Francis bebey

Ɛfi Wikipedia

Francis Bebey, ɔwoo no wɔ afe apem ɔha nkron ne aduonu nkron wɔ Duoala, Cameroon na ɔwuiɛ wɔ Kotonimaa bosome ne da a ɛtɔso aduonu nnwɔtwe wɔ mfe mpem mmienu ne baako wɔ Paris, France man mu. Na ɔyɛ Cameroonni a ɔtwerɛ na ɔsane bɔ nnwom.

ABRABɔ AHYEASEɛ[sesa]

Wɔwoo Francis Bebey wɔ Duoala, Cameroon wɔ Kitawonsa bosome ne da a ɛtɔso du num wɔ afe apem ɔha nkron ne aduonu nkron. Bebey kɔɔ kolege wɔ Duoala ɛhɔ na ɔkɔ sua Mathematics ansa na ɔkɔsua Broadcasting wɔ University of Paris. Bebey kɔɔ United States kɔ toa Broadcasting so wɔ New York University. Wɔ afe apem ɔha nkron ne aduonum nson no Bebey dii Kwame Nkrumah asɛm so baa nsra wɔ Ghana bɛyɛɛ nsɛm twerɛni.

NNWOM ADWUMA[sesa]

Wɔ afe apem ɔha nkron ne aduosia anim mu no, Bebey kɔɔ France bɛhyɛɛ ntwerɛ dwuma ase wɔberɛ ɔreyi ne adi akyerɛ sɛ nnwomtoni,atwerɛ ne sculptor mu. Na ɔyɛ bibini nnwomtoni a ɔdikan de Electrical Keyboard ne Programmable ntwene mfidie ka yɛn abibirem mfidie yɛɛ adwuma. Ne nnwoma agye din Agatha Moudio's Son. Wɔberɛ a na ɔne UNESCO reyɛ adwuma wɔ afe apem ɔha nkron ne aduosia baako de kɔsi afe apem ɔha nkron ne aduoson nan ɔbɛyɛɛ nnwomtoɔ panin wɔ Paris.Wei boa maa ɔ̯bɛyɛɛ nhwehwɛmu wɔ abibifoɔ nnwomtoɔ mu.

Bebey yii ne nnwom a ɛbom a ɛdikan wɔ afe apem ɔha nkron ne aduosia nkron. Bebey yii ne nnwom ne nnwom a ɛbom bebree bɛyɛ aduonu wɔ Ozileka wɔ afe apem ɔha nkron ne aduoson num de kɔsi afe apem ɔha nkron ne aduokron nson. Na ɔtaa de Guitar na yɛ nnwom nanso na ɔde abibifoɔ mfidie nso ka ho.Ne nyinaa mu no ɔyi Bebey ayɛ wɔ ne nnwomtoɔ mu nanso na nnwomtoɔ no tia ne kasa ho nnwom ahyeaseɛ no. Na ne neɛ nyinaa ayɛ sɛ Cameroon Makossani a ɔde gyitar, yass ne pop a na amanfoɔ hunu no sɛ ɔyɛ ade ɛpaa, nimdefoɔ. anika na ɛyɛ nyansa nso.

ɔde Duoala, French ne English too ne nnwom.

Bebey boa yii Manu Dibango dwuma pueɛ. Bebey de ne nnwom akuoakuo aduonu na baa abonten wɔ berɛ na ɔwɔ adwuma no mu, na ɔtwerɛ nsɛm bi te sɛ Black Tears a ɔtwerɛ maa March on Washington for Jobs and Freedom.

Bebey di ntintiman wɔ n'dehou wɔ one-note bamboo flute a Central African Pygmies yɛɛ yɛ no. ɛnam beaeɛ na ɔtete no nti bebree noaa nnim Pygmies nanso Bebey fa too ne ho so sɛ ɔbɛsua wɔn amamrɛ afiri African Pygmies na ankasa hɔ ne titire ne wɔn nnwom ne wɔn nyansa fa wiase ho.

