John Agyabeng

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

John Agyabeng (wɔwoo no Ɔpɛpɔn 14, 1965) yɛ Ghanani, nhomasua ho nimdefo ne ɔmanyɔni. Na ɔyɛ mmrahyɛbagua no muni a ɔhwɛ Agona Dunkwa mantam so wɔ 4th Republic of Ghana mmrahyɛbagua a ɛtɔ so 5 no mu.

Mfitiase asetra ne nhomasua[sesa]

Wɔwoo Agyabeng wɔ 14 Ɔpɛpɔn 1965. Ne kurom ne Agona Dunkwa a ɛwɔ Central Region of Ghana. Ɔnyaa Bachelor of Education ne Diploma wɔ Asase ho adesua mu wɔ Cape Coast Sukuupɔn mu wɔ afe 1993 mu. Wɔ afe 2008 mu no, onyaa executive Masters of Governance and Leadership wɔ Ghana Institute of Management and Public Administration .

Adwuma[sesa]

Na Agyabeng yɛ ɔkyerɛkyerɛfoɔ wɔ Nsaba Presbyterian School a ɛwɔ Ghana Education Service ase. Afei ɔyɛɛ adwuma firi afe 2001 kɔsi afe 2005 sɛ Ɔmantam Panyin wɔ Agona Apueeɛ Mantam a ɛwɔ Ghana Mfinimfini Mantam mu . Ɔbɛyɛɛ mmrahyɛbagua no muni maa mmrahyɛbagua a ɛtɔ so nnan wɔ Ghana man a ɛtɔ so nnan no mu na ɔbɛyɛɛ mmrahyɛbagua a ɛtɔ so nnum no muni maa Ghana man a ɛtɔ so nnan no.

Na Agyabeng yɛ Ɔmantam Panyin (DCE) ma saa bere no Agona Mantam no wɔ Ɔmanpanyin dedaw Nea Ɔkorɔn John Agyekum Kufuor nniso ase.

Na ɔyɛ okuafoɔ na ɔhyɛɛ ne kuayɛ adwuma ase wɔ afe 1998. Wɔbuu no atɛn sɛ Ɔmansin Kuafoɔ nyinaa wɔ 1 December 2017 wɔ Ɔman Akuafoɔ Da afahyɛ a ɛtɔ so aduasa mmiɛnsa a wɔyɛɛ no Agona Duotu wɔ Central region of Ghana.

Amanyɔsɛm[sesa]

Agyabeng gyinaa Agona Apueeɛ mantam a ɛwɔ Ghana Mfinimfini Mantam no ananmu sɛ Mmarahyɛ Bagua no muni wɔ Ghana a ɛtɔ so nnan mmrahyɛbagua a ɛtɔ so nnum no mu wɔ afe 2008 Ghana amansan abatoɔ no mu . Wɔpaw no wɔ New Patriotic Party no tekiti so . Wɔde abatoɔ 15,125 na ɛpaw no a ɛne abatoɔ a wɔtoeɛ nyinaa mu 49.62% yɛ pɛ. Theophilus F. Maranga a ofi National Democratic Congress ne Magnus Idan a ofi Democratic Freedom Party no dii nkogu wɔ saa abatow no mu bere a wonyaa abatow nyinaa mu 49.51% ne 0.87% akyi.[1] Ɔkuraa n’akongua so wɔ afe 2004 Ghana amansan abatoɔ no mu sɛ Ghana man a ɛtɔ so nnan no mmrahyɛbagua a ɛtɔ so nnan no muni. Ɔnyaa abatoɔ a wɔtoo no nyinaa yɛ 18,030 a ɛgyina hɔ ma 57.60% sene ne kandifoɔ afoforɔ, Theophilus Fuseini Maranga a ɔyɛ ɔkannifoɔ a ɔde ne ho a ɔtwee abatoɔ a ne nyinaa yɛ 7,427 a ɛgyina hɔ ma 23.70%, Kweku Adu Yeboah a ɔfiri National Democratic Congress a ɔnyaa abatoɔ 5,515 a ɛgyina hɔ ma 17.60% ne Stephen Kwame a ɔfiri Nkrumah Nnipa Ɔman Nhyiamu no mu nso twee abatoɔ a ne nyinaa yɛ 339 a ɛgyina hɔ ma 1.10% wɔ afe 2004 Ghana amansan abatoɔ no mu.

Ankorankoro asetra[sesa]

Agyabeng aware a ɔwɔ mma 5. Ɔyɛ Kristoni.

Nsɛm a wɔde gyinaa so[sesa]

  1. Ghana Elections 2008 (PDF). Ghana: Friedrich-Ebert-Stiftung. 2010. p. 77.