Ismail bawa

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Yɛwoo Ismail Bawa wɔ Fankwa Ɛbɔ da a ɛtɔ so nan wɔ afe apem ahankron ne aduanan nson (4 Seeptember 1947) a ɔyɛ Ghana amanyɔni ne akorokansie kyerɛfo. Ɔsom sɛ ekuoba wɔ mmarahyɛbedwam de maa Ablekuma mfinimfin mpɛsoaso a ɛwɔ Nkran mantam wɔ Ghana.[1][2]

Abrabɔ Mfitiaseɛ ne Nnwomasua[sesa]

Yɛwoo no wɔ Fankwa Ɛbɔ da a ɛtɔ so nan wɔ afe apem ahankron ne aduanan nson. Ɔkɔɔ ''Winneba Sport College'' babia onyaa abɔdin wɔ akorokansie kyerɛfo no.[3]

Amanyɔsɛm[sesa]

Wɔtoo aba yii Bawa sɛ ekuoba wɔ mmarahyɛbedwam a edikan wɔ Adehyeman a ɛtɔ so nan wɔ Ghana wɔ bere a wɔtoo afe apem ahankron ne aduokron mmienu (1992) Ghana mmarahyɛbedwam aba a na ɔyɛ anamɔnsini de ma Kyineɛ Amanyɔkuo (National Democratic Congress). Adotey Nelson -Cofie badii Bawa adeɛ a na ɔyɛ ekuoba wɔ Mmarahyɛbedwam wɔ Adehyeman a ɛtɔ so mmiensa wɔ Ghana. Nanso, ɔhweree akɔnnwa no wɔ afe apem ahankron ne aduokron nsia (1996) wɔ Ghana abatoɔ a yɛto de yi amanpaninfoɔ ne mmarahyɛbedwafoɔ de maa Clement Samuel Crabbe a na ogyina hɔ ma Ɔsono Amanyɔkuo (New Patriotic Party) no ma ɔfaa akɔnnwa no.

Samuel Crabbe dii nkonim wɔ abatoɔ no mu a onyaa mma mpem aduasa, ɔha ne aduonum nwɔtwe (30,158) a ɛgyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛm aduasa mmienu akyiripɔn aduasa (32.30%) wɔ ne kyɛfa mu a ɔmaa Ismail Bawa a ɔwɔ Kyineɛ Amanyɔkuo (National Democratic Congress) a onyaa mma mpem aduonu nwɔtwe, ɔhankron ne aduonum mmienu (28,958) a ɛgyina hɔ ma ɔha nkyekyɛm mu aduosa baako wɔ ne kyɛfa mu dii ntwo, Cornelius Adablah a ogyina ne ho so nyaa mma mpem nson ne aduokron mmienu (7,092) a ɛgyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛm nson akyiripɔn aduasia (7.60%) wɔ ne kyɛfa mu, Ahmed Ramadan a ɔyɛ ''People's National Convention'' nyaa mma mpem nsia ɔhanum ne aduasia nkron (6,569) wɔ abatoɔ no mu a ɛgyina hɔ ma ɔha nkyekyɛm mu nson (7.00%) wɔ ne kyɛfa mu Ellis Ɛuaye a ɔwɔ ''Conventional People's Party'' a onyaa mma mpem baako, ɔhanson ne aduoson mmiensa wɔ abatoɔ no mu(1,773) a ɛgyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛm baako akyiripɔn aduokron (1.90%) na Victor Okuley Nortey a ɔwɔ Ɔsono Amanyɔkuo (New Patriotic Party) no mu anya hwee wɔ abatoɔ no mu[4].[5][6]

Ne Nwuma[sesa]

Ismail Bawa yɛ ekuoba a watwam wɔ mmarahyɛbedwam a adikan wɔ Ghana,ɔsom firii Ɔpɛpɔn bosome da ɛtɔ so nson afe apem ahankron ne aduokron mmiensa (07 January 1993) kɔsi Ɔpɛpɔn bosome da a ɛtɔ so nsia wɔ afe apem ahankron ne aduokron nson (06 January 1997), na ɔyɛ agokansie kyerɛfo.

Abrabɔ[sesa]

Na ɔyɛ nkramoni

Beaɛ a menyaa Mmoa Firi Yɛ[sesa]

  1. Close [1] "The Ghana Parliament's First Year". Parliamentary Affairs. 1957. doi:10.1093/oxfordjournals.pa.a053745. ISSN 1460-2482
  2. Close [2] "Ghana MPs - List of 2013 - 2017 (6th Parliament) MPs". www.ghanamps.com. Retrieved 2021-02-04.
  3. 3] Ghana Parliamentary Register 1992-1996.
  4. Close [4] FM, Peace. "Ghana Election 1996 Results - Ablekuma Central Constituency". Ghana Elections - Peace FM. Retrieved 2021-02-10.
  5. Close [5] Larvie, John; Badu, Kwasi Afriyie (1996). Elections in Ghana 1996. Electoral Commission. ISBN 978-9988-572-49-5.
  6. Close [6] Ghana (1992). Parliamentary Election, Ghana, 29.12.92: Elected Parliamentarians. Government Printer, South Africa.