NNWOMA ADWUMA[sesa]

Bebey twerɛɛ nnwoma, anwensɛm, agorɔ, ne deɛ ɛkeka ho. ɔhyɛɛ atwerɛ no ase sɛ nsɛm twerɛni wɔ afe apem ɔha nkron ne aduonum ɛduruu berɛ bi ɔbɛyɛɛ nsɛm twerɛni wɔ Ghana ne Abibiman maa French radio mfidie bi te sɛ Societe de radiodiffusion de la France d'outre-mer(SORAFAM).

Na Bebey ntwereɛ a ɛdikan Le Fils d'Agatha Moudio(Agatha Moudio's Son) a ɔde baa abɔten wɔ afe apem ɔha nkron ne aduosia nson na ɔnyaa n'abasobɔdeɛ Grand Prix Litteraire d'Afrique Noire wɔ afe apem ɔha nkron ne aduosia nnwɔtwe a ɛyɛ n'adwuma ɛsɔ ani paa. ɔde ne nnwoma L'enfant Pluie(The child of rain) a ɔde baa abɔnten wɔ afe apem ɔha aduanan ne nan nso nyaa abasobɔdeɛ The Prize Sai a nt Exupery.

Bebey de ne nimdeɛ wɔ Abibifoɔ ho twerɛɛ nnwoma faa mmɔfra ne mpaninyɛ ho nsɛm.

NE WUO NE DEɛ YɛDE KAE NO[sesa]

Bebey wuu wɔ Paris, France Kɔtonima bosome ne da a ɛtɔso aduonu nnwɔtwe wɔ mfe mpem mmienu ne baako. ɔgyaa ne mma Patrick, Toups, ne Kidi Bebey ne ne yere.

John Williams twerɛɛ "Hello Francis" de kae Bebey. Nnwom no gyina Makossa asa a agye din wɔ Cameroon a na Francis taa de sa ne nsɛm a ɛfiri nnwom no mu The Magic Box ne Hidden Bit a ɛyɛ J.S. Bach dea.

Arcade Fire nnwom a ɔne Francis bɔɔeɛ Everything Now ne "The Coffee Cola nnwom. Nnwom no mu fa baabi no Patrick Bebey a ɛyɛ Francis ba barima na bɔɔɔeɛ.

N'ABASOBODEɛ[sesa]

Francis Bebey de n'atwerɛtwerɛ nyaa abasobodeɛ wɔ Grand Prix de la Memiore GPLA wɔ mfe mpem mmienu ne du mmiɛnsa mu.Grand Prix de la Memoire yɛ abasobodeɛ a ɔde ma atwerɛtwerɛfoɔ na ɔdi ntintiman wɔ Cameroon atwereɛ mu a wawu. ɔde ne nnwoma ɛdikan Le Fils d;Agatha Moudio(Agatha Moudio's Son ) na nyaa Grand Prix Litteraire de L'Afrique Noire abasobodeɛ wɔ afe apem ɔha nkron ne aduosia nnwɔtwe mu. Grand Prix Litteraire abasobodeɛ no deɛ ɔyɛ maa Abibifoc. Ne nnwoma L'Enfant Pluie(Rain Child) no ɔde nyaa Prix Saint Exupery abasobɔdeɛ no wɔ afe afe apem ɔha nkron ne aduokron nan. Prix Saint Exupery abasobodeɛ deɛ ɔyɛ maa atwerɛtwerɛfoɔ a ɔdɔ mmranteɛ na mmranteɛ nso dɔ ne nnwoma.

NE NNWOM HO NSɛM[sesa]

Nnwom Ahodoɔ Apaawa

*Concert Pour Un Vieux Masque, LP, Philips, 1968

*Savannah Georgia, LP, Fiesta Records, 1975

*Guitare D'Une Autre Rime, LP, Ozileka, 1975

*La Condition Masculine, LP, 1976

*Fleur Tropicale, LP, Ozileka, 1976

*Je Vous Aime Zaime, LP, Ozileka, 1977