Cynthia Konlan

Ɛfi Wikipedia

Cynthia Konlan Findib(a wɔwoo no Obubuo bosome da a ɛtɔ so aduonu-nkron wɔ mfeɛ mpem mmienu ne mmienu mu(29/10/2002) yɛ Ghana bɔɔlobɔni a ɔno na ɔda atena ano ma 'Saudi women's premier League' kuo a wɔfrɛ no Al-Hilal ne Ghana National team.

N'adwuma[sesa]

Konlan gyae Ghana bɔɔlobɔ wɔ berɛ a wadi mfeɛ du-nnan, na ɔkɔdɔnn Pear Pia mmaa wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nsia mu. Ɔdii ne diberɛ wɔ hɔ kɔpemm mfeɛ mpem mmienu ne aduonu mmienu.[1]

Swieqi United, 2022-23.

Wɔ September mfeɛ mpem mmienu ne aduonu mmienu (2022) mu no, Malta mmaa First Division kuo Swieqi United de wɔn nsa hyɛɛ Konlan ase. Akyire a ɔkaa Ghanafoɔ a wɔpaw wɔn maa 2022 FIFA U-20 mmaa wiase Kuropɔn a wɔyɛɛ no Costa Rica no ho.[2] Wɔ Kotonimaa 2023 mu no, ɔtrɛɛ ne kontrata a ɔne Swieqi United yɛe no mu maa mfeɛ mmienu a ɛdi hɔ no, sɛnea Assikura Women’s League kuo no sii so dua wɔ aban kwan so Fiada no. Konlan dii dwuma titire wɔ Swieqi United nkonimdie a wodii nnansa yi wɔ Assikura mmaa akansie gyinabea no mu. Wɔ berɛ no nyinaa mu no, ɔkuraa mu dendeenden na ɔtoo atena nsia pɛ. Konlan agodie a ɛyɛ nwonwa no maa ɔnyaa abodin sɛ Malta Bɔɔlbɔ Agodifoɔ Fekuo no Bɔlbɔfoɔ a Ɔsene obiara wɔ afe no mu.[3]

Al- Hilal, 2023 bɛpem nnɛ

BƆsanaa menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

en

  1. Cynthia Konlan Fiindib signs for Swieqi United FC!". 19 September 2022. Retrieved 1 January 2024.
  2. "Swieqi United women sign Ghana U-20's pair, American forward ahead". shopsofmalta.com. 19 September 2022. Retrieved 1 January 2024
  3. Ghana goalkeeper Cynthia Konlan extends Swieqi contract". timesofmalta.com. 26 May 2023. Retrieved 1 January 2024.