Habib iddrisu

Ɛfi Wikipedia

Habib Iddrisu yɛ Ghana amanyɔni wɔ New Patriotic Party(NPP). ɔyɛ mmrahyɛbɛni de ma Tolon abatoɔ mpɛsoa a ɛwɔ Apueɛ mantam wɔ Ghana.

N'ADWUMA[sesa]

Iddrisu yɛ mprɛmprɛn twerɛtwerɛfoc abɛdie akyire de ma Ghana Free Zones Authority ɛwɔ Tema ne ne mpotamu.

AMANYɔSɛM[sesa]

ɛwɔ mfe mpem mmienu ne du nsia mmrahyɛbedwa abatoɔ no, Iddrisu gyina maa Sagnarigu abatoɔ mpesoa de tia Alhassan Bashir Fuseini a ɔwɔ NDC amanyɔkuo mu. Mma mpem nson ɔha nnwɔtwe ne aduowɔtwe nnwɔtwe na fri ne nsa a ɛgyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛmu aduonu a Fuseini nso nyaa mpem aduonu nsia ɔha nnwɔtwe ne aduokron nnwɔtwe a ɛgyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu aduowɔtwe.

ɛduru mfe mpem mmienu ne aduonu mu abatoɔ no so no Iddrisu bɛgyina mu biom na afe wei deɛ ɔgyina maa Tolon abatoɔ mpɛsoa.Wɔ Ayɛwohomumo bosome wɔmfe mpem mmienu ne aduonu mu no ɔnyaa aba a ɔto de ma wɔn a ɔgyina mu ma amanyɔkuo no de ma Tolon mpɛsoa de tia Wahab Wumbei Suhuyini a wasom wɔ mmrahyɛbɛdwafie mprɛnu de fri ɔpɛpɔn bosome wɔmfe mpem mmienu ne du mmiensa. ɔde mma ɔha mmiensa ne aduasa nnwɔtwe na di nkunim wɔ berɛ afoforɔ nyenya ɔha baako ne aduosia mmienu ne aduasa.

Iddrisu bɛyɛɛ mmrahyɛbedwani de maa Tolon wɔ mfe mpem mmienu ne aduonu wɔ ɔpɛnimaa bosome wɔ mmrahyɛbɛdwafie abatoɔ no mu. ɔde no bɛyɛɛ mmrahyɛbɛdwani frisɛ ɔnyaa mma mpem aduosa baako ɔha nan ne aduonu nkrona ɛgyina h ma ɔha nkyekyɛmu aduonum ne nnwɔtwe de tia Yussif Adam a ɔdom NDC amanyɔkuo no a ɔnyaa mma mpem mmienu ne mmienu ɔha baako ne aduanan num a ɛgyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu aduanan baako.

BEAEɛ ME NYAA MMOA FIRI[sesa]

1.https://www.modernghana.com/news/1008742/npp-primaries-alhaji-habib-iddrisu-to-win-tolon.html

2.https://www.modernghana.com/news/905952/the-race-to-represent-npp-in-parliament-who-is.html

3.https://www.modernghana.com/news/988615/alhaji-habib-iddrisu-receives-humanitarian-award.html

4.https://citinewsroom.com/2020/12/i-wont-disappoint-you-newly-elected-tolon-mp-to-constituents/