Ebo Barton Odro

Ɛfi Wikipedia

Ebo Barton-Odro yɛ Ghana amammuifoɔ na na ɔyɛ Ghana Mmarahyɛ Bagua no Kasafoɔ Abadiakyiri a ɔdi kan.[1]Ɔyɛ mmarahyɛ baguani wɔ Cape Coast North mantam mu firi afe 2008 kɔsi afe 2016.[2][3]

Abrabɔ mfitiase ne nhomasua[sesa]

Wɔwoo Barton-Odro wɔ Saltpond, Central Region. Ɔkɔɔ Mfantsipim Sukuu ne Ghana Mmara Sukuu na ɔsan nso nyaa mmara ho abodin krataa wɔ Ghana Suapɔn mu.[4]

Adwuma[sesa]

Barton-Odro yɛ mmaranimfo. Ɔsomm sɛ Barton ne Mfɛfo Nnwumakuw no Titenani. Afe 2009 mu no, ɔbɛyɛɛ Ghana Mmarahyɛ Bagua no muni.[4]

Amanyɔsɛm[sesa]

Barton-Odro yɛ National Democratic Congress (NDC) muni .[4] Na ɔyɛ NDC mmarahyɛ bagua no muni ananmusifo ma saa bere no Cape Coast Constituency. Wɔ afe 2008 mu, wɔ National Democratic Congress tekiti ase no, ɔsii akan wɔ afe 2012 Ghana Amansan Abatoɔ no mu na ɔdii nkonim. Wɔ afe 2012 mu no, ɔsan sii akan wɔ afe 2012 Ghana Amansan Abatoɔ no mu na ɔdii nkonim. Ɔdii akansifoɔ afoforɔ a Henrietta Abane ne Sarah Mary Bucknor ka ho no so nkonim denam abatoɔ 21,189 a ɔnyaeɛ a ɛyɛ abatoɔ a wɔtoeɛ nyinaa mu 51.53%.[5]

Ankorankoro asetra[sesa]

Barton-Odro yɛ Kristoni. Ɔwaree na ɔwɔ mma baanan.[4]

Bia mmoa firi[sesa]

  1. "Ebo Barton-Odro", Wikipedia (in English), 2023-01-06, retrieved 2023-10-03
  2. "Ebo Barton-Odro", Wikipedia (in English), 2023-01-06, retrieved 2023-10-03
  3. "Ebo Barton-Odro", Wikipedia (in English), 2023-01-06, retrieved 2023-10-03
  4. 4.0 4.1 4.2 4.3 "Ebo Barton-Odro", Wikipedia (in English), 2023-01-06, retrieved 2023-10-03
  5. Peace FM, Cape Coast North Constituency Results - Election 2012, retrieved 2023-10-03