Jackie Appiah

Ɛfi Wikipedia

Jackie Appiah (wɔwoo no Ɔpɛnimaa 5,1983[1]) yɛ Ghana sinitwafoɔ a wɔwoo no wɔ Canada. N’adwuma sɛ sinitwafoɔ nti, wanya abasobɔdeɛ ne din ahodoɔ pii, a nea ɛka ho ne abasobɔdeɛ a ɛfa sinitwafoɔ a Ɔsene obiara wɔ Dwuma a Ɛdi Kan wɔ afe mpem mmienu ne du mu (2010) firii Africa Movie Academy Awards; ɛnne sinitwafoɔ a ɔsen biara wɔ adwuma no mu sɛ no sɛ ɔredi ne dwuma sɛ ɔboafoɔ wɔ sinitwa no mu wɔ Africa Movie Academy Awards mu wɔ afe mpem mmienu ne nson (2007) mu.[2][4] Ɔnyaa abasobɔdeɛ mmienu sɛ sinitwafoɔ a Ɔsen Biara wɔ Dwumadie a Ɛdi Kan ne sinitwafoɔ a Ɔreba a Ɔsene obiara wɔ Africa Movie Academy Awards wɔ afe mpem mmienu ne nwɔtwe (2008) mu.[5][6] Glitz Africa maa no abasobɔeɛ a wɔfrɛ no Excellence in Creative Art Award wɔ Ghana Women of the Year Honors 2023. Ɔyɛ sini yɛfoɔ, ntadehyɛ ho ɔyɛkyerɛfoɔ ne obi a ɔboa nnipa.

Abrabɔ ahyɛaeɛ[sesa]

Wɔwoo Jackie Appiah wɔ Ɔpɛnimaa bosome no da a ɛtɔ so num wɔ afe 1983, wɔ Toronto, Canada. Ɔno ne mmɔfra baanum no mu nea ɔtwa toɔ. Ɔyɛ Ghana-Canadani, sɛdeɛ wɔwoo no wɔ Toronto no nti. Ɔdii ne mmɔfraberɛm wɔ Canada, na ɔne ne maame tu kɔɔ Ghana berɛ a na wadi mfeɛ du (10).[7] Nnipa pii de n’ababaa din Apia frɛ no. Appiah waree Peter Agyemang wɔ afe 2005 mu, na ɔwɔ ɔbabarima baako.[8] Appiah papa ne Kwabena Appiah (owufoɔ Joe Appiah, mmaranimfoɔ a wagye din wɔ Kumasi no nua kumaa), mprɛmprɛn yi ɔte Toronto, Ontario, Canada.

Ne nwuma ahodoɔ[sesa]

Awuraa a yɛfrɛ no sɛ Jackie Appiah atwa sini ahodoɔ beberee. Deɛ ɛdi mu akotene no bi na ɛdidi soɔ yi;

  • Things We Do For Love
  • Divine Love
  • The Heart of Men
  • The Power of a Woman
  • Run Baby Run
  • Beyoncé - The President Daughter
  • The Return of Beyoncé
  • Mummy’s Daughter
  • The Love Doctor
  • Royal Battle
  • Chasing Hope
  • Princess Tyra
  • the prince's bride
  • Fake Feelings
  • Wind of Love
  • Total Love
  • Passion of the Soul
  • Mortal Desire
  • Pretty Queen
  • The Prince's Bride
  • The King is Mine
  • Spirit of a Dancer
  • Excess Money
  • Blindfold
  • Before My Eyes
  • Virginity
  • Career woman
  • Passion Lady
  • Her Excellency
  • The Perfect Picture
  • Prince of the Niger
  • My Last Wedding
  • Love Games
  • Tears of Womanhood
  • Night Wedding
  • A Cry for Justice
  • 4 Plays
  • 4 Play Reloaded
  • Death after Birth
  • Golden Stool
  • Deadly Assignment
  • Turning Point
  • Wrath of a Woman
  • Blind Lust
  • Black Soul
  • Against My Will
  • Royal Kidnap
  • End of Royal Kidnap
  • The Siege
  • Royal Honour
  • Eye of the gods
  • The Comforter
  • Palace Slave
  • Throwing Stones
  • Comfort My Soul
  • Above Love
  • Wind of Sorrow
  • Piece of My Soul
  • Cold Heart
  • Golden Heart
  • A Bitter Blessing
  • Queens heart
  • Kings heart
  • Forever young
  • Barrister Anita
  • Deep Fever
  • Sisters At War
  • Cheaters
  • The Perfect Picture: Ten Years Later
  • Reason To Kill
  • Grooms Bride
  • Heart of Men
  • Stigma
  • Yolo
  • Perfect Love 1ins
  • Perfect Love 2

Baabi a menyaa mmoaa firiiɛ[sesa]

  1. Jackie Appiah Biography | Profile | Ghana, retrieved 2024-03-08
  2. Unveilling Queen Jackie Appiah•Best Actress in Africa, 2010-05-06, archived from the original on 2010-05-06, retrieved 2024-03-08{{citation}}: CS1 maint: bot: original URL status unknown (link)