Bombax buonopozense

Ɛfi Wikipedia
Bombax buonopozense
taxon
short nameB. buonopozense Sesa
taxon nameBombax buonopozense Sesa
taxon rankspecies Sesa
parent taxonBombax Sesa
taxon common nameGold Coast bombax, Red-flowered silk cotton tree Sesa
IUCN conservation statusLeast Concern Sesa
GRIN URLhttps://npgsweb.ars-grin.gov/gringlobal/taxonomydetail.aspx?id=7403 Sesa
Bombax buonopozense MUN

Bombax buonopozense a wɔtaa frɛ no Gold Coast bombax anaasɛ sirikyi nhwiren kɔkɔɔ kotokuo dua a ɛwɔ mallow abusua mu. Wɔsane frɛ no wɔ Dagbani kasa mu sɛ Vabga (dodoɔ kabea Vabsi).

Ɛfiri Afrika Atɔeɛ fam a baabi a wɔhunu no wɔ kwaeɛ a nsuo tɔ kɛseɛ wom mu wɔ Sierra Leone wɔ atifi atɔeɛ fam, apueeɛ de kɔsi Uganda ne anafoɔ fam de kɔsi Angola,[1] mpɛn pii no ɛwɔ pampaso a ɛkorɔn mita ahankron (900) de kɔsi apem ne aha-mmienu (1200). Dua kɛseɛ a ɛtaa kɔ soro mita aduonnan (40) a ɛbɛyɛ (anammɔn 130) a nhini a ɛbɔ ho ban no kɛseɛ bɛyɛ mita nsia (6) a ɛbɛyɛ (anammɔn 20). Nnua nkumaa no nhini yɛ ahaban na nhwiren akɛseɛ a emu dɔ a ɛyɛ kɔkɔɔ pue berɛ a dua no nni ahaban.

Wɔde afifideɛ no afa hodoɔ di dwuma de yɛ nnuru, sɛ aduane, sɛ ntadeɛ mu nhoma, sɛ adansie ho nnoɔma, ne sɛ wɔde hyɛ kɔla. Mmoa te sɛ water chevrotain na ɛdi nnuaba no.[2]

Nkyerɛmu[sesa]

Bombax buonopozense yɛ akwampaefoɔ dua kɛseɛ bi a ɛwɔ mmeaeɛ a nsuo tɔ na owia bɔ kɛseɛ mu a ne tenten yɛ mita aduanan (40) a ɛbɛyɛ (anammɔn 130) a ɛwɔ nhini akɛseɛ a ɛyɛ den a ɛtumi trɛ mita nsia (6) a ɛbɛyɛ (anammɔn 20). Nhini akɛseɛ a ɛte sɛ kɔntɔnkrɔn na ɛkata dua no ho, ne titire berɛ a asua, nanso berɛ a anyini no, ɛhwie gu kɔduru baabi. Wɔahyehyɛ mman no wɔ nkorabata mu. Ahaban no yɛ dea wɔabom ayɛ na ɛwɔ nhaban num (5) de kɔsi nkron (9) ne ntini a ɛto so mmienu dunum (15) de kɔsi aduonum (25). Wɔde si nnua atenten a ɛtaa yɛ sɛntimita aduonu mmienu (22) de kɔsi du nnan (14) so wɔ ne trɛtrɛ mu. Ahaban mmaako mmaako wɔwɔ n’afa nyinaa na ɛsan nso yɛ akɛseɛ yie, na ne tenten firi sɛntimita nnwɔtwe (8) de kɔsi aduonu mmiɛnsa (23) na ne tɛtrɛtɛ yɛ sɛntimita mmiɛnsa (3) de kɔsi nson ne fa (7.5). Ahaban no akyi bɛtumi ayɛ deɛ ɛyɛ torɔtorɔm (ɛnni nwi) anaasɛ deɛ afu (deɛ ɔwɔ nwi a ɛyɛ fɛ yie). Nhwiren no yɛ kurukuruwa tenten.[3]

Nhwiren a wohunu no pue berɛ a dua no nni ahaban na ɛgyina ankonam anaasɛ wɔahyehyɛ no wɔ nhwiren nketewa apue mu. Nnua a wɔatwa no so, kyerɛ sɛ nkorabata a ɛyɛ kurukuruwa no tenten yɛ sɛntimita baako (1) de kɔsi baako ne fa (1.6) na ɛte sɛ kaapo, anaasɛ ɛte sɛ kuruwa. Ɛsan nso pori n'ahaban gu afe biara, a ɛkyerɛ sɛ ɛnkɔ so ntena aduaba no so. Nhwiren no kɔla yɛ pinki anaa kɔkɔɔ paa ara na ne tenten yɛ sɛntimita nnum ne fa (5.5) de kɔsi nkron ne fa (9.5) na ne tɛtrɛtɛ yɛ sɛntimita Mmienu ne fa (2.5) de kɔsi mmiɛnsa akyiri pɔ nson (3.7)s. Wɔahyehyɛ stamen ahodoɔ pii no ayɛ no akuokuo a ɛwɔ nkorabata mmienu. Adeɛ a ɛyɛ anigyeɛ wɔ nhwiren yi ho ne sɛ nsuo hyɛ mu ma, na ɛyɛ fie ma nsuo mu abɔdeɛ.[4] Nnuaba no yɛ atenten na ɛso yie, ne tenten yɛ sɛntimita nwɔtwe (8) de kɔsi du-nwɔtwe (18) na ne kɛseɛ yɛ sɛntimita mmiɛnsa ne fa (3.5) de kɔsi nsia (6). Nwi nni ho, ɛyɛ ma anaasɛ ɛyɛ ahinanan, na wɔyɛ loculicidal, a ɛkyerɛ sɛ wobue wɔn ho wɔn ho berɛ a wɔanyinyin wɔ adaka no ho wɔ locule no afa hodoɔ no ntam. Aba pii a ne tenten yɛ mm 5 kɔsi 6 na ɛwɔ mu, na ne nyinaa wɔ nhoma a wɔde kata so, a ɛne asaawa a ɛte sɛ kotokuo a wɔde kata so.[3]

