Comfort Yeboah

Ɛfi Wikipedia

Comfort Yeboah (wɔwoo no 17 ɔpɛnimaa 2006) yɛ Ghanani baa bɔɔlbɔfoɔ. Wɔ Ghana no, ɔbɔ ma Ampem Darkoa bɔɔlbɔ kuo sɛ full-back anaa defender.[1] Ɔbɔɔ bɔɔlo maa Ampem Darkoa Ladies wɔ CAF Women's Champions League ne Black Princesses nso wɔ WAFU B Girls Cup a wɔyɛɛ no Kumasi berɛ a edi kan no mu.[2] Wɔ afe mpem mmienu ne mmiensa (2003) mu no, wɔbɔɔ Comfort din yie sɛ afe no mu kuo a wɔdii nkonim wɔ afe mpem mmienu ne aduonu mmiensa (2023) CAF Mmaa Champions League a wɔyɛɛ no Cote D'Ivoire no fa.

Abasobɔdeɛ ahodoɔ[sesa]

Wɔ afe mpem mmienu ne aduonu mmiensa (2023) mu no, Comfort Yeboah a ɔbɔ ma Black Queens (National team) ne Ampem Darkoa (Club side) sɛ full-back, tumi yɛɛ list a ɛfa nnipa 3 a wɔtwa toɔ a wɔrehwehwɛ CAF mmaa bɔɔlobɔfoɔ a wɔsusua yie no (Young Player of the Year) abasobɔdeɛ no ho.[3]

Saa din a wɔde too dwa yi bae esiane ne mmɔdenmmɔ a ɔbɔɔ no wɔ CAF Women’s Champions League agodie a ɛyɛ nwonwa a ɔne Ampem Darkoa dii no nti. ɔtumi nyaa nsɛntitire bi maa Ampem Darkoa; no maa bɔɔlbɔ kuo denam botae ahodoɔ bi a ɛho hia a ɔbɔe a ɛboaa maa wɔpiaa ne kuo no kɔɔ akansie no fa a etwa toɔ no mu, wɔ fa a etwa toɔ no fa no, ɔtumi too ntena mmienu maa ne bɔɔlobɔkuo no.[3]

Kasa ahodoɔ a wɔka[sesa]

Ghana bɔɔlbɔfoɔ yi; Comfort Yeboah ka Borɔfo kasa a mfomsoɔ biara nni ho na ɔka ne kurom kasa nso.[4] Ɔyɛ Akanni a ɔka ne kurom kasa a ɛyɛ Akan Kasa no nkorabata a yɛfrɛ no sɛ Asante Twi. Wɔ ne amanaman ntam nkitahodie a ɔne CAF TV diiɛ no no mu baako mu wɔ berɛ a ɔdaa nsoromma mu mmɔdenmmɔ soronko wɔ agokansie a ɔdaa no adi wɔ wɔn CAF Women’s Champions League ɔsatuo a wɔne Ampem Darkoa Ladies diiɛ a ɛmaa ɔnyaa abodin sɛ Woman of the Match, a ɛde nsɛm a wɔaka ho asɛm a wɔbisabisaa CAF TV no baeɛ no, wɔhunuu no a ɔde ahotosoɔ ka Akan kasa nkorabata Twi wɔ nsɛm a wobisabisaa amanaman ntam nsɛm ho amanneɛbɔfoɔ wɔ agorɔdie no akyi.[4]

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. Ghana - C. Yeboah - Profile with news, career statistics and history - Soccerway, retrieved 2024-03-08
  2. Ghana Football Association, Comfort Yeboah makes shortlist for CAF Women’s Young player of the year (in English), retrieved 2024-03-08
  3. 3.0 3.1 Comfort Yeboah makes final three for CAF Women’s Young Player of the Year Award (in American English), 2023-12-07, retrieved 2024-03-08
  4. 4.0 4.1 Magdalene Larnyoh (2023-11-07), "Proud GH moment": Female footballer speaks Twi in international interview (in English), retrieved 2024-03-08