Kpanlogo

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Kpanlogo(About this soundpronounciation of "Kpanlogo" ) yɛ asa ne dwomtoɔ a firi afe apem ahankron ne aduosia 1960 pen so wɔ mmabunu a ɛwɔ Nkran, Ghana.[1][2]

Baabi a ɛfiri.[sesa]

Nkranmanfo) pii no a na wɔ te nkran hɔ ne wɔn a na wɔte bɛn n'ahenkuro, Nkran na edi kan bɔeɛ, Nanso Sei sua deɛ ɛyɛ ɔman no mu nyinaa na ɛde gye wɔn ani pa as a. Ɛhyɛɛ aseɛ sɛ innovative asa wɔ afe apem ahankron ne aduosia no mu ntɛm pa ara, a America rock ne roll na ɛmaa wɔnsuaeɛ a ɛmaa mmabunu a ɛwɔ Ha twee wɔn ho firii wɔn mpanimfoɔ ho.

Ghana panin a ɔbɔ donno mu a yɛfrɛ no C.K Ladzekpo kaa sɛ kpanlogo " yɛ asa bi a ɛho hia ma mmabunu ɛna ɛyɛ adeɛ bi a ɛde ahofama ba ma mmabunu a ɛwɔ Ghana mpɔtam nyini ntɛm a ɛboa tene wɔn wɔ anisoadehunu a yɛn nananom a aba atwam yɛeɛ wɔ abibirem amanyɔsɛm mu".[3][4] mpɛnpii no wɔn a wɔsa kpanlogo no bu wɔn mu ase kɔ fam,bu kotodwe, kɔ wɔn akyi, ɛna wɔtaa yɛ nnwaman nnoɔma wɔm wɔ berɛ a woresa no. Wɔ mmerɛ bi a atwam no na apolisifoɔ gye wɔn nnoɔma a wɔde da no sane si asafoɔ no kwan mma wɔn nsa nanso seisei wɔde akɔ mmara mu a biribi saa nkɔ so.[5] Wɔde tete Ga nwom a ɛwɔ wɔn amanneɛ mu te sɛ home, oge ne kolomashie mu na ɛsa wɔberɛ a wɔresa kpanlogo. Wɔde nnoɔma ahodoɔ mmiɛnsa na ɛto kpanlogo nnwom no: Bono, fao ne kpanlogo twene.Donno na ɛdi dwuma no ankasa a ɛde mmerɛ ka ho ɛna fao no nso sɔ N'asene. Mpɛmpii no ɛyɛ fo sɛ wɔbɛhunu kpanlogo twene mmiɛnsa a ɛdidisoɔ, a wobɛte barima ne, ɔbaa ne ne twene a ɛyɛ ɔpeemu no ankasa.

Main kpanlogo bell pattern.

Kpanlogo adɔma titire pa ara a ne nna akyɛ a ɛwɔ sub-sahara Africa na yɛtaa hunu. [6]Saa adɔma noa yɛde sa wɔ kpanlogo mu noa ne son clave ti noa ɛwɔ cuban nnwom no. Ɛne "Bo Diddley beat" a agyedin wɔ U.S rhythm ne blues nwomtonii Bo Diddley yɛ pɛ.

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ.[sesa]

  1. Salm, Steven J.; Falola, Toyin (2002). Culture and Customs of Ghana. Greenwood Publishing Group. pp. 178. ISBN 9780313320507. ISSN 1530-8367.
  2. https://archive.org/details/culturecustomsof00salm/page/178
  3. Ladzekpo, C.K. (1995: web). "Kpanlogo Song Book," Foundation Course in African Music. Web.
  4. https://web.archive.org/web/20120527060455/http://home.comcast.net/~dzinyaladzekpo/KpanlogoSongs.html
  5. Palmberg, Mai; Kirkegaard, Annemette (2002). Playing with Identities in Contemporary Music in Africa. Nordic Africa Institute. p. 67. ISBN 9789171064967.
  6. Peñalosa, David (2010: 245). The Clave Matrix; Afro-Cuban Rhythm: Its Principles and African Origins. Redway, CA: Bembe Inc. ISBN 1-886502-80-3.