Ceiba pentandra

Ɛfi Wikipedia

Ceiba pentandra yɛ dua a ɛwɔ ɔhyew mu a ɛwɔ nhyehyɛe Malvales ne abusua Malvaceae (kan no na ɛwɔ abusua Bombacaceae mu), a ɛwɔ Mexico, Amerika Mfinimfini ne Caribbean, Amerika Kesee Fam atifi fam, ne (sɛ nea ɛyɛ C. pentandra var guineensis) Afrika Atɔɛ fam . Wɔde nea ɛyɛ ketewaa bi aba Asia Kesee Fam ne Kesee Fam Apueɛ, baabi a wodua no.

Dua no su a ɛte sɛ asaawa a wonya fi n’aba nhini mu no, wɔtaa frɛ no Borɔfo kasa mu sɛ kapok, edin a wonya firii Malay kasa mu a mfitiaseɛ no na ɛfa Bombax ceiba, a ɛyɛ Asia a ɛhɔ yɛ hyeɛ no kuromni ho.[1] Wɔ aman a wɔka Spanish kasa mu no, wɔtaa frɛ dua no "ceiba" na wɔ aman a wɔka French kasa mu no sɛ fromager. Wɔdua dua no esiane ne aba nhama a ɛte sɛ asaawa nti, titire wɔ Asia kesee fam apueɛ, na wɔ sane frɛ no Java asaawa, Java kapok, sirikyi-asaawa anaa samauma.

Esu[sesa]

Dua no tenten nyini bɛyɛ anammɔn ahanu aduanan(240) (mita aduɔson mmiɛnsa(73)) sɛnea wɔsi so dua denam foro ne teyp a ɛtɔ[2] a amanneɛbɔ ahoroɔ a ɛfa Kapokfoɔ tenten koduru mita aduɔson nson(77) (anammɔn ahanu aduonum mmienu(252)) ho.[3] Saa nnua akɛseɛ paa yi wɔ Neotropics anaa Afrika a ɛhɔ yɛ hyeɛ. Asia Kusuu Fam Apuei C. pentandra no du anammɔn aduɔkono(90) (mita aduonu nson(27)) pɛ.[4] Mpɛn pii no, nhini no kɛseɛ bɛtumi ayɛ mita mmiɛnsa(3) (anammɔn du(10)) wɔ nhini a ɛtrɛ a ɛwɔ akyire no atifi. Nanso, ankorankorɛ a wɔso paa no mu duru bɛtumi ayɛ mita num ne akyire nwɔtwe(5.8) (anammɔn du nkono(19)) anaa nea ɛboro saa wɔ akyigyina no atifi.[5][6][7][8]

Wobɛtumi ahu nhini a ɛwɔ akyire no pefee wɔ mfonini ahoroɔ a ɛtrɛ kɔ soro mita du mmienu(12) kosi dunum(15) (anammɔn aduannan(40) kosi aduonum(50)) kɔ soro wɔ nhwɛsodeɛ ahoroɔ bi dua no so[9] na ɛtrɛ firi dua no mu koduru mita adonu(20) (anammɔn aduosia nnum65) na afei ɛkɔ so wɔ fam kɔ ne nyinaa tenten yɛ mita aduonum(50) (anammɔn ɔha aduosia num165)[10][11].

Mpɛn pii no, nsɔɛ akɛseɛ a ɛnyɛ den na ɛhyɛ dua no ne nkorabata akɛseɛ no pii mu ma. Saa nkorabata akɛseɛ yi a mpɛn pii no ne dodoɔ yɛ nnan(4) kosi nsia(6) no bɛtumi ayɛ mita baako ne akyire nwɔtwe(1.8) (anammɔn nsia(6))[12][13] na ɛyɛ nhaban abotire a ne tɛtrɛtɛ bɛyɛ mita aduosia baako(61) (anammɔn ahanu ne baako(201)).[14] Nnua nhaban no yɛ nhaban nnum(5) kosi nkono(9), na emu biara tenten bɛyɛ sɛntimita aduonu(20) (nsateakwaa nwɔtwe(8)).

Nnua no ma nnua ɔhahan pii a ne kɛseɛ yɛ sɛntimita du nnum(15) (nsateakwaa nsia(6)) a aba a ɛwɔ nhama a ɛyɛ fĩ a ɛyɛ kɔkɔɔ a ɛyɛ lignin ne cellulose a wɔde afra atwa ho ahyia.

