Elizabeth Frances Sey

Ɛfi Wikipedia

Elizabeth Frances Baaba Sey ( woo Biney ) (Ayɛwohomumɔ 21, 1927 – 1991) yɛ ɔbaa a ɔdi kan a ɔwiee Ghana Suapɔn . Bere a ɔkɔɔ Achimota Ntoaso Sukuu a ɛwɔ Accra, no, wogyee no kɔɔ nea saa bere no na wɔfrɛ no University College of the Gold Coast, mprempren Ghana Sukuupɔn, wɔ afe 1950 mu na owiee sukuu no nyaa BA abodin krataa wɔ afe 1953.

Bere a owiee sukuu no ɔbɛyɛɛ Nhomasua sohwɛfo maa Sekondi . Na ɔyɛ Engiresi kasa Dwumadibea no Titenani wɔ Achimota Sukuu mu kosii sɛAmanaman ogyaee adwuma wɔ 1987 mu. Bio nso, ɔyɛɛ Ghana Ntam Sukuu no Aban Bagua no mu kosii sɛ owui. Ɔkyerɛɛ ade wɔ sukuu ahorow bi mu a Wesley Girls’ High School, Cape Coast ; Saint Louis Ntoaso Sukuu a ɛwɔ Kumasi ; ne Achimota Sukuu a ɛwɔ Accra no. Ghana Suapɔn too atraeɛ dan a ɛwɔ adan 400 din Elizabeth Sey Hall wɔ afe 2011 mu, de hyɛɛ no anuonyam de kaee ne mmoa a ɔde maa sukuu no. [1]

Na ne kunu ne Samuel Sey, Barclays Bank Ghana Limited no Titenani na ɔsan yɛ Ghana Suapɔn Bagua no Titenani. Owui wɔ 10 Ayɛwohomumɔ 1991. Wɔwoo mma baanu.

Nsɛm a wɔde gyinaa so[sesa]

  1. Elizabeth Frances Sey Hall - UG: History and Today, archived from the original on 2023-01-27, retrieved 2023-01-27