Dracaena arborea

Ɛfi Wikipedia

Dracaena arborea dua dracaena, yɛ nhwiren bi a ɛwɔ abusua Asparagaceae mu, ɛwɔ Afrika atɔe fam ne atɔe fam mfinimfini a ɛhɔ yɛ hyew a ɛyɛ nsuo.[1] Wɔde di dwuma sɛ mmɔnten so dua wɔ Afrika ne Brazil nkurow dodow bi mu.[2]

Nkyerɛmu[sesa]

Dua a ne kɛseɛ yɛ mfinimfini a ne sorokɔ taa yɛ mita aduonu(20), ɛtɔ mmere bi a ɛkɔ soro kodu mita aduasa(30), ne tɛtrɛtɛ yɛ sɛntimita aduasa(30), ne dua no taa yɛ akokɔ saadeɛ su bere a ɛyɛ ketewa nanso ɛyɛ fitaa bere a anyini no.[3] Mpɛn pii no, n'haban tenten boro sɛntimita aduanan(40), ɛtɔ mmerɛ bi a ɛkɔ soro koduru sɛntimita ɔha aduonum(150), na ne tɛtrɛtɛ taa boro sɛntimita nnan(4) a ne tɛtrɛtɛ kodu sɛntimita du(10); n'haban no yɛ ntiantiaa a ɛyɛ oblanceolate wɔ ne nhyehyeɛ mu.[3] Nhwiren a wɔahyehyɛ no sɛ nsensan a ɛsensɛn hɔ, nhwiren no ayɛ akuakuo a emufoɔ yɛ mmiɛnsa(3) kosi nnum(5) wo ne nkorabata awieɛ.[3]

Ne dwumadie[sesa]

Wɔtaa dua Dracaena arborea de twa asieɛ ho hyia de kyerɛ ahyeɛ wɔ Cameroon ne Burundi mmeae bi na wodua nso de yɛ adwadeɛ.[3] Wɔde aduruo a wɔnya afiri ne nhini mu nsuo a wɔde afra bobesa mu di dwuma de ma mmarima nna mu dwumadi tu mpɔn wɔ Cameroon mmeae bi.[4]

Bɛɛbi a Me Nyaa Mmoa Firiiɛ[sesa]

  1. https://en.wikipedia.org/wiki/Dracaena_arborea#cite_note-POWO_534104-1-1
  2. https://en.wikipedia.org/wiki/Dracaena_arborea#cite_note-GUTI-2
  3. 3.0 3.1 3.2 3.3 https://en.wikipedia.org/wiki/Dracaena_arborea#cite_note-:0-3
  4. https://en.wikipedia.org/wiki/Dracaena_arborea#cite_note-4