Nkyekyɛmu nketewa ahodoɔ[sesa]

Nkyekyɛmu nketewa ahodoɔ a wɔagye atom:[1]

  • Bombax buonopozense subsp. buonopozense (nsɛmfua a ɛne ne ho di nsɛ Bombax angulicarpum Ulbr., Bombax buesgenii Ulbr., Bombax buonopozense var. cristata A.Chev., Bombax flammeum Ulbr., Gossampinus angulicarpa (Ulbr.) Bakh., Gossampinus buesgenii (Ulbr.) Bakh., and Gossampinus flammea (Ulbr.) Bakh.) – Sierra Leone de kɔsi Uganda ne Angola
  • Bombax buonopozense subsp. reflexum (Sprague) A.Robyns (nsɛmfua a ɛne ne ho di nsɛ Bombax buonopozense var. velutinum Robyns, Bombax reflexum Sprague, ne Gossampinus reflexa (Sprague) Bakh.) – Cameroon ne Central African Republic de kɔsi Angola

Deɛ wɔde yɛ[sesa]

Konkombani baa bi ɔtɔn Bombax buonopozense wɔ Gbintiri, Ghana.

Wɔde afifideɛ no afa hodoɔ pii di dwuma de yɛ nnuru ne tete nneyɛeɛ ahodoɔ. Wɔ Ghana, baabi a ɛfiri no, nhaban no abu so sɛ afieboa aduane. Wɔhye nnua no ahono ma ɛyɛ wusi bi a wɔgye di sɛ ɛpam ahonhommɔne a wɔfrɛ wɔn aliziniDagbani. Wɔhyew nkasɛe pii a ɛwɔ dua no ho no de yɛ bedie na fra sradeɛ de sa ahohono. Wɔde aman a wɔnya firi dua no mu yɛ aduhuam.[5]

Nnua no mu yɛ hare koraa, na ɛma wɔde di dwuma wɔ nhyɛmma ne nnwinnadeɛ afoforɔ mu. Wobɛtumi de tannins a ɛwɔ dua no mu ayɛ adurubire bi, berq a wɔboaboa nhoma a ɛte sɛ asaawa a ɛkata aba no so no ano na wɔde si asaawa ananmu. Nanso, wontumi ntwan ho, enti deɛ wɔde di dwuma no yɛ adeɛ a wɔde hyehyɛ nkonwa ne ntadeɛ mu. Wɔde nhwiren ne nnuaba nketewa no nyinaa di dwuma wɔ aduane mu. [3]Mmusuakuo ahodoɔ a ɛwɔ Ghana atifi fam te sɛ Mamprusi ne Konkombafoɔ no ma nhwiren no wo na wɔyam na wɔde yɛ nkwan (sɛ wɔde toto Sahelian kapok dua a nhwiren kɔkɔɔ wom, Bombax costatum no mu nhwiren a wɔde di dwuma ho).

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. 1.0 1.1 "Plants of the World Online", Wikipedia (in English), 2023-11-28, retrieved 2024-03-01
  2. G. Dubost (1984-05-31), "Comparison of the Diets of Frugivorous Forest Ruminants of Gabon", Journal of Mammalogy (in English), vol. 65, no. 2, pp. 298–316, doi:10.2307/1381169, ISSN 1545-1542, retrieved 2024-03-01
  3. 3.0 3.1 3.2 Henk Beentje, Sarah Smith (2001), "FTEA and after", Systematics and Geography of Plants, vol. 71, no. 2, p. 265, doi:10.2307/3668673, retrieved 2024-03-05
  4. N. W. Simmonds (1988-10), "Tropical Forest and its Environment. By Longman K. A. and Jenik J.. Harlow: Longman (1987), pp. 347, $17.95.", Experimental Agriculture, vol. 24, no. 4, pp. 493–493, doi:10.1017/s0014479700100328, ISSN 0014-4797, retrieved 2024-03-05 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)
  5. C. ISSEVER (2007-01), CONSTRAINTS ON PDF UNCERTAINTIES FROM CDF, WORLD SCIENTIFIC, doi:10.1142/9789812706706_0036, retrieved 2024-03-05 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)