Dioscorea dumetorum

Ɛfi Wikipedia
Dioscorea dumetorum
taxon
short nameD. dumetorum Sesa
taxon nameDioscorea dumetorum Sesa
taxon rankspecies Sesa
parent taxonDioscorea Sesa
taxon common namebitter yam, 杜氏薯蓣 Sesa
GRIN URLhttps://npgsweb.ars-grin.gov/gringlobal/taxonomydetail.aspx?id=14202 Sesa
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Dioscorea dumetorum, a wɔsan frɛ no 'bitter yam', 'trifoliate yam' anaa 'three-leaved yam'( bayirɛ a n'ahaban yɛ mmiɛnsa),[1] yɛ nhwiren afifideɛ a ɛka bayirɛ abusua a ɛde Dioscorea no ho. Afifideɛ yi aseɛ fri sub-Saharan Africa na ɛnnyɛ na mmeae a awia taa bɔ wɔ hɔ bi te sɛ Nigeria, Ghana ne Benin. [2] Dioscorea dumetorum afifideɛ gu mu ahodoɔ, yedi bi, na ebi nso yenni.

Sɛnea ɛteɛ[sesa]

Dioscorea dumetorum wɔ ahaban mmiɛnsa a ɛdɛ nsew te sɛ Indiafoɔ bayirɛ a ɛwɔ ahaban mmiɛnsa no a yɛfrɛ no Dioscorea hispida no.[1] Ahaban no mu biara wɔ nkorabata fri mmiɛnsa kosi nson. [3]

Afifideɛ yi fifi fa nnua nketewa ho na etumi yɛ tenten du mita nson( seven meters).[4] Afifideɛ yi nhama no nyin fri bayirɛ a abɔ hyɛ fam no ho afe biara.

Bayirɛ a ɛyɛ nnwono yi nhwiren ahosuo yɛ nnodowee. Nhwiren a edi dwuma sɛ mmarima no ahyehyɛ ne ho kuntann na nea edi dwuma sɛ mma no nso ahyehyɛ ne ho nfeanfeaa. N'aba no te sɛ topae a ɛwɔ afa bebree na wɔatwe mu.[3]

Bayirɛ yi ahodoɔ pii na ɛwɔ hɔ. Deɛ ɛwɔ kwaeɛ kɛseɛ mu no yɛ nea yenntumi nni esiane 'dihydrodioscorine' ne 'dioscorine' a ɛwɔ mu bebree no nti. [5] Emmom no, yɛwɔ bayirɛ yi bi a yetumi di a wodua wɔ Abibirem Atɔe fam. Yɛbɛyɛ nhwɛsoɔ a, beni wɔ saa bayirɛ yi ahodɔ dunnum(15) a yɛahunu sɛ yetumi di.[6]

Atenaeɛ[sesa]

Dioscorea dumetorum nyini wɔ mmeaɛ bi te sɛ asukɔn, kwaeɛ ano, sinammɛn mu, ne mmeae a aboɔ wɔ.[3]

Ɛtaa fifi wɔ Afrika Sahara anafoɔ fam. Wɔtaa dua Dioscorea dumetorum wɔ Bight of Biafra mantam fri Alatamanmu(Nigeria) kosi Gabon,ɛnna afei Ubangi-Shari mantam a ɛwɔ Central Africa.[1]

Dwuma a edi[sesa]

Discorea dumetorum yɛ ɛkɔm aduane wɔ Abibirem Atɔeɛ fam. [5] Mpɛn pii no, wodua bayirɛ yi sɛnea ɛbɛyɛ a sɛ ɛkɔba sɛ nnubae ahodoɔ a wɔadua no annyɛ yie a, wɔatu de asi ananmu. Nanso wɔntaa nndua esiane sɛ ɛnnkyɛ na awuduro aba mu na afei nso wotu gu hɔ a ɛnnkyɛ na ayɛ den.

Esiane sɛ bayirɛ ahodoɔ a ɛte sɛɛ no nnkyɛ na awuduro aba mu no nti eho hia sɛ wosiesie no yie ansaana wɔadi. Akwan a wotumi fa so yɛ yei no bi ne sɛ wɔde begu nsuo a ɛretene mu fri nnansa kosi nnanum anaa wɔde bɛhyɛ dɔteɛ tumtum mu.[5]

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. 1.0 1.1 1.2 https://en.wikipedia.org/wiki/Special:BookSources/9780759104655
  2. https://link.springer.com/epdf/10.1007/s10722-019-00762-0?sharing_token=GN7UTYX0Vht65kufPnFe3ve4RwlQNchNByi7wbcMAY5ADkmsPqxgnUfu7Adg_V_gMPalPOEJ2chkLBq29ag1crBroXFJZSVztOfnMgdXeku_XRHCW3-rWb4HaNZB4CIE5NqrdSmG1BzDysVnR6MkWxBbNzSYbxIBHaKZi2palpI=
  3. 3.0 3.1 3.2 https://www.jstor.org/stable/4111021
  4. https://www.europeana.eu/en/item/11614/KXHERBARIUMXK000109594
  5. 5.0 5.1 5.2 https://plants.jstor.org/stable/10.5555/al.ap.upwta.1_1379
  6. https://link.springer.com/article/10.1007/s10722-019-00739-z