Cola nitida

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Cola nitida
taxon
subclass ofuseful plant Sesa
has usepsychoactive drug Sesa
short nameC. nitida Sesa
taxon nameCola nitida Sesa
taxon rankspecies Sesa
parent taxonCola Sesa
taxon common nameghanja kola, Kola ağacı, 光亮可乐果, 白可拉, 白可乐果 Sesa
basionymSterculia nitida Sesa
IUCN conservation statusLeast Concern Sesa
maintained by WikiProjectWikiProject Invasion Biology Sesa
taxon rangeBrazil Sesa
GRIN URLhttps://npgsweb.ars-grin.gov/gringlobal/taxonomydetail.aspx?id=101986 Sesa

Cola nitida yɛ dua bi a ɛka Malvaceae abusuakuo no ho. Ɛyɛ dua bi a ɛfiri Abibrem Atɔeɛ pɔ mu. Edin a dodoɔ no ara nim no bi ne kola nut? Cola, kola, ne bitter cola.[1]Saa mma yi wɔ caffeine na wɔwe a ɛma apoomuden . Afei, wɔde di dwuma wɔ nsa dɔkɔdɔkɔ yɛ mu. Wɔsan de n'aba no nso di dwuma pii wɔ nneɛma a ɛfa amamerɛ ne amanneɛ ho yɛ mu. Ne timba dua no nso di dwuma bebree.

Cola nitida flowers

Ne bɔberɛ[sesa]

Cola nitida yɛ evergreen dua a ne nyini mu no, ne tenten tumi yɛ mita du mmienu anaa aduonu. Ne sin anim no nso tumi yɛ  mita baako ne fa , na nnua binom nso tumi fam ne ho nyini. Ne hono no mu yɛ duru a nneɛma bebree wɔ mu. N'ahosuo te sɛ nsono anaa nsono a ani abiri. Sɛ ne hono no prɔ a, wohunu adeɛ kɔkɔɔ bi wɔ dua no ho. N'ahaban no tetare nnua nketewa ho na ɛdanedane a ɛte sɛ oblong, glabrous, leather  a akwan deda mu.  Ne nhwiren no wowɔ nkyekyemu num. Wɔnyini te sɛ abrɔbɛ firi soro, na wɔnni pɛɛtaa( petal) biara. Nhwiren no mu fa a wɔyɛ mmarima no wɔ ɛkwan bi da wɔn mu a ayi wɔn ho sɛ bonsua mu kwan. Wɔn mu tenten no bɛyɛ  2 cm (0.8 in). Nhwiren no mu mmaa no nso soso a wɔn kɛseɛ no bɛyɛ 5 cm (2.0 in) diameter mu. Wɔwɔ pɛɛtaa( petals) num. Nhwiren no fa a ɛfemfam dua no ho no ahosuo yɛ akokɔradeɛ. Ne mu no nyini bɛyɛ aduaba motoo bi a ne bɔbrɛ te sɛ nsroma.  Saa aduaba yi wɔ abono num (5 pods) are wɔfrɛ wɔn  (follicles) a wɔn tenten no bɛyɛ   13 cm (5.1 in)  wɔn kɛseɛ nso bɛyɛ  7 cm (sɛ ɛbere a abono no mu paapae na ɛyi mma pue a wɔwɔ aduradeɛ mfitaamfitaa a biribi a n'ahosuo no reyɛ ayɛ sɛ kɔkɔɔ nso ka ho. Aba no ani (cotyledon) no yɛ kama berɛ a wɔnyɛɛ no whee, nanso wɔrenyini no, na wɔretu hwane.[2]

Cultivated trees in Malaysia

Baabi a wɔdua no[sesa]

