Krachi East (Ghana mmrahyɛbadwam mpɛsoa)

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Krachi East
Mpɛsoa
a ɛwɔ Ghana mmrahyɛbadwam
MansiniKrachi East Mansini
MantamOti Region of Ghana
Mprenpren mpɛsoa
Created2004
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
MPYaw Michael Gyato

Krachi East(About this soundpronunciation of"Krachi East")  mpɛsoa no yɛ Gaana mmarahyɛbadwam mpɛsoa no mu baako. Ɛde first past the post abatoɔ yii mmarahyɛbadwani baako. Krachi East mpɛsoa no wɔ Krachi East mansini a ɛwɔ Oti mantam mu wɔ Gaana. Amanyɔkuo a ɛte so siesie ne ɔsono amanyɔkuo ( NPP ) a Owura Yaw Michael Gyato ne wɔn mmarahyɛbadwani.

Ahyeɛ[sesa]

Mpɛsoa no wɔ Krachi apueeɛ mansini a ɛwɔ Volta mantam mu wɔ Gaana. Beaeɛ ankasa a na mpɛsoa yi wɔ ne Volta mantam a ɛwɔ Gaana kɔsi sɛ yɛtee mantam afoforo a edi Ɔpɛnimma mfeɛ mpem mmienu ne dunwɔtwe referendum akyi.[1]

Abakɔsɛm[sesa]

Abatoɔ Kɔmisa tee mpɛsoa no kane wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nan a mpɛsoa afoforo aduonu nkron nso ka ho bi, ɛmaa mpɛsoa mma dodow no kɔɔ soro firii ahanu kɔɔ ahanu ne aduasa.[2] Yɛtee mpɛsoa no ansa Gaanafoɔ mmarahyɛbadwam abatoɔ wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nan bere a yɛkyekyɛɛ Krachi mpɛsoa no mu nyaa Krachi apueeɛfam ne Krachi atɔeɛfam mpɛsoa no.

Mmarahyɛbadwafoɔ[sesa]

Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nan (2004) mu na wɔtee mpɛsoa no.

  • Wɔ mpɛsoa no abatoɔ a edi kan no, Wisdom Gidisu[3] a ɔgyina maa Kyiniiɛ Amanyɔkuo (NDC) no na edii nkunim bɛyɛɛ mpɛsoa no mmarahyɛbadwani[4]
  • Nea ɔbɛtuu Wisdom Gidisu sɛ mmarahyɛbadwani wɔ mpɛsoa no so ne Yaw Michael Gyato[5] a ɔgyina maa Ɔsono Amanyɔkuo (NPP) no wɔ mfeɛ mpem mmienu ne dunsia (2016) mu.

Abatoɔ[sesa]

Mfeɛ mpem mmienu ne dummienu (2012) Gaanafoɔ mmarahyɛbadwam abatoɔ: Krachi East Beaeɛ a efiri:GhanaWeb
Amanyɔkuo Dibeaperefoɔ Mma Ɔha nkyekyɛmu
Kyiniiɛ Amanyɔkuo (NDC) Wisdom Gidisu Mpem dummiɛnsa ahanan ne aduokron mmiɛnsa (13,493) Aduanan mmiɛnsa ne akyirepɔ aduokron mmienu (43.92)
Ɔsono Amanyɔkuo

(NPP)

Patrick Charty Jilimah Mpem du ahanan ne num (10,405) Aduasa mmiɛnsa ne akyirepɔ aduowɔtwe nson (33.87)
Nea wannyina amma amanyɔkuo biara

(Independent)

Yao Gago Mpem num ahanson ne aduokron nson (5,797) Dunwɔtwe ne akyirepɔ aduowɔtwe nson (18.87)
Progressive People's Party ( PPP) Boateng Kofi Emmanuel Ahanson ne aduokron num (795) Mmienu ne akyirepɔ aduonum nkron (2.59)
Nea wannyina amma amanyɔkuo biara

(Independent)

Emmanuel Kwasi Annor Ɔha ne aduonum nsia (156) Ohunu ne akyirepɔ aduonum baako (0.51)
National Democratic Party (NDP) Lawson Apreko Aduoson mmiɛnsa (73) Ohunu ne akyirepɔ aduonu nan (0.24)
Mma Dodoɔ Mpem mmiɛnsa ne aduowɔtwe nwɔtwe (3,088) Du ne akyirepɔ ohunu ne num (10.05)
Deɛ ɛkɔ baeɛ Mpem aduasa ahanson ne dunkron (30,719)
Mfeɛ mpem mmienu ne nwɔtwe (2008) Gaanafoɔ mmarahyɛbadwam abatoɔ: Krachi East Beaeɛ a efiri:GhanaWeb
Amanyɔkuo Dibeaperefoɔ Mma Ɔha nkyekyɛmu
Kyiniiɛ Amanyɔkuo (NDC) Wisdom Gidisu Mpem dummienu ahasa ne aduanan (12,340) Aduonum nsia ne akyirepɔ nkron (56.9)
Ɔsono Amanyɔkuo (NPP) Patrick Charty Jilimah Mpem nwɔtwe ahanu ne aduosia mmiɛnsa (8,263) Aduasa nwɔtwe ne akyirepɔ baako (38.1)
Akokɔ Kɔkɔɔ Amanyɔkuo (CPP) Boateng Kofi Emmanuel Ɔha ne aduanan nson (947) Nan ne akyirepɔ nan (4.4)
Democratic Freedom Party (DFP) Joseph Kwaku Asiedu Ɔha ne aduanan nsia (146) Ohunu ne akyirepɔ nson (0.7)
Mma Dodoɔ Mpem nan ne aduoson nson (4,077) Dunwɔtwe ne akyirepɔ nwɔtwe (18.8)
Deɛ ɛkɔ baeɛ
Mfeɛ mpem mmienu ne nan (2004) Gaanafoɔ mmarahyɛbadwam abatoɔ:Krachi East Beaeɛ a efiri:Ghana Home Page
Amanyɔkuo Dibeaperefoɔ Mma Ɔha nkyekyɛmu
Kyiniiɛ Amanyɔkuo (NDC Wisdom Gidisu Mpem dunan ahansia ne aduonum mmienu (14,652) Aduoson ne akyirepɔ baako (70.1)
Ɔsono Amanyɔkuo (NPP) John Gyamfi Mpem nsia ahanu ne aduosia baako (6,261) Aduonu nkron ne akyirepɔ nkron (29.9)
Mma Dodoɔ Mpem nwɔtwe ahasa ne aduokron baako (8,391) Aduanan ne akyirepɔ mmienu (40.2)

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. https://www.graphic.com.gh/news/politics/confirmed-results-of-the-2018-referendum-on-new-regions.html
  2. https://en.m.wikipedia.org/wiki/Parliament_of_Ghana
  3. http://www.ghanamps.com/mps/details.php?id=2479
  4. http://ghheadlines.com/agency/ghana-news-agency/20190825/130799425/wisdom-gidisu-elected-ndc-parliamentary-candidate-for-krachi-east
  5. https://www.wikio.org/en/wiki/ghanaian/michael-yaw-gyato-629842