Jump to content

George Takyi

Ɛfi Wikipedia
George Takyi
nnipa
bɔbeasumale Sesa
ɔman a ofiri muGhana Sesa
name in native languageGeorge Kwabena Obeng Takyi Sesa
din a wɔde ama noGeorge Sesa
abusua dinTakyi Sesa
da a wɔwoo no29 Ɔbɛnem 1965 Sesa
beae a wɔwoo noMpatuam Sesa
native languageAsante Kasa Sesa
languages spoken, written or signedEnglish, Asante Kasa Sesa
n'adwumaAmanyɔni, chartered accountant Sesa
employerUniversity of Education, Winneba Sesa
dibeaMember of the 8th Parliament of the 4th Republic of Ghana Sesa
work locationKumasi Sesa
member of political partyNew Patriotic Party Sesa
candidacy in election2020 Ghanaian general election Sesa
religion or worldviewKinilisyano Sesa
replacesJoseph Albert Quarm Sesa

George Kwabena Obeng Takyi (wɔwoo no 29 Ɔbenim 1965) yɛ akontabufoɔ a wɔagye no atom na seesei ɔyɛ Mmarahyɛbadwa a Ɛtɔ so Nwɔtwe a ɛwɔ Ghana Aman a Ɛto so Anan no muni ma Manso Nkwanta Mansin a ɛwɔ Ashanti Mantam mu.

Mfitiaseɛ asetena ne nhomasua[sesa]

Wɔwoo Takyi 29 March 1965 wɔ Mpatuam, wɔ Amansie West District fi afe 1988. Ɔwɔ MBA wɔ Chartered Accountancy, Business Communication mu. Ɔsan nso wɔ PhD kandifoɔ wɔ Akontaabuo, Sikasɛm ne Toɔtua mu.

Adwuma[sesa]

Ansa na ɔrekɔ amammuisɛm mu no, Takyi yɛɛ adwuma sɛ ɔkyerɛkyerɛfoɔ wɔ Kumasi sukuupɔn a ɛwɔ Nhomasua Suapɔn mu, Winneba.

Amanyɔsɛm[sesa]

Ɔyɛ Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforo no muni na mprempren ɔyɛ mmarahyɛbadwani ma Manso Nkwanta Mantam a ɛwɔ Ashanti Mantam mu.Odii nkonim wɔ NPP Mmarahyɛ Bagua no primaries mu maa Manso Nkwanta atenaeɛ no tiaa Joseph Albert Quarm. Akyiri yi ɔne Bance Musah Osmane a ɔyɛ NDC kandifoɔ sii akan wɔ Ɔpɛnimma 2020 abatoɔ no mu. Takyi nyaa abatoɔ 34,408 a ɛyɛɛ abatoɔ a wɔtoeɛ nyinaa mu 76.1% de dii nkonim wɔ Manso Nkwanta Abatoɔ Mpɛsua nkongua no so wɔ New Patriotic Party (NPP) tekiti so berɛ a NDC mmarahyɛbadwafoɔ a ɔpɛ sɛ ɔyɛ ɔmanpanyin no nyaa abatoɔ 10,798 a ɛyɛɛ abatoɔ a wɔtoeɛ nyinaa mu 23.9%.

Boayikuo[sesa]

Ɔyɛ Aban Awerɛhyɛmu Boayikuo no muni na ɔsan yɛ Aduan, Kuadwuma ne Kokoo Nsɛm Boayikuo no muni.

N'asetena[sesa]

Ɔyɛ Kristoni.

Adɔyɛ[sesa]

Wɔ Ɔgyefo 2021, ɔde sukuu ntadeɛ bi ne PPE maa sukuu ahodoɔ bi a ɛwɔ Manso Nkwanta Mansin mu wɔ Ashanti Mantam mu.