom. Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nsia mu no Elizabeth Afoley Quaye a ɔyɛ Kyineeɛ amanyɔkuo New patriotic party nii gyina maa mpɛsoa no.

Abatoɔ[sesa]

Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nnwɔtwe Ghana mmarahyɛbedwafoɔ abatoɔ wɔ Krowor no nnipa mmiɛnsa wɔperee akonnwa no. Nii Dakley Quaye a ɔwɔ kyineeɛ amanyɔkuo National Democratic Congress nyaa mma mpem aduonu nson,ahasa ne aduasa nkron (27,339) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu aduonum nan akyirepɔ mmienu (54.2%). Joseph Ayikoi Otro a ɔno nso wɔ ɔsono amanyɔkuo New Patriotic party nyaa mpem aduonu baako,ɔha ne aduasa nsia (21,136) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu aduanan mmienu akyirepɔ mmiɛnsa (42.3). Mma apem, ahanum ne aduasa (1,530) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu mmiɛnsa akyirepɔ baako(3.1) na Emmanuel Attuquaye Botchway a ɔwɔ akokɔ amanyɔkuo convention people's party nyaeɛ.

Abraham Laryea Odai a ɔwɔ ɔsono amanyɔkuo New patriotic party nyaa mma mpem aduonu num, ahanan ne num(25,406) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu aduanan nsia akyirepɔ nkron(46.9) wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nan (2004)mu. Dr. Nii O akley Quaye-Kumah a ɔwɔ kyineeɛ amanyɔkuo National Democratic Congress nyaa mpem aduonu nan, ahasa ne aduasa nkron (24,339) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu aduanan nan akyirepɔ nkron(44.9). Theophilus Boye Mensah a ɔwɔ akokɔ amanyɔkuo convention people's party nso nyaa mpem mmienu, ahannwɔtwe ne nnwɔtwe (2,808)a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu num akyirepɔ mmienu (5.2). Emmanuel Borquaye Boyefio a ɔnni amanyɔkuo biara nyaa ahankron ne aduanan num (945) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu baako akyirepɔ nson(1.7) ɛna Theophilus Twi Okunnor a ɔnni amanyɔkuo biara mu no nso nyaa mma ahannsia ne aduonum nnwɔtwe (658) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu baako akyirepɔ mmienu (1.2).

Wɔ mfeɛ mpem mmienu (2000) Ghana mmarahyɛbedwafoɔ abatoɔ wɔ Krowor mpɛsoa no nnipa nsia na ɛperee mmarahyɛbedwa akonnwa no wɔ hɔ. Emmanuel Adjei Boye a ɔwɔ ɔsono amanyɔkuo New patriotic party no nyaa mma mpem du nan, ahanu ne aduoson num(14,275) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu aduanan nsia akyirepɔ num(46.5%). Kyineeɛ amanyɔkuo National Democratic Congress, Joshua Alabi nso nyaa mpem du mmienu, ahankron ne aduoson num (12,975) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu aduanan mmienu akyirepɔ mmienu (42.2%). National Reform Party amanyɔkuo ni, Seth Nakai- Akee Bortier nso nyaa mpem mmienu, ahanu ne aduasa nan(2,234) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu nson akyirepɔ mmiɛnsa (7.3). Theophilus M. Boye a ɔwɔ akokɔ amanyɔkuo convention people's party mu gyina hɔ maa mpɛsoa no a ɔnyaa ahanson ne aduasa nkron (739) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu mmienu akyirepɔ nan(2.4). People's National convention nnipa, Joseph Nii-Anum Kpakpo nyaa ahanum ne aduokron num(595) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu baako akyirepɔ mmiɛnsa (1.3). Kudoto Egypt a ɔwɔ United Ghana Movement nyaa aduowɔtwe nsia (86) a ɛyɛ akyirepɔ mmiɛnsa.(0.3).

Wɔ afe apem ahankron ne aduokron nsia(1996) Ghana mmarahyɛbedwafoɔ abatoɔ nom no Joshua Alabi a ɔwɔ kyineeɛ amanyɔkuo National Democratic Congress nkoa na ɔperee akonnwa no ɛna J. A Tawiah a ɔwɔ kyineeɛ amanyɔkuo National Democratic Congress nkoa na ɔperee mpɛsoa no akonnwa no wɔ afe apem ahankron ne aduokron mmienu(1992) Ghana mmarahyɛbedwafoɔ abatoɔ wɔ Krowor no.