Amannebɔ ahoroɔ a wɔatwe adwene asi so no ma ɛda adi pefee sɛ C. pentandra ka nnua akɛseɛ a ɛwɔ wiase no ho.

Ne dwumadie[sesa]

Wɔdua dua a wɔde di dwa no kɛseɛ wɔ Asia kwaeɛ a osuo tɔ na awia bɔ kɛseɛ wo mu, titire wɔ Java (enti ɛyɛ ne din a wɔtaa frɛ no no mu baako), Philippines, Malaysia, ne Hainan Supɔ a ɛwɔ China, ne Amerika Kesee Fam nso.

Nwansena ne wɔn a wɔde nhwiren a ɛfefɛ anadwo no nya nsu mu nsu titire.

Mmusuakuo a wɔyɛ kuro mmafoɔ a wɔwɔ Amazon Asubɔnten no ho no twa nhama no de kyekyere wɔn atuo a wɔde bɔ agyan no ho. Nhama no yɛ nsɔano bi a ɛma nhyɛso no hyɛ agyan no ma ɛfa afidie no mu.

Fiber no mu yɛ hare, ɛyɛ den yie, ɛtumi gyina ano, ɛtumi gyina nsuo ano, nanso ɛtumi hye paa. Adeɛ a wɔde twa nhama no na wɔtete mu no gye adwumaden na ɛyɛ nea ɛba fam. Ɛyɛ den sɛ wɔbɛkyinkyim no, nanso wɔde di dwuma sɛ ɔkwan foforɔ a wɔfa so si fam sɛ wɔde hyɛ mattress, pillows, upholsters, zafus, ne agodeɛ a wɔde nneɛma ahyɛ mu te sɛ teddy bears mu, ne nea wɔde yɛ anyinama ntumi mfa mu. Kane no na wɔde di dwuma kɛseɛ wɔ nkwagyeɛ ntadeɛ ne mfidie a ɛtete saa mu - kosii sɛ nneɛma a wɔde ayɛ nneɛma bɛsii nhama no ananmu kɛseɛ. Aba no ma wonya ngo bi a wɔde di dwuma wɔ mpɔtam hɔ wɔ samina mu na wobɛtumi de ayɛ aduannuru nso.

Amanneɛ kwan so nnuro a wɔde di dwuma[sesa]

Wɔde Ceiba pentandra nnua a wɔayam no yɛ aduro a ɛma obi ho yɛ hyeɛ, sɛ aduru a ɛma obi nya nna ho akɔnnɔ, na wɔde asa tipaeɛ, ne asikyire yadeɛ a ɛto so mmienu nso. Wɔde di dwuma sɛ ade a wɔde ka ho wɔ psychedelic anonneɛ Ayahuasca no nkyerɛaseɛ ahoroɔ bi mu.[citation needed]

Aba mu ngo[sesa]

Wobɛtumi amia ngo bi afiri aba no mu. Ngo no wɔ akokɔ seradeɛ su a ɛyɛ hwam na ɛyɛ dɛ, ɛyɛ mmerɛ,[15] ɛte sɛ asaawa mu ngo. Ɛbɛyɛ nea ɛyɛ nwunu ntɛmntɛm bere a ɛda mframa mu no. Wɔyɛ kapok ngo wɔ India, Indonesia ne Malaysia. Ɛwɔ iodine bo a ɛyɛ aduonwɔtwe nnum kosi ɔha(85–100); eyi ma ɛyɛ ngo a ɛnyoɔ, a ɛkyerɛ sɛ sɛ ɛba mframa mu a, ɛnyo kɛse.[15] Ngo no wɔ tumi bi sɛ biofuel ne paint ahosiesie mu.

