Blighia welwitschii

Ɛfi Wikipedia
Blighia welwitschii
taxon
short nameB. welwitschii Sesa
taxon nameBlighia welwitschii Sesa
taxon rankspecies Sesa
parent taxonBlighia Sesa
IUCN conservation statusLeast Concern Sesa
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Blighia welwitschii, a yɛsane nso frɛ no akee apple, axon opus, anaa wild ackee, yɛ dua a ɛnyini wɔ Afrika ɛfiri Guinea Apueɛ fam kosi Kenya, Angola Anaafoɔ fam ne KwaZulu-Natal[1] mu. Ɛka Sapindaceae nnua abusua a lychee ne rambutan ka ho no. Ɔsane nso ka Magnoliopsida, Sapindales, ne Blighia nnua kuo no ho. Saa kuo yi, wɔde Captain William Bligh (kan no na ɔwɔ HMS Bounty) din na ɛto so ɛfiri sɛ ɔno na ɔde bi baa Nglesi (England) mu.

Saa dua yi tumi nyini yɛ tenten bɛyɛ mita 40 na ɛtumi kɔ ara kɔpem mita 50[2] na ne nkɔn mu mu dɔ pa ara. Na n'ahaban mu baeɛ terɛ ankasa na wɔ ahaban biara so no, ahaban nkyɛmu nnan kɔsi nnwɔtwe. Ne nhwiren yɛ nketewa a ne kɔla yɛ ahabanmono a yɛde akokɔsradeɛ afra ahyehyɛ. Dua no aduaba ne fa bi na yɛtumi di. N'aduaba no ahosuo yɛ kɔkɔɔ ne akokɔsradeɛ a ɛdi afra. Aduaba biara tenten bɛyɛ sentimita 4 kɔsi 8 (2–3 in)[3] a ne kɔla yɛ kɔkɔɔ a yɛde akokɔsradeɛ afra. Na aba a ɛwɔ mu no, nkataho a ne kɔla yɛ akokɔsaradeɛ. Saa nkataho yi, yɛdi ma no yɛ yie na wctaa de yɛ aduane wɔ Afrika Atɔeɛ mantam no mu pa ara. Dua yi aduaba ne ɛho no deɛ, wodi a ɛbɛtumi ama wɔayare na adi wo awu mpo.

Wɔtumi de saa dua yi sa yareɛ ahodoɔ bi te sɛ ɛwa, berɛboɔ yareɛ ne yafunu yareɛ nso.

Dua yi ahodoɔ a ɛwɔ hɔ[sesa]

Dua yi gu ahodoɔ mmiensa. Ɛno ne

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. Blighia K.D.Koenig. Plants of the World Online.
  2. https://tropical.theferns.info/viewtropical.php?id=Blighia+welwitschii
  3. https://www.plantsnap.com/plant-encyclopedia/Angiosperms/Sapindaceae/blighia-welwitschii/