Komla Agbeli Gbedemah

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Komla Agbeli Gbedemah (June da ɛtɔ so 17, afe 1913 – Jully da a ɛtɔ so 11, afe 1998) yɛ kane Ghanani amnanyɔni ne Soafoa a ɔhwɛ sikasɛm wɔ Nkrumah aban ase wɔ Ghana firi afe 1954 mu kosii afe 1961 mu. Edin a wɔde frɛ no paa ne Afro Gbede. Komla fiiri kiro a wɔ frɛ no Anyako a ɛwɔ Frao Mantam no mu wɔ Ghana.

Ne mmɔfrase ne Nhomasua[sesa]

Wɔ woo Komla wɔ June da a ɛtɔ so 17, afe 1913 mu wɔ Warri a ɛwɔ Nigeria man mu a n’awofo no yɛ Ewe fo. ɔkɔɔ ntoaso sukuu wɔ Adisadel College a ɛwɔ Cape Coast  firi afe 1925 kosii afe 1929 mu ne Achimota College firi afe 1929  kosii afe 1933.

ɔhyɛɛ adwuma ase sɛ ɔkyerɛkyerɛfo sɛ ntoaso sukuu mu ɔkyerɛkyerɛfo wɔ Akuapem a ɛwɔ Apue Mantam mu wɔ Ghana. Wɔ afe 1939 mu no, ɔbɛyɛɛ ɔkyerɛkyerɛfo a ɔkyerɛ abɔdeɛ mu nyansapɛ wɔ Accra Academy a ɛwɔ James town. ɔde nnuatɔn ne adɔkɔdɔkɔdetɔn kaa adekyere no . Wɔ afe 1943 mu no, ɔde keyerɛ wɔ Accra Academy no too hɔ na ɔde ne hoo hyɛɛ nnuatɔn mu ne bere nyinaa.

Amanyɔsɛm[sesa]

Na Gbedemah yɛ amanyɔkuo a ɛne United Gold Coast Conventions no mu ni. ɔne Dr. Kwame Nkruma gyae amanyokuo no ho kɔhyehyɛɛ amanyɔkuo Conventions Peoples Party (CPP) . Gbedema yɛ otitriw wɔ amanykɔuo CPP mu esiane nimdeɛ a ɔwɔ wɔ anoboaboa mu no nti. ɔno na ɔboa Nkrumah ma wɔpaw no sɛ mmarahye baguani wo Febraury da ɛtɔ so 8, afe 1951 mu wɔ mmarahye baguakuo abatoɔ a ɛkɔɔ so no. ɔno na ɔyɛɛ osatuo maa Nkruma bre a na abrɔfo aban a ɛtɔ so no de no too afise no. Nkrumah dii Nkunim Accra Central mpesoa no so. Eyi maa woyii Nkrumah firii afiase wɔ February da a ɛtɔ so 12, afe 1951 na wofrɛɛ na ma no hyehyɛɛ aban. Amaneɛbo bi kyerɛ sɛ, Gbedemah ne nea odikan hyiaa Nkrumah bre a woyii no firi afiase a ɛne James Fort no.

Wɔpaw Gbedemah ma no kɔɔ mmarahye bagua mu, na ɔbɛyɛɛ Ghana Soafo a odikan wɔ asoe a ɛwhɛ Akwahosan ne Nwuma so wɔ Nkrumah aban mu . Wɔ afe 1954 mu no, ɔbɛyɛɛ Soafo a ɔhwɛ sikasɛm so, dibea a odii mfie 7. Odii akotene wɔ mmoa a na United sate aban de maa wɔ Akosombo Dam no si ho bre a na wɔnpe sɛ wɔboa no. Mmerebi akyi bre a ɔne Nkrumah anyɔnkofa no mu asei no, Nkrumah tee ne dibea no so baa Soafo a ɔhwɛ Akwahosan so wɔ May, afe 1961. Na US fo keka sɛ na Gbedemah pe se otu Nkrumah aban gu. Wɔkyere sɛ ɔkai sɛ ‘’ ɔbɛyɛ me yaw sɛ anka mɛyɛ saa nanso, ɔman no abre wɔ Nkrumah Ahantan, nhwehweanim ne n’abufusɛm no’’. Nkrumah hyɛɛ Gbedemah sɛ onfa n’adwuma nto ho wɔ September afe 1961.

Gbedemah twaa ne ho asu saa afe no mu esiane sɛ na ɔne Nkrumah ayɔnkofa no asei koraa ma ɔkekaa faa Nkrumah ho sɛ ɔnhwe ɔman no sika so yiyie. Wɔkae sɛ ɔde ne ho kaa nwura esiane sɛ na w’ate sɛ wɔpɛ sɛ wɔ kyere no to afiase. Bre a ɔwɔ asutwa no mu no, na ɔne US aban no da so are di nkitaho fa Akosombo Dam no ho.

Gbedemah tee kuo a ɛne National Alliance of Liberals ma wɔ kɔɔ abatoɔ a ɛkɔɔ so wɔ afe 1966 no mu. Efene wɔde kɔɔ abatoɔ no mu ne ‘’ Ka no den, m’anigye ho sɛ me yɛ Bibini’’, wonyaa firi nnwom a James Brown toe mu. Wo abatoɔ no akyi no, wɔbraa Gbedema firii mmarahyɛ bagua no mu. Na NLC de akɔdan Asɛndibea Kunini no ama w’agye atom sɛ ɛsɛ wɔbra amnyɔkuo CPP mu nnipa a wɔde soboɔ abɔ wɔn wɔ sikadie bi a kɔɔɔ so no mu mfie 10. Eyi na ɛmaa no kɔɔ ahomegye wɔ amnyɔsɛm mu.

Asɛm bi a esii wɔ Howard Johnson adidibea[sesa]

Wo United States no, wonim wɔ nsɛm bi a esii October da ɛtɔ 10, afe 1957 mu, U.S manpayin Dwight D. Eisenhower de kyɛwpa maa Gbedemah bre adidibea a ɛde Howard John’s a ɛwɔ Dover Delaware,  adwuamyɛni bi anhwɛ no no. Gbedemah ka kyeree agyumayeni no sɛ ‘’Wɔn a wogu ha nyinaa ba fɔm sen me, nanso wodidi san nom wɔ ha , nanso yɛ deɛ, yentumi. Wobetumi afa nsesea no ne anka nsouo nanso, eyi nka ha.’’ Eyi maa wo too nsa frɛɛ Gbedemah kodidii anɔpa duane wɔ manpanyin tenabea a ɛne white House.

Dibea ahorɔw[sesa]

    • Okandifo - People's Movement for Freedom and Justice (1991 - ?)
    • Ohyehyefo ne Okandifo - National Alliance of Liberals - (1969)
    • Kuomuni – Mmarahye bagua, Ghana (1951 - ?)
    • Kowaa krataa mu saamufo - Accra Evening News (1949 - ?)
    • Okandifo abediakyire - Convention People's Party (1949 - ?)

Nnwuma[sesa]

  • Gbedemah, K. A. It will not be "work and happiness for all";Nkrataa okyerew komaa Nkrumah fa osamu a efa Ghana mfie 7 mpontuo nhyehye [n.p.], 1962. [32p].