Nyamesom ne anansesɛm[sesa]

Dua no yɛ sɛnkyerɛnne kronkron wɔ Mayafoɔ anansesɛm mu.[16]

Ɛyɛ dua kronkron a ɛwɔ Palo, Arará ne Santería.[17][18]

Sɛnea Trinidad ne Tobagofoɔ anansesɛm kyerɛ no, Ɔbonsam Abankɛseɛ no yɛ C. pentandra kɛseɛ bi a ɛnyini wɔ kwaɛ a duadwumfoɔ bi de Bazil owuo honhommɔne no too afiase no mu tɔnn. Duadwumfoɔ no daadaa ɔbonsam ma ɔwuraa dua a ɔsensenee adan nson wɔ mu no mu a baako wɔ baako so, guu dua no mu. Amannebɔ kyerɛ sɛ Bazil da so ara te saa dua no mu.[19]

Wɔde C. pentandra nnua na ɛyɛ akatasoɔ dodoɔ no ara a ɛfiri Burkina Faso, titire Bobo ne Mossifoɔ deɛ.[20]

Nsɛnkyerɛnedeɛ[sesa]

Ceiba pentandra yɛ ɔman agyinahyɛdeɛ a ɛwɔ Guatemala,[16] Puerto Rico,[21] ne Equatorial Guinea. Ɛda adi wɔ Equatorial Guinea ahyɛnsodeɛ ne frankaa so.[22]

Na Asaawa Dua no yɛ ade titire wɔ Freetown kuro no mfinimfini, Sierra Leone, na wobu no sɛ ɛyɛ ahofadie ho nsɛnkyerɛnneɛ ma kan nkoa a wotu kɔɔ hɔ no. Dua a ne tenten yɛ mita aduɔson(70) no paee wɔ baabi a ɛbɛn fam no, na ɛhwee ase wɔ ahum mu wɔ Kotonimma bosome da ɛtɔ so aduonu nnan afe mpem mmienu ne aduonu mmiɛnsa(24 May 2023).[23]

Saigon, edin dada bi a wɔde frɛ Ho Chi Minh Kuropɔn no mu baako, bɛtumi afiri Sài (Sino-Vietnamese "palisade" ne nea ɛkeka ho) ne Vietnamfoɔ din a wɔde frɛ Kapok dua (bông) gòn, ɛwom sɛ, wɔ saa asɛm yi mu no, dua a wɔabɔ wɔn tirim sɛ wɔbɛto din no bɛtumi ayɛ, ɛnyɛ Wiase Foforɔ Ceiba pentandra, na mmom Wiase Dadaa Bombax ceiba.

Bɛɛbi a Me Nyaa Mmoa firiiɛ[sesa]

  1. https://en.wikipedia.org/wiki/Ceiba_pentandra#cite_note-3
  2. https://en.wikipedia.org/wiki/Ceiba_pentandra#cite_note-4
  3. https://en.wikipedia.org/wiki/Ceiba_pentandra#cite_note-5
  4. https://en.wikipedia.org/wiki/Ceiba_pentandra#cite_note-6
  5. https://en.wikipedia.org/wiki/Ceiba_pentandra#cite_note-7
  6. https://en.wikipedia.org/wiki/Ceiba_pentandra#cite_note-8
  7. https://en.wikipedia.org/wiki/Ceiba_pentandra#cite_note-9
  8. https://en.wikipedia.org/wiki/Ceiba_pentandra#cite_note-10
  9. https://en.wikipedia.org/wiki/Ceiba_pentandra#cite_note-11
  10. https://en.wikipedia.org/wiki/Ceiba_pentandra#cite_note-12
  11. https://en.wikipedia.org/wiki/Ceiba_pentandra#cite_note-13
  12. https://en.wikipedia.org/wiki/Ceiba_pentandra#cite_note-14
  13. https://en.wikipedia.org/wiki/Ceiba_pentandra#cite_note-15
  14. https://en.wikipedia.org/wiki/Ceiba_pentandra#cite_note-16
  15. 15.0 15.1 https://en.wikipedia.org/wiki/Ceiba_pentandra#cite_note-Kapok-17
  16. 16.0 16.1 https://en.wikipedia.org/wiki/Ceiba_pentandra#cite_note-Hellmuth-18
  17. https://en.wikipedia.org/wiki/Ceiba_pentandra#cite_note-19
  18. https://en.wikipedia.org/wiki/Ceiba_pentandra#cite_note-20
  19. https://en.wikipedia.org/wiki/Ceiba_pentandra#cite_note-21
  20. https://en.wikipedia.org/wiki/Ceiba_pentandra#cite_note-22
  21. https://en.wikipedia.org/wiki/Ceiba_pentandra#cite_note-23
  22. https://en.wikipedia.org/wiki/Ceiba_pentandra#cite_note-24
  23. https://en.wikipedia.org/wiki/Ceiba_pentandra#cite_note-Guardian-25