Human Rights

Ɛfi Wikipedia

Human Rights yɛ nneyɛ pa ne mmra ma nnoɔma bi nom ne nnipa suban a ɛsane fa mmra a ɛkyekyerɛ yɛn wɔ yɛn man mu ne amanɔne mmra ho. Yɛ taa te aseɛ sɛ ɛka yɛ ho na ɛyɛ nnipa fa ho die a ɛho hia a nipa biara wɔ ɛfiri sɛ ɔyɛ nipa a ɛsane wɔ nipa biara mu ɛnfa ho ne ne mfeɛ, deɛ ɔfri, deɛ ɔte, ne kasa n'asɔre ne deɛ ɛkeka ho. ɛwɔ babiara ne berɛ bibiara ɛwɔ ɔdasani tirim a ɛyɛ obiara gyidie sɛ ɛyɛ mmra a ɛwɔ nipa biara nyansa mu. Wɔ fa no sɛ ɛhia ahumɔbrɔ ne mmra a yɛde gyina nipa so sɛ ɔbɛbu afoforɔ, na wɔfa ne sɛ ɛnsɛ sɛ ɔgye firi obiara nsam gyesɛ nnoɔma bi ho nti.

Gyedie a ɛwɔ nipa fa ho die ne sɛ wafa ne ade keseɛ wɔ amanɔne mmra ne wiase ne mantam nnwuma mu. Anamɔntuo a aban ne atuhoakyɛfoɔ nnwumakuo ayɛ ho nnoɔma bɔ dawuro wɔ wiase afa nan nyinaa mu. Wɔn adwen kyerɛ ne sɛ sɛ wɔn nyinaa wɔ kasa baako na wɔyɛ adwen korɔ deɛ a ɛneɛ na ɛyɛ nipa fa ho die no no. Wɔn gyedie kɛseɛ ne sɛ gyedie a wowɔ wɔnipa fa ho die ho no toa so de hyɛ okyinnyegyefoɔ abufuo ne akyinneyɛ wɔ deɛ ɛkura mu, deɛ ɛteɛ ne anoyie a ɛwɔ nipa fa ho die ho besi nnɛ. Edin fa ho die no ɛyɛ adeɛ a ayɛ bibia ɛwɔ hɔ a ɛhyɛ nyansapɛ ntoasoɔ so akyinnyeyɛ,wɔberɛ a wɔsusu sɛ nipa fa ho die fa nnoɔma bebree ho binom ne fa ho die a ɛfa kɔɔto nsɛm ho, banbɔ de tia nkoayɛ, fa ho die a ɛtia akumkum akumkum ho ne kasa ho anaa nnwomasua ho ɔredwendwen deɛ ɔnfa nka deɛ ɛwɔ hɔ dada no ho, ebinom dwen ho sɛ fa ho die no nnyɛ biribi kakraa bi na anfa nsɛm pii amma na ebinom nso se ɔmfa no ade keseɛ. Yɛ sane hunu no sɛ fa ho die deɛ Onyankopɔn na ɛde ama nipa nyinaa mu nso ɛbinom tia saa asɛm yi.

Nnipa bebree adwen kyerɛ ne sɛ nipa fa ho die no baa so wɔ Ntɔkwa Kɛseɛ a ɛtɔso mmienu no akyi ne nnoɔma a ɛkɔɔ so wɔ Holocaust wɔ Universal Declaration Of Human Rights kɛseɛɛ mu wɔ Paris a ɛyɛ United Nations General Assembly na yɛɛ wɔ afe apem ɔha nkron ne aduonan nnwɔtwe. Na tetefoɔ no nni saa din no ma no. Edin ankasa a ɔde maa no yɛ Natural Rights a ɛpuie mu sɛ mfinmfini mu hɔ baabi sɛ Natural Law a ɛbɛyɛ ade hia wɔ European Enlightenment a na John Locke, Francis Hutcheson ne Jean- Jacques Burlamaqui a ɛyɛɛ ade titire wɔ wɔn amanyɔsɛem mu wɔ American Revolution ne French Revolution.

BEAE A MENYAA MMOA FIRIIɛ[sesa]

1.James Nickel, with assistance from Thomas Pogge, M.B.E. Smith, and Leif Wenar, 13 December 2013, Stanford Encyclopedia of Philosophy, Human Rights Archived 5 August 2019 at the Wayback Machine. Retrieved 14 August 2014