Dondoli Nkramosombea
- Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu
Dondoli Nkramosom bea yɛ nkramo som bea a wosii no wɔ Sudanfo adansie sɛ so a ɛwɔ akuara bi a wɔfrɛ no Dodoli wɔ Wa a ɛwɔ Atifi Atɔe mantam no mu wɔ Ghana. Wɔde mpɔtam no hɔ din na ɛtoo Nkramo som bea no[1].
Abakɔsɛm[sesa]
Wɔkyerɛ sɛ, papa bi wɔfrɛ no Karimafa a ɔyɛ otukotenani firi Mali kɔɔ Wa na osii saa nkramo som bea no. Wɔsan nso kyerɛ sɛ, na edin a eda nkramo som bea no ne Karimafa Nkramo som bea a ɛyɛ ne farebea no din[1][2]. Abakɔsɛm kyerɛ sɛ wosii saa dan no afeha a ɛtɔ so 19 no mu. Mpɔtam dodoɔ no ara a ɛwɔ Atifi Manatam wɔ Ghana no yɛ Nkramo somfo. Bɛyɛ afeha a ɛtɔ so du no mu no, nkramosom hyɛɛ ase wɔ Abibere mu. Efiri Egypt bɛseen kɔɔ Atɔe ne Atifi fa mu esiane na sika kɔkɔɔ ho dwadie akwan no nti[3].
Wɔ Ghana no, Nkramosomfo dwadifo, Mande akofo ne asɛmpa trɛwfo afoforo dii saa adwadie akwan yi akyi. Berber Dynastyfo nam osatuo ne ntohyɛso so na ɛhyehyɛ saa akwan ahor ɔ w agyirae. Eyi maa no yɛɛ mere sɛ nkramo som bɛtrɛw. Wosisii Nkramo som bea ahorow sɛnea bɛyɛ a nkramofo a wotutu akwan fa meae yi benya homebea[3].
Ne su[sesa]
Te sɛ Nkramosombea afoforo a ɛwɔ Atifi ne Kwae beberem mantam mu wɔ Ghana no, wɔde adansie nneɛma a ɛne Djenne adnsie nyehyɛi ne adansie ho nneɛma a ɛwɔ mpɔtam ho na esii ɔdan no[1].