Jambaidu Awuni

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Jambaidu Awuni Kane Ghanani amanyɔni wɔ Ghana adyeman a edikan no mu. Na ɔka mmarhyɛ baguakuo a na wogyina hɔ ma atifi amantamfo wɔ amnyɔkuo Conventions Northern Peoples Party din mu firi afe 1951 kosii afe 1954 mu. Wosan nso paw no biom sɛ mmarahyɛ baguani a ogyina hɔ ma Kusasi nfinfin mpɛsoa so wɔ afe 1956 kosii afe 1965 mu.

Bre a Bawku Naba (Bawku manhene) wui no, Awuni boa ne wɔfa senea obetumi abɛyɛ Bawku Naba nanso, ankɔ sɛnea na wɔhwehwɛ no. Awuni de soboɔ bɔɔ Mumuni Bawumia sɛ ɔno na ɔhyehyɛɛ akyire yɛ nneɛma bi nti na wɔn anni nkunim no. Esiane eyi nti, Sɛ Mumuni Bawumia bɛkɔ so ayɛ amnyɔkuo Neorthern Peoples Party no ni a, ɔbɛtwe ne ho afri amanyɔkuo no ho. ɔdane ne nneɛma guu hɔ de ne ho kɔdɔɔm aamnyɔkuo a ɛne Conventions Peoples Party (CPP) no wɔ mmarhyɛ baguakuo no mu wɔ August, afe 1957. Wɔ afe 1957 mu no, ɔbɛyɛɛ mmarahye baguani a ogyina hɔ ma Garu mpesoa. Okuraa dibea yi kosii afe 1966 bre a wotuu Nkruma aban gui. [1][2][3] [4][5][6][7][8][9][10] [11]

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. "1 ".
  2. "2 ".
  3. "3 ".
  4. "4 ".
  5. "5 ".
  6. "6 ".
  7. "7 ".
  8. "8 ".
  9. "9 ".
  10. "10 ".
  11. "11 ". Archived from the original on 2023-08-03. Retrieved 2023-09-14.