Cola nitida firi Sierra Leone, Liberia, Ivory Coast, Ghana ne Nigeria. Ɛnyini wɔ fam nanso, ɛtumi foro soro a ne tenten tumi yɛ mita ahasa wɔ beaeɛ a asase no yɛ na nsuo nso tɔ wɔ ne berɛ mu. Wɔdua wɔ Afika  tropical  fa baabi nso ne beaeɛ bi te sɛ  India, Jamaica, Brazil, ne Hawaii.[3] ɛtumi nyini wɔ baabi a yɛsusu sɛdeɛ nsuo tɔ no a, ɛbɛyɛ 1,200 millimetres (47 in). Ɛtumi sene sei wɔ beaeɛ a ɛhɔ nsuo tɔ no boro 1,700 millimetres (67 in),  na ɛtɔ bɛyɛ sɛ abosome, nnawɔtwe ne ne mmoroeɛ. Ne wiem nsakraeɛ no yɛ ɛfiri  23 kɔsi  28 °C (73 to 82 °F) na ɛnyini wɔ asase ɛmu yɛ ha nd deɛ ɛmu yɛ duru nyinaa so. Sɛ ɛum dɔ nko are dea..

Dwumadie[sesa]

Caffeine, theobromine ne tannin wɔ aba no mu. Ɛne  Cola acuminata ɛno nso firi Abibrem Atɔeɛ aman bi so no di nsɛ. Wɔdua nnua no yɛ ho adwuma tɔn wɔ tropical beaeɛ a ɛwɔ wiase afa anan nyinaa. Ɛwɔ Abibrem no wɔdua dua no tɔn ho nneɛma. Sɛ ebi a, n'aba.  Wɔsan nso deyɛ cola anomdeɛ pii. [4]Deɛ wɔde ka anomdeɛ yi ho bio nso ne Other ngo hwam, caramel, sweeteners, phosphoric or citric acid, ne carbon dioxide na ama no ayɛ hwam.[5]

Sɛ wɔwe aba mo a ɛma ahoɔden. Wɔka nso sɛ ɛte brɛ so afei ɛmma ɛkɔm nne obi ntɛmntɛm. Ɛboa adwenem dwumadie na ɛma wotumi da. Wɔde dua no fa baabi nso yɛ ammanneɛ bi te sɛ awaregyeɛ,  abadintoɔ, ahensie, ayiyɔ ne afɔrebɔ. Wɔde dua no ahaban, ne mman,  n'abena, nhwiren ne ne n'aba no nso  tumi yɛ nnuro. Cola nitida ne  Theobroma cacao sɛ pa ara. Kookoo  dua ne n'aba no  fi chocolate yɛ mu akotene pa ara. Na ɛtumi nane ntɛmntɛm.[6]

Wɔtumi de n'aba no te nsuo ho. Wɔde ne timba dua no nso di dwuma wɔ adansie mu, hyɛma yɛ mu, nkondwa yɛ mu ne deɛ ekeka ho.  Wɔtumi nso de sɔ gya. Wɔde n'abono no nso boa ma mfudeɛ nyini kama. Wɔtumi de yɛ samena  na ɛtumi fa ntakrammoa aduane mu ɔha nkyekyɛmu aduosia  (60%poultry feed)[7]

Baabi a menyaa mmoa friiɛ[sesa]

  1. Cola nitida (Vent.) Schott & Endl. | Plants of the World Online | Kew Science (in English), retrieved 2024-03-04
  2. Cola | Tropical Trees, Evergreen Shrubs & African Species | Britannica (in English), retrieved 2024-03-04
  3. Karen Lisa Knee (2010), Inputs of Nutrients and Pollutants to Hawaiian Coastal Waters from Submarine Groundwater Discharge (in English), Stanford University, retrieved 2024-03-04
  4. Cola | Tropical Trees, Evergreen Shrubs & African Species | Britannica (in English), retrieved 2024-03-04
  5. Lim T. K (2012-02-09), Edible Medicinal And Non Medicinal Plants: Volume 3, Fruits (in English), Springer Science & Business Media, ISBN 978-94-007-2534-8, retrieved 2024-03-04
  6. Lim T. K (2012-02-09), Edible Medicinal And Non Medicinal Plants: Volume 3, Fruits (in English), Springer Science & Business Media, ISBN 978-94-007-2534-8, retrieved 2024-03-04
  7. Lim T. K (2012-02-09), Edible Medicinal And Non Medicinal Plants: Volume 3, Fruits (in English), Springer Science & Business Media, ISBN 978-94-007-2534-8, retrieved 2024-03-04