Dakoa Newman

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Dakoa Newman
nnipa
bɔbeasufemale Sesa
family nameNewman Sesa
date of birth6 Ayɛwohomumɔ 1985 Sesa
beae a wɔwoo noAkropong Sesa
occupationAmanyɔni Sesa
position heldMember of the 8th Parliament of the 4th Republic of Ghana Sesa

Dakoa Newman (wɔwoo no kitawonsa bosome da a ɛtɔ so nsia wɔ afe apem ahankron ne aduowɔtwe num) yɛ Ghana amanyɔni a ɔyɛ ekuoba wɔ ɔsono amanyɔkuo"New patriotic party" mu.[1] Ɔyɛ mmarahyɛbedwanii ma Okaikwei anaafoɔ mpɛsoa.[2] Ɔyɛ babaa ma Victor Newman a ɛno nso amanyɔni.

Abrabɔ ahyɛaseɛ ne nnwomasua.[sesa]

Wɔwoo no kitawonsa bosome da a ɛtɔ nsia wɔ afe apem ahankron ne aduowɔtwe num wɔ abusua a wɔyɛ akristofoɔ na ɔfiri Akropong ne Osu wɔ ne nnidisoɔ so.[1] Ɔwiee ne ntoasoɔ sukuu wɔ"Wesley Girls Senior High School" wɔ Cape Coast ɛna ɔkura PMI wɔ "Risk management" wɔ (mfeɛ mpem mmienu ne du nson) .[1] Ɔsane nso kura amanyɔsɛm adesua nkrataa a ɔnya firii"Univ of Ghana,Legon".

Amanyɔsɛm[sesa]

Ayɛwohomummɔ bosome wɔ mfeɛ mpem mmienu ne aduonu mu no, ɔgyinaa hɔ maa ɔsono amanyɔkuo "New patriotic party" akonnwa maa Okaikwei anaafoɔ.[3] Newman maa n'asɔretiafoɔ Arthur Ahmed ne Nana Fredua a ɔwɔ mmarahyɛbedwam dii ntwo a ɔnyaa mma ahanan ne aduanan, ɛna nnipa mmienu no nso nyaa ahaasa ne aduonu nson ne aduonu nson mma wɔ ne nnidisoɔ so.[4] Ɔdii nkunim wɔ mfeɛ mpem mmienu ne aduonu ɔpɛnimaa bosome mmarahyɛbedwa abatoɔ wɔ Okaikwei anaafoɔ mpɛsoa so. Wɔdaa no adi sɛ nkunimdifoɔ a ɔnyaa mma mpem aduanan, ahaasa ne aduokron mmiɛnsa a ɛgyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛmu aduosia akyirepɔ aduowɔtwe mmienu tiaa n'asɔretiafoɔ Abaraham Kotei Neequaye a ɔwɔ kyineɛ amanyɔkuo"National Democratic Congress" mu a ɔnyaa mma mpem aduonu nsia, ne du nkron a ɛgyina hɔ ma ɔha mu nkyem aduasa nkron akyirepɔ du nwɔtwe.[5]

N'abrabɔ[sesa]

Ɔyɛ babaa ma Ghana amanyɔni Victor Newman.[6]

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ.[sesa]

  1. 1.0 1.1 1.2 "Newman, Dakoa". Ghana MPS. Retrieved 2021-04-09.
  2. "Parliamentary Results for Okaikwei South". www.ghanaweb.com. Retrieved 2020-12-19.
  3. "NPP Parliamentary Primaries: Dakoa Newman files nomination to contest in Okaikoi South". MyJoyOnline.com. 18 February 2020. Retrieved 2020-12-19.
  4. Crabbe, Nathaniel (2020-06-20). "NPP Primaries: Dakoa Newman thrashes wins seat for South Okaikoi". Yen.com.gh - Ghana news. Retrieved 2020-12-19.
  5. "NPP wins Okaikwei South parliamentary seat". BusinessGhana. Retrieved 2020-12-19.
  6. "Victor Newman: Director of research at Presidency has died". Pulse Ghana. 2020-12-10. Retrieved 2020-12-19.