Joanna Dorothy Haigh
bɔbeasu | female |
---|---|
country of citizenship | United Kingdom |
given name | Joanna, Dorothy |
family name | Haigh |
date of birth | 7 Kotonimma 1954 |
beae a wɔwoo no | London |
languages spoken, written or signed | English |
occupation | physicist, meteorologist, environmentalist, climatologist, university teacher |
field of work | meteorology, climate change, atmospheric physics |
employer | Imperial College London, University of Oxford |
educated at | Somerville College, Imperial College London, St Cross College, Hitchin Girls' School |
academic degree | Doctor of Philosophy |
member of | Royal Society, Institute of Physics |
award received | Fellow of the Royal Society, Commander of the Order of the British Empire, Chree Medal and Prize, Fellow of the Institute of Physics |
official website | http://www.imperial.ac.uk/people/j.haigh |
Joanna Dorothy Haigh yɛ Britain ni a ɔsane nso yɛ nwomanimni.[1] Wɔwoo no wɔ Kɔtɔnimaa bosome no da a ɛtɔ so nson mu wɔ afe apem ahankron aduonum nan mu.[2] Ansana ɔrebɛkɔ ahomegyeɛ mu wɔ afe mpem mmienu ne du nkron mu no[3], na ɔwɔ abɔdin sɛ ɔkunin a ɔwɔ Atmospheric Physics adesua mu wɔ suapɔn a yɛfrɛ no Imperial College a ɛwɔ London.[4] Na ɔsane nso yɛ tenenee de ma Grantham Institute Climate Change and Environment.[5]
Ɔsane nso bɛyɛɛ panin a na ɔda Imperial College a ɛwɔ London no nkorabata a ɔhwɛ Physics adesua so. ɔyɛ Royal Society kuo ba (FRS), na ɔsane nso somm sɛ Royal Meteorological Society panin paa a ɔda wɔn ano.
ƆBRA AHYEASEƐ NE NWOMASUA[sesa]
Wɔwoo Haigh wɔ afe apem ahankron aduonum nan mu.[2] Ɔnya n’adesua mu nteteeɛ wɔ Hiltchin Girls’ sukuu, saa mmerɛ no na yɛfrɛ no All-girls grammar school a na ɛwɔ Hiltchin, Hertfordshire. Na ɔwɔ ɔdɔ de ma wiem nsakrae ho adesua, nti ɔsii beaɛ bi wɔ ne mmabaawa berɛ[3] mu wɔ ne dan akyi a na ɔde hwɛ sɛdeɛ wiem si fa dane dane. ɔsuaa Physics wɔ Somerville college, a ɛwɔ Oxford, ɔwieɛ gyee abɔdin krataa a yɛka no Borɔfo kasa mu sɛ Bachelor of Arts degree; sɛdeɛ amanneɛ teɛ no, ɔtoa n’adesua no so kɔgyee n’abɔdin krataa a ɛtɔ so mmienu a wɔato no din wɔ Borɔfo mu sɛ Master of Arts (Oxon) degree.
Anso hɔ ara, ɔsane nso toaa n’adesua no so kɔgyee n’abɔdin krataa foforɔ a ɛtɔ so mmiensa a wɔato no din wɔ Borɔfo mu sɛ Master of Science in meteorology wɔ Imperial College a ɛwɔ London. ɔkɔ wiee ne nwomasua no wɔ Oxford suapɔn no mu kɔgee n’abɔdin krataa foforɔ a ɛtɔ so nan a wɔato no din wɔ Borɔfo mu sɛ Doctor of Philosophy (DPhil) wɔ atmospheric physics a C.D Walshaw foɔ na wɔhwɛɛ ne so maa ɔwiee n’adesua no. wɔgyee saa abɔdin krataa yi wɔ afe apem ahankron aduowɔtwe mu berɛ a ɔyɛɛ nhwehwɛmu a ɔtoo din wɔ Borofo kasa mu sɛ Experiments with a two-dimensional model of the general circulation.[6]
N'ABRABƆ NE NHWEHWƐMU AHODOƆ[sesa]
Haigh yɛ okunini a yɛbɔ no mmarane sɛ Emeritus wɔ atmospheric physics adesua mu a, ɔsane nso kyerɛ adeɛ wɔ Imperial College mu wɔ London. ɛfiri afe mpem mmienu ne du-nan mu (2014) no, ɔyɛɛ tenenee de maa Grantham Institute-Climate Change and Environment. wasane nso ayɛ panin a na ɔda Imperial College a ɛwɔ London no nkorabata a ɛhwɛ Physics adesua so de firi afe mpem mmienu ne nkron (2009) de bɛsi afe mpem mmienu ne du-nan mu (2014).
BAABI A MENYAA MMOA FIRIIƐ[sesa]
- ↑ Haigh, Prof. Joanna Dorothy, (born 7 May 1954), Professor of Atmospheric Physics, 2001–19, now Emeritus, and Distinguished Research Fellow, since 2019, Imperial College London (in English), doi:10.1093/ww/9780199540884.001.0001/ww-9780199540884-e-258354, retrieved 2023-04-09
- ↑ 2.0 2.1 Joanna D. Haigh, retrieved 2023-04-09
- ↑ 3.0 3.1 Climate champion Jo Haigh retires after 35 years at Imperial | Imperial News | Imperial College London (in English), retrieved 2023-04-09
- ↑ Truth Will Out - Global warming is caused by human activity - OpenLearn - Open University, 2018-09-05, archived from the original on 2018-09-05, retrieved 2023-04-09
- ↑ Rosamund Pearce (2019-04-29), The Carbon Brief Interview: Prof Joanna Haigh (in English), retrieved 2023-04-09
- ↑ J. Haigh, Joanna Haigh (1980), Experiments with a two-dimentional model of the general circulation (in English), retrieved 2